Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Adiyisɛm 2:23 - New Revised Asante Twi Bible

23 Na mede owuo bɛkum ne mma, na asafo no nyinaa ahunu sɛ, mene deɛ ɔhwehwɛ adwene ne akoma mu, na mɛma mo mu biara sɛdeɛ mo nnwuma teɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

23 Na mede owuo bɛkum ne mma, na asafo no nyinaa ahunu sɛ, mene deɛ ɔhwehwɛ adwene ne akoma mu, na mɛma mo mu biara sɛdeɛ mo nnwuma teɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

23 Afei, mekunkum nʼakyidifo no, na asafo no nyinaa behu sɛ mene obi a mihu nnipa adwene mu ne wɔn akɔnnɔ. Nea mo mu biara yɛe no, metua no so ka pɛpɛɛpɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

23 Afei, mɛkum nʼakyidifoɔ no, na asafo no nyinaa bɛhunu sɛ mene obi a mehunu nnipa adwene mu ne wɔn akɔnnɔ. Deɛ mo mu biara yɛeɛ no, mɛtua no so ka pɛpɛɛpɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

23 Na mede owu mekum ne mma, na asafo no nyinaa ahu sɛ, mene nea ɔhwehwɛ adwene ne koma mu, na mɛma mo mu biara sɛnea mo nnwuma te.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Adiyisɛm 2:23
39 Iomraidhean Croise  

Ɛdeɛn na Dawid nka nka ho mma wo bio, sɛ woahyɛ w’akoa animuonyam? Na wo na wonim w’akoa.


Na wo, me ba Salomo, hunu w’agya Onyankopɔn no, na fa w’akoma nyinaa ne wo kra anisɔ som no, na AWURADE peepee akoma nyinaa mu, na ɔhunu adwene nyinaa mu. Sɛ wohwehwɛ no a, ɔbɛma woahu no; na sɛ wogyaa no a, ɔbɛto wo atwene koraa.


Na menim, me Nyankopɔn, sɛ wo deɛ, wosɔ akoma hwɛ, na teeyɛ na ɛsɔ w’ani. Me deɛ, m’akomam teeyɛ mu na mayi me yam ama yeinom nyinaa, na afei wo man a wɔhu wɔn ɛha yi nso, mede anigyeɛ mahunu sɛ wɔn nso ayi wɔn yam ama wo adeɛ.


wo ara tie no ɔsoro, wo tenabea hɔ, na fa kyɛ, na ma onipa no sɛdeɛ n’akwan nyinaa teɛ, sɛdeɛ wohunu n’akoma no. Na wo ara, wo nko ara na wonim nnipa mma akoma mu,


Ɔma wɔtena hɔ dwoodwoo, na wɔde wɔn ho to ɛno so, nanso na n’ani hwɛ wɔn akwan.


AWURADE, wohwehwɛ me mu, na wohu me.


AWURADE, hwehwɛ me mu na sɔ me hwɛ, nane me sawa ne m’akoma.


ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔbɛhwehwɛ? Na ɔno na ɔnim akoma mu ahuntasɛm.


na wo, AWURADE, na adom wɔ woɔ. Na wobɛtua onipa ka sɛdeɛ n’adwuma teɛ.


Ao, ma abɔnefoɔ bɔne to ntwa ɛ! Na ma ɔteneneeni ntim. Na wone tenenee Nyankopɔn a wosɔ akoma ne adwene hwɛ.


Nanso wo Asafo AWURADE a woyɛ ɔtemmufoɔ teneneeni, a wosɔ akoma ne adwene hwɛ, ma menhunu w’aweretɔ wɔ wɔn so, na wo na mede m’asɛm ahyɛ wo nsa.


Me, AWURADE, na mehwehwɛ adwene mu, na mesɔ akoma mehwɛ, na mɛma obiara sɛdeɛ n’akwan teɛ, sɛdeɛ ne nneyɛɛ aba no teɛ.


Na asafo AWURADE a wosɔ ɔteneneeni hwɛ, hwɛ adwene ne akoma mu. Wɔn so na mɛhunu wo aweretɔ, na wo na mede m’asɛm madane woɔ.


Montwa adwo, mo a mote Mortar no, ɛfiri sɛ wɔasɛe adwadifoɔ asafo no nyinaa, na wɔatwitwa wɔn a wɔasoa dwetɛ nyinaa.


Na Onipa Ba no de n’agya animuonyam ne n’abɔfoɔ na ɛbɛba; ɛno na ɔbɛtua onipa biara ka sɛdeɛ ne nneyɛɛ teɛ.


Na ɔsee wɔn sɛ: Moyɛ wɔn a wɔbu wɔn ho bem nnipa anim, nanso Onyankopɔn deɛ, ɔnim mo akoma mu. Na deɛ ɛyɛ kɛseɛ nnipa mu no yɛ akyiwadeɛ Nyankopɔn anim.


Ɔsee no ne mprɛnsa so sɛ: Simon, Yohane ba, wodɔ me? Ɛyɛɛ Petro awerɛho sɛ wabisa no mprɛnsa sɛ: Wodɔ me? Na ɔbuaa no sɛ: Awurade, wonim ade nyinaa, wonim sɛ medɔ wo. Yesu see no sɛ: Yɛne me nnwan!


Yesu see no sɛ: Kɔfrɛ wo kunu bra ha!


Na wɔbɔɔ mpaeɛ sɛ: Wo, Awurade a wonim nnipa nyinaa akoma mu, kyerɛ baanu yi mu baako a woayi no


Enti afei yɛn nyinaa bɛbu yɛn ho nkonta mmaako mmaako akyerɛ Onyankopɔn.


Na deɛ ɔpɛɛpɛɛ akoma mu no nim adekodeɛ a ɛyɛ Honhom no adwene, ɛfiri sɛ ɔdi ma ahotefoɔ no sɛdeɛ Onyankopɔn pɛ.


Na ɛtwa sɛ yɛn nyinaa yɛkɔpue Kristo atemmuo adwa no anim hɔ, na obiara anya deɛ ɔnam nipadua so yɛeɛ no, papa oo, bɔne oo, sɛdeɛ ɔyɛeɛ no.


Na obiara bɛsoa ɔno ara n’adesoa.


na Israel nyinaa ntie na wɔnsuro, na wɔankɔ so anni wo mu asɛmmɔne a ɛte seyie.


na yi bɔne no firi Israel, na ɔman no nyinaa nte na wɔnsuro, na wɔanni ahantansɛm bio.


na wɔn a aka no nte na wɔnsuro, na wɔankɔ so anni asɛmmɔne a ɛte seyie wɔ wo mu bio.


Na ne kuro no mu mmarima nyinaa nsi no aboɔ mma no nwu; na yi bɔne no firi wo mu na Israel nyinaa nte na wɔnsuro.


Na abɔdeɛ biara nni hɔ a ɛnna adie Nyankopɔn anim, na ade nyinaa ho da hɔ, na ɛso abue, deɛ yɛne no wɔ asɛm no anim.


Na sɛ mofrɛ deɛ ɔnhwɛ nnipa anim na ɔbu atɛn sɛdeɛ obiara adwuma teɛ no sɛ Agya a, momfa suro mmɔ mo bra mo ahɔhobea tenabea yi mu,


Deɛ ɔwɔ aso no ntie deɛ Honhom no reka kyerɛ asafo ahodoɔ no: Deɛ ɔdi nkonim no, owuprenu renka no.


Deɛ ɔwɔ aso no ntie deɛ Honhom no reka kyerɛ asafo ahodoɔ no: Deɛ ɔdi nkonim no, mɛma no nkwadua a ɛsi Nyankopɔn paradise mu no aba bi adi.


Na mehunuu awufoɔ, nketewa ne akɛseɛ, sɛ wɔgyinagyina ahennwa no anim; na wɔbuebuee nwoma mu. Na wɔbuee nwoma foforɔ bi a ɛyɛ nkwa nwoma no mu; na wɔnam nsɛm a wɔatwerɛ no nwoma no mu no so bubuu awufoɔ atɛn sɛdeɛ wɔn nnwuma teɛ.


Na ɛpo yii n’awufoɔ a ɛwɔ mu no mae, na Owuo ne Asamando yii awufoɔ a ɛwɔ mu no nso mae, na wɔbuu wɔn mu biara atɛn sɛdeɛ wɔn nnwuma teɛ.


Hwɛ, mereba ntɛm, na mekura m’akatua sɛ mede merebɛma obiara sɛdeɛ n’adwuma teɛ.


Na mehunui na hwɛ, ɔpɔnkɔ nsonso bi nie, na deɛ ɔte ne soɔ no din de Owuo, na Asamando di n’akyi. Na wɔmaa wɔn asase abupɛn nnan mu baako so tumi sɛ wɔmfa afena ne ɛkɔm ne owuo ne asase so mmoa nkunkum wɔn.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Samuel sɛ: Nhwɛ ne ho tebea ne ne nipadua tenteneyɛ, na mempɛ no; na menhwɛ deɛ onipa hwɛ, na onipa hwɛ deɛ ɛtua aniwa, na AWURADE deɛ, ɔhwɛ akoma mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan