Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Adiyisɛm 19:7 - New Revised Asante Twi Bible

7 Momma yɛn ani nnye, na yɛnni ahurisie, na yɛnhyɛ no animuonyam, ɛfiri sɛ Adwammaa no ayeforɔhyia adu, na ne yere asiesie ne ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

7 Momma yɛn ani nnye, na yɛnni ahurisie, na yɛnhyɛ no animuonyam, ɛfiri sɛ Adwammaa no ayeforɔhyia adu, na ne yere asiesie ne ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Momma yɛn ho nsɛpɛw yɛn na yɛn ani nnye na yɛnhyɛ no anuonyam efisɛ Oguamma no ayeforohyia adu a nʼayeforokunu asiesie ne ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Momma yɛn ho nsɛpɛ yɛn na yɛn ani nnye na yɛnhyɛ no animuonyam! Ɛfiri sɛ Odwammaa no ayeforɔhyia aduru, na nʼayefokunu asiesie ne ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 Momma yɛn ani nnye, na yenni ahurusi, na yɛnhyɛ no anuonyam, efisɛ oguammaa no ayeforohyia adu, na ne yere asiesie ne ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Adiyisɛm 19:7
29 Iomraidhean Croise  

Teneneefoɔ bɛhunu, na wɔn ani agye, na amumuyɛ nyinaa bɛmua n’ano.


Ma Sion bepɔ ani nnye, ma Yuda mmammaa nni ahurisie w’atemmuo nti.


na menka w’ayeyie nyinaa menkyerɛ, Sion babaa aponkɛseɛ mu, na menni ahurisie wo nkwagyeɛ mu.


Ateneneefoɔ di tumi a, ɔman ani gye, na ɔbɔnefoɔ di so a, ɔman si apini.


O Sion mmammaa, momfiri adi mmɛhwɛ Ɔhene Salomo, abotire a ne na de bɔɔ no, ne yere hyia da ne n’akoma anigyeɛ da no.


O Sion, nyane ɛ, nyane ɛ! hyɛ w’ahoɔden! O Yerusalem, kuro kronkron, hyɛ w’animuonyam atadeɛ! na momonotoni ne deɛ ne ho nteɛ biara renkɔ so nhyɛne wo mu bio.


Na sɛdeɛ aberanteɛ ware ababaa no, sɛ wo mma bɛware woɔ ne no. Sɛdeɛ ayeforɔkunu ho sɛpɛ no ayeforɔ ho no, saa ara nso na wo Nyankopɔn ho bɛsɛpɛ no wo ho.


Mo ne Yerusalem ani nnye, na monni ne ho ahurisie, mo a modɔ no nyinaa; mo ne ne ho nsɛpɛ mo, mo a modi ne ho abooboo nyinaa;


Na mobɛhunu na mo akoma ho asɛpɛ no, na mo nnompe ayɛ hurohuro sɛ wira frɔmfrɔm; na wɔbɛhunu AWURADE nsa, ne nkoa so, ne abufuo a emu yɛ den, n’atamfo so.


Di ahurisie pii, Sion babaa, huro, Yerusalem babaa! Hwɛ, wo hene reba wo nkyɛn, ɔtene, na ɔwɔ nkwagyeɛ; ɔdwo, na ɔte afunumu so, afunumuburuwa a ɔyɛ afunumubereɛ ba so.


Na ɔredwennwene yeinom ho no, hwɛ, Awurade bɔfoɔ yii ne ho adi kyerɛɛ no wɔ daeɛ mu sɛ: Yosef, Dawid ba, nsuro sɛ wobɛfa wo yere Maria aba wo nkyɛn; na deɛ ɔnyem no firi Honhom Kronkron mu.


Ɔsoro ahennie te sɛ ɔhene bi a ɔtoo ayeforɔ pono maa ne ba.


na monyɛ sɛ nnipa a wɔretwɛn da ko a wɔn wura bɛfiri ayeforɔ ase aba, na sɛ ɔba na ɔbɛbɔ mu a, wɔahini no ntɛmntɛm.


Deɛ ayeforɔ wɔ no ne ayeforɔkunu; na ayeforɔkunu adamfo a ɔgyina hɔ na ɔtie no deɛ, ɛgyeɛ na n’ani gyeɛ, ayeforɔkunu no nne nti. Ɛno nti afei na me saa anigyeɛ yi awie pɛyɛ.


Na ninkunu a metwe no mo ho no, metwe no Nyankopɔn mu ninkunu. Magye mo awadeɛ sɛ ababaawa a efi nkaa no; na mede mo rekɔma ɔbarima baako a ɔno ne Kristo.


ɛfiri sɛ okunu yɛ ɛyerɛ ti, sɛ Kristo nso yɛ asafo no tiri no, na ɔno ara na ɔyɛ Agyenkwa ma nipadua no.


Ahuntasɛm yi so, na me deɛ, mese, ɛfa Kristo ne asafo no ho.


Amanaman, mo ne ne man mmɔ anigyese, ɛfiri sɛ ɔbɛtɔ ne nkoa mogya so were, na ɔde aweretɔ bɛtua n’atamfo ka, na wapata ama n’asase, ne man.


Na yɛne twetiatwafoɔ no, yɛn a yɛsom Nyankopɔn honhom mu, na yɛhoahoa yɛn ho Kristo Yesu mu, na yɛmfa yɛn ho nto honam soɔ.


Na ɛdɔn no ara mu asase wosoo kɛse, na kuro no nkyekyɛmu du mu baako hwee ase, na asasewosoɔ no kumm nnipa mpemnson. Na wɔn a ɛkaeɛ no suroe, na wɔhyɛɛ ɔsoro Nyankopɔn animuonyam.


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Twerɛ: Nhyira ne wɔn a wɔahyia wɔn adwammaa no ayeforɔ aseɛ. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Nyankopɔn nsɛm a ɛyɛ nokorɛ nie.


Na mehunuu kuro kronkron no, Yerusalem foforɔ, sɛ ɛfiri soro Nyankopɔn nkyɛn resiane, na wɔasiesie no sɛ ayeforɔ a wɔahyehyɛ no ama ne kunu.


Na abɔfoɔ baason a wɔkurakura nkuruwa nson no a ɔhaw mmusuo nson a ɛdi akyire no ahyehyɛ mu mama no mu baako baa me nkyɛn, ne me bɛkasaa sɛ: Bra na menkyerɛ wo ayeforɔ, Adwammaa no yere no.


Hana nso bɔɔ mpaeɛ sɛ: M’akoma di AWURADE mu ahurisie, AWURADE mu na wɔama m’abɛn soɔ; M’anomu atrɛ m’atamfoɔ so, ɛfiri sɛ m’ani gye wo nkwagyeɛ mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan