Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Adiyisɛm 2:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Menim wo nnwuma ne wo brɛ ne wo boasetɔ, ɛne sɛ wontumi nkura wɔn a wɔyɛ abɔnefoɔ, na woasɔ wɔn a wɔse wɔyɛ asomafoɔ na wɔnyɛ no ahwɛ, na woahu wɔn sɛ atorofoɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Menim wo nnwuma ne wo brɛ ne wo boasetɔ, ɛne sɛ wontumi nkura wɔn a wɔyɛ abɔnefoɔ, na woasɔ wɔn a wɔse wɔyɛ asomafoɔ na wɔnyɛ no ahwɛ, na woahu wɔn sɛ atorofoɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Minim nea woayɛ. Minim nsi a wode ayɛ adwuma ne boasetɔ a wowɔ. Minim sɛ wunnye nnebɔneyɛfo, na afei woasɔ wɔn a wɔka se wɔyɛ asomafo nanso wɔnnyɛ bi no ahwɛ, na woahu sɛ wɔyɛ atorofo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Menim deɛ woayɛ. Menim nsi a wode ayɛ adwuma ne boasetɔ a wowɔ. Menim sɛ wonnye nnebɔneyɛfoɔ, na afei woasɔ wɔn a wɔka sɛ wɔyɛ asomafoɔ nanso wɔnnyɛ bi no ahwɛ, na woahunu sɛ wɔyɛ atorofoɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Minim wo nnwuma ne wo brɛ ne wo boasetɔ, ɛne sɛ wuntumi nkura wɔn a wɔyɛ abɔnefo, na woasɔ wɔn a wose wɔyɛ asomafo a wɔnyɛ no ahwɛ, na woahu wɔn sɛ atorofo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Adiyisɛm 2:2
21 Iomraidhean Croise  

Ɛfiri sɛ AWURADE nim teneneefoɔ kwan, na abɔnefoɔ kwan deɛ, ɛbɛyera.


Ɛno na mɛpaem maka makyerɛ wɔn sɛ: Mennim mo da, momfiri me so nkɔ, mo a moyɛ deɛ ɛntene!


Na yei deɛ, ɔka de sɔɔ no hwɛe, ɛfiri sɛ na ɔno ara nim deɛ ɔrebɛyɛ.


a nso ɛnyɛ asɛmpa foforɔ biara; na mmom nnipa bi wɔ hɔ a wɔha mo na wɔpɛ sɛ wɔsesa Kristo asɛmpa no.


na yɛanna so anyɛ mmotafowa a nkyerɛkyerɛ mframa biara woso wɔn biribiri twe wɔn di akɔneaba nnipa bradɛtoɔ mu, anifire a ɛnam nnaadaa nnɛɛdɛeɛ mu,


na daa yɛkae mo gyidie adwuma ne mo dɔ mmɔdemmɔ ne yɛn Awurade Yesu Kristo ho anidasoɔ mu boasetɔ, yɛn Nyankopɔn ne Agya anim.


Monsɔ ade nyinaa nhwɛ, na monsɔ deɛ ɛyɛ no mu den.


Nanso Nyankopɔn nnyinasoɔ tim hɔ pintinn kura nsɔano yi: Awurade nim wɔn a wɔyɛ ne deɛ; ɛne: Ma obiara a ɔbɔ Awurade din ntwe ne ho mfiri deɛ ɛntene ho.


Ɛfiri sɛ Onyankopɔn nyɛ deɛ ɔntene, a ne werɛ bɛfiri mo adwuma ne mo dɔ mmɔden a mobɔɔ no ne din mu, sɛ mosomm ahotefoɔ na moda so som wɔn.


Adɔfo, monnnye ahonhom nyinaa nnni, na mmom monsɔ ahonhom no nhwɛ sɛ wɔfiri Onyankopɔn anaa; ɛfiri sɛ adiyifoɔ atorofoɔ bebree aba wiase.


Enti kae deɛ wofiri hwee aseɛ, na sakyera w’adwene, na yɛ kane nnwuma no! Anyɛ saa a, mɛba wo so na mabɛyi wo kaneadua mafiri ne siberɛ, gye sɛ wosakyera w’adwene.


Nanso yei na wowɔ, sɛ wotan Nikolaifoɔ nnwuma a me nso metan no.


Menim w’ahohia ne wo hia no, nanso woyɛ ɔdefoɔ, ne wɔn a wɔse wɔyɛ Yudafoɔ, nanso wɔnyɛ, na mmom wɔyɛ Satan hyiadan no abususɛm.


Na Sardi asafo mu bɔfoɔ no, twerɛ kɔma no sɛ: Sɛɛ na deɛ ɔwɔ Nyankopɔn ahonhom nson ne nsoromma nson no seɛ: Menim wo nnwuma, sɛ wowɔ din sɛ wote aseɛ, nanso woawuo.


Menim wo nnwuma sɛ wonyɛ nwunu na wonyɛ hyeɛ. Sɛ woyɛ nwunu anaa woyɛ hye a, anka ɛyɛ.


Menim wo nnwuma. Hwɛ, mede ɛpono a wɔahini masi w’anim a obi ntumi nto mu, ɛfiri sɛ wowɔ ahoɔden ketewa bi, na woadi m’asɛm so, na woampa me din.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan