Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Adiyisɛm 2:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 Nsuro amaneɛ a worebɛhunu biara. Hwɛ, ɔbonsam de mo mu binom bɛgu afiase, na wɔasɔ mo ahwɛ, na mobɛhunu amane dadu. Di nokorɛ kɔduru owuo mu, na mɛma wo nkwa abotire.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

10 Nsuro amaneɛ a worebɛhunu biara. Hwɛ, ɔbonsam de mo mu binom bɛgu afiase, na wɔasɔ mo ahwɛ, na mobɛhunu amane dadu. Di nokorɛ kɔduru owuo mu, na mɛma wo nkwa abotire.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Nsuro ɔhaw a ɛrebɛto wo no. Tie! Wɔde mo mu bi bɛto afiase na ɔbonsam nam so asɔ mo ahwɛ. Na mo haw bedi nnafua du. Sɛ owu mu mpo a, gye me di na mɛma wo nkwa abotiri.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Nsuro ɔhaw a ɛrebɛto wo no. Tie! Wɔde mo mu bi bɛto afiase na ɔbonsam nam so asɔ mo ahwɛ. Na mo haw bɛdi dadu. Sɛ owuo mu mpo a, gye me di na mɛma wo nkwa abotire.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

10 Nsuro amane a worebehu biara. Hwɛ, ɔbonsam de mo mu binom begu afiase, na wɔasɔ mo ahwɛ, na mubehu amane dadu. Di nokware kodu wu mu, na mɛma wo nkwa abotiri.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Adiyisɛm 2:10
36 Iomraidhean Croise  

Monnɔ AWURADE, mo a moyɛ n’ahotefoɔ nyinaa. AWURADE hwɛ wɔn a wɔdi nokorɛ so, na ɔtua deɛ ɔdi ahantansɛm no ka ma no boro so.


Wotwe pinii da a mefrɛɛ woɔ no; wokaa sɛ: Nsuro!


Sɔ wo nkoa hwɛ dadu ɛ, na wɔmma yɛn afuomduane nni ne nsuo nnom,


Ɛnna ɔpenee deɛ wɔkaeɛ no soɔ, na ɔsɔɔ wɔn hwɛɛ dadu.


Na adehunu no da so kyerɛ berɛ a wɔahyɛ, na ɛrepɛ kwan aba mu, na ɛyɛ nokorɛ nso. Sɛ ɛtwentwɛn ase mpo a, twɛn no ara, na ba deɛ, ɛbɛba, ɛrenka akyi.


Na me din nti, nnipa nyinaa bɛtane mo; na deɛ ɔbɛgyina ano akɔduru awieeɛ no, ɔno na wɔbɛgye no nkwa.


Na monnsuro wɔn a wɔkum honam na wɔntumi nkum ɔkra, na mmom monsuro deɛ ɔbɛtumi asɛe ɔkra ne honam amanehunu kuro mu.


Na deɛ ɔbɛgyina mu akɔduru awieeɛ no, ɔno na wɔbɛgye no.


Na me din nti, nnipa nyinaa bɛtane mo. Na deɛ ɔbɛgyina mu akɔduru awieeɛ no, ɔno na wɔbɛgye no nkwa.


Na obiara a ɔpɛ sɛ ɔgye ne kra nkwa no, ɛbɛfiri ne nsa; na deɛ ne kra bɛfiri ne nsa wɔ me ne asɛmpa no nti no, wɔbɛgye no nkwa!


Na deɛ ɛdi yeinom nyinaa kan ne sɛ wɔde wɔn nsa bɛsɔ mo mu, na wɔataa mo, na wɔayi mo akɔ hyia adan mu ne afiase, na wɔde mo akɔ ahemfo ne amradofoɔ anim me din nti,


Deɛ ɔdɔ ne kra no, ɛbɛfiri ne nsa; na deɛ ɔtane ne kra wɔ wiase ha yi no, ɔbɛkora no akɔ daa nkwa mu.


Na wɔrebɛdidie no, na ɔbonsam anya de ahyɛ Yuda Iskariot, Simon ba, akoma mu sɛ ɔnkɔyi no mma.


Na ɔgyee paanoo sini no akyiri no, ɛno na Satan hyɛnee ne mu. Ɛnna Yesu see no sɛ: Deɛ woreyɛ no, yɛ no ntɛm!


Na memfa yei menyɛ biribi, nanso memmu me kra aboɔden memma me ho, na mede anigyeɛ mawie me nanteɛ ne ɔsom a menyaa no Awurade Yesu nkyɛn sɛ menni Nyankopɔn adom asɛmpa no ho adanseɛ.


Na Paulo buaa sɛ: Adɛn na moresu bubu m’akoma yi? Me deɛ, masiesie me ho sɛ Awurade Yesu din nti, ɛnyɛ ɛkyerɛ nko na wɔbɛkye me, na mpo mɛwu wɔ Yerusalem hɔ.


Na obiara a ɔsi agodie kan no, ɔsɔn ne ho nnoɔma nyinaa mu; na wɔn deɛ, wɔyɛ na wɔanya abotire a ɛsɛeɛ, na yɛn deɛ, deɛ ɛnsɛeɛ.


na akane no monantee sɛdeɛ wiase abrabɔ teɛ ne sɛdeɛ ewiem tumi no panin no teɛ, honhom a nnansa yi ɛyɛ adwuma wɔ wɔn a wɔyɛ asoɔden mu no.


ɛfiri sɛ ɛnyɛ yɛne mogya ne honam na anya, na mmom yɛne mpaninnie ne tumidie ne wiase yi sum mu atumfoɔ ne ahonhommɔne a ɛwɔ soro hɔnom.


Nhyira ne onipa a ɔto ne bo ase wɔ sɔhwɛ mu. Na sɛ ɔnya firi mu fi tɔtorɔtɔɔ a, ɔbɛnya nkwa abotire a Awurade de ahyɛ wɔn a wɔdɔ no no bɔ.


Na odwanhwɛfoɔ panin no yi ne ho adi a, moanya animuonyam abotire a ɛrensɛe da no.


Mo ani nna hɔ, monwɛn, ɛfiri sɛ mo tamfo bonsam no nam sɛ gyata a ɔbobom hwehwɛ deɛ ɔbɛnya no amene.


Na nsɛnkyerɛnneɛ a wɔde maa no sɛ ɔnyɛ no aboa no anim nti, ɔdaadaa wɔn a wɔtete asase soɔ no, ka kyerɛɛ asase sotefoɔ no sɛ, wɔnyɛ ohoni mma aboa a nkrantɛ apira no na ɔte ase bio no.


Na aboa a mehunuu no no te sɛ ɔsebɔ, na ne nan te sɛ osisire nan, na n’ano te sɛ gyata ano. Na ɔtweaseɛ no de n’ahoɔden ne n’ahennwa ne ne tumi kɛseɛ maa no.


Na wɔmaa no kwan sɛ ɔntu ahotefoɔ so sa, na ɔnni wɔn so nkonim. Na wɔmaa no mmusuakuo ne nkurɔfoɔ ne kasa ahodoɔ ne aman nyinaa so tumi.


Yeinom ne Adwammaa no bɛko, na Adwammaa no bɛdi wɔn so nkonim, ɛfiri sɛ ɔyɛ awuranom mu Awurade ne ahemfo mu Hene, — ɔno ne wɔn a wɔka ne ho a wɔafrɛ wɔn na wɔayi wɔn na wɔdi nokorɛ no.


Menim faako a woteɛ, deɛ Satan ahennwa sie, na wokura me din mu, na woampa me gyidie, nna a wɔkumm me danseni nokwafoɔ Antipa wɔ mo hɔ no mu, deɛ ɔbonsam teɛ hɔ.


Menim w’ahohia ne wo hia no, nanso woyɛ ɔdefoɔ, ne wɔn a wɔse wɔyɛ Yudafoɔ, nanso wɔnyɛ, na mmom wɔyɛ Satan hyiadan no abususɛm.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan