Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Adiyisɛm 2:18 - New Revised Asante Twi Bible

18 Na Tiatira asafo mu bɔfoɔ no, twerɛ kɔma no sɛ: Sɛɛ na Nyankopɔn Ba a n’ani te sɛ ogyaframa na ne nan te sɛ yaawa fɛfɛ no seɛ:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

18 Na Tiatira asafo mu bɔfoɔ no, twerɛ kɔma no sɛ: Sɛɛ na Nyankopɔn Ba a n’ani te sɛ ogyaframa na ne nan te sɛ yaawa fɛfɛ no seɛ:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

18 “Kyerɛw krataa kɔma ɔbɔfo a ɔwɔ Tiatira asafo mu se: Eyi ne asɛm a efi Onyankopɔn Ba no a nʼani dɛw sɛ ogyatannaa a ne nan ase hyerɛn sɛ asanka no nkyɛn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

18 “Twerɛ krataa kɔma ɔbɔfoɔ a ɔwɔ Tiatira asafo mu sɛ: Yei ne asɛm a ɛfiri Onyankopɔn Ba no a nʼani dɛre sɛ ogyaframa a ne nan ase hyerɛn sɛ ayowaa no nkyɛn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

18 Na Tiatira asafo mu bɔfo no, kyerɛw kɔma no sɛ: Sɛɛ na Onyankopɔn ba a n’ani te sɛ ogyaframa na ne nan te sɛ ayowa fɛfɛ no se:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Adiyisɛm 2:18
22 Iomraidhean Croise  

Na mɛka no deɛ AWURADE ahyɛ no. AWURADE ase me sɛ: Me ba ne wo, ɛnnɛ na mawo woɔ.


na ne nipadua te sɛ sikabereɛboɔ, na n’anim te sɛ anyinam, na n’ani te sɛ ogyaframa, na n’abasa ne ne nan te sɛ yaawa a wɔahoa ho, na ne kasa nnyegyeeɛ te sɛ nnipa dodoɔ nne.


Na ɔgu so rekasa no, hwɛ, mununkum hyɛnhyɛn bi bɛkataa wɔn so, na hwɛ, ɛnne bi firi mununkum no mu kaa sɛ: Oyi ne me dɔba a ɔsɔ m’ani. Montie no!


Na asraafoɔ ha so panin ne wɔn a wɔka ne ho rewɛn Yesu no hunuu asasewosoɔ ne nnoɔma a ɛsisiiɛ no, wɔsuroo pii, kaa sɛ: Ampa ara, Onyankopɔn ba nie!


Na hwɛ, ɛnne bi firi soro kaa sɛ: Oyi ne me Dɔba a ɔsɔ m’ani.


Na ɔbɔfoɔ no bua see no sɛ: Honhom Kronkron no bɛba wo so, na Deɛ Ɔwɔ Sorosoro no ahoɔden abɛkata wo so; enti na ade kronkron a wobɛwoɔ no, wɔbɛfrɛ no Nyankopɔn ba.


Na Asɛm no bɛyɛɛ honam, na ɔbɛsoeɛɛ yɛn mu, na yɛhunuu n’animuonyam sɛ Agya no Ba a ɔwoo no korɔ animuonyam, na adom ne nokorɛ ayɛ no ma.


Natanael bua see no sɛ: Rabi, wone Nyankopɔn ba, wone Israel hene no!


adɛn nti na moka deɛ Agya ayɛ no kronkron, na wasoma no wiase no ho sɛ: Woka abususɛm, ɛnam sɛ mekaa sɛ: Nyankopɔn Ba ne me?


Na sɛdeɛ Onyankopɔn dɔɔ wiase nie, sɛ ɔde ne Ba a ɔwoo no korɔ no maeɛ, na obiara a ɔgye no die no anyera, na wanya daa nkwa.


Deɛ ɔgye no die no, wɔmmu no atɛn; na deɛ ɔnnye nnie no, wɔabu no atɛn dada sɛ wannye Nyankopɔn ba korɔ no din no annie.


Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ: Dɔn no reba na anya adu a awufoɔ bɛte Nyankopɔn ba no nne, na wɔn a wɔteɛ no bɛnya nkwa.


Na ɔbaa bi a ne din de Lidia a ɔtɔn ntoma kɔkɔɔ a ɔfiri Tiatira kuro mu, a ɔsom Onyankopɔn tiee; na Awurade buee n’akomam sɛ ɔntie deɛ Paulo reka no.


Na wɔnam kwan so rekorɔ no, wɔkɔduruu asuo bi ho, na opiani no kaa sɛ: Hwɛ, nsuo ni; ɛdeɛn na ɛsi me asubɔ ho kwan?


na wɔde tumi ayi no akyerɛ sɛ Nyankopɔn Ba, ahoteɛ honhom fam, awufoɔ sɔreɛ mu; ɔno ne Yesu Kristo, yɛn Awurade


Deɛ wankame yɛn ɔno ara ne ba, na mmom yɛn nyinaa nti ɔyii no maeɛ no, ɛbɛyɛ dɛn na ɔremfa ade nyinaa nso nka ne ho mmɛdom yɛn?


sɛ: Twerɛ deɛ wohunu hyɛ nwoma mu, na fa kɔma asafo ahodoɔ nson no, fa kɔ Efeso, Smirna, Pergamo, Tiatira, Sardi, Filadelfia ne Laodikea.


Efeso asafo mu bɔfoɔ no, twerɛ kɔma no sɛ: Sɛɛ na deɛ ɔkura nsoromma nson ne nifa mu, deɛ ɔnam sika nkaneadua nson no mfimfini no seɛ:


Na mese mo a moaka Tiatira no, dodoɔ a wɔnni saa nkyerɛkyerɛ yi, wɔn a wɔnhunuu Satan bunu mu, sɛdeɛ wɔka no no, sɛ: Merensoa mo adesoa foforɔ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan