Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Adiyisɛm 2:25 - New Revised Asante Twi Bible

25 Nanso deɛ mowɔ no, monsɔ mu den nkɔsi sɛ mɛba.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

25 Nanso deɛ mowɔ no, monsɔ mu den nkɔsi sɛ mɛba.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

25 Na munso nea mowɔ no mu dennen nkosi sɛ mɛba.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

25 Na monsɔ deɛ mowɔ no mu denden kɔsi sɛ mɛba.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

25 Nanso nea mowɔ no, munso mu dennen nkosi sɛ mɛba.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Adiyisɛm 2:25
16 Iomraidhean Croise  

Na sɛ mekɔ na mekɔsiesie baabi mema mo a, mɛba bio, na mabɛfa mo makɔ me ara me nkyɛn, na deɛ mewɔ no, mo nso moaba hɔ.


Na wɔn mu baako a ne din de Agabo sɔree nam Honhom so kyerɛɛ sɛ ɛkɔm kɛseɛ rebɛba asase nyinaa so; ɛno na ɛbaa mu Klaudio berɛ soɔ no.


Mommma nyaatwom mmfra ɔdɔ mu! Monkyiri bɔne, mommata papa ho!


Na da biara a mobɛdi paanoo yi na mobɛnom kuruwa yi ano no, mopae Awurade wuo no mu ka kɔsi sɛ ɔbɛba.


Enti mommpere ho mmmu biribiara ho atɛn kɔsi sɛ ɛberɛ no bɛduru ansa na Awurade bɛba; ɔno na ɔde deɛ ahunta sum mu bɛba hann mu, na wayi akoma mu agyina adi; ɛno ansa na Onyankopɔn de obiara ayeyie bɛma no.


Monsɔ ade nyinaa nhwɛ, na monsɔ deɛ ɛyɛ no mu den.


Momma yɛnsɔ anidasoɔ asɛm a yɛgyina so ka no mu pintinn, ɛfiri sɛ ɔnokwafoɔ ne deɛ ɔhyɛɛ bɔ no,


Na Kristo deɛ, ɔdi ne fie so sɛ ɔba; nso ne fie no ne yɛn, nanso gye sɛ yɛsɔ anidasoɔ no ho nnam ne ahohoahoa mu pintinn kɔsi awieeɛ.


Enti, sɛ yɛwɔ ɔsɔfo panin kɛseɛ a watwa mu ɔsoro, a ɔno ne Yesu, Nyankopɔn Ba no yi, momma yɛnsɔ yɛn gyidie asɛm a yɛgyina so ka no mu dendeenden.


Na Awurade da no bɛba sɛdeɛ owifoɔ ba. Emu na ɔsoro de kukurududu bɛtwam akorɔ, na ewie mu mfitiasedeɛ bɛhye asɛe, na asase ne mu nnwuma bɛhye.


Hwɛ, ɔnam mununkum mu reba, na aniwa nyinaa bɛhu no, ɛne wɔn a wɔwɔɔ no pea no, na asase so mmusua nyinaa bɛbɔ ne ho bena. Saa ara na ɛbɛyɛ. Amen.


Deɛ ɔdi nnoɔma yi ho adanseɛ no se: Aane, mereba ntɛm. Amen. Awurade Yesu, bra!


Na hwɛ, mereba ntɛm. Nhyira ne deɛ ɔkura nwoma yi mu adiyisɛm mu.


Mereba ntɛm; sɔ deɛ wowɔ no mu, na obi annye w’abotire.


Enti kae sɛdeɛ woanya na woateɛ na di so, na sakyera w’adwene! Na sɛ woanwɛn a, mɛba sɛ owifoɔ, na worenhunu dɔn ko a mɛba wo soɔ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan