Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Adiyisɛm 19:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Na mpanimfoɔ aduonu nnan ne ateasefoɔ baanan no koto sɔree Onyankopɔn a ɔte ahennwa no soɔ no sɛ: Amen, Haleluia!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Na mpanimfoɔ aduonu nnan ne ateasefoɔ baanan no koto sɔree Onyankopɔn a ɔte ahennwa no soɔ no sɛ: Amen, Haleluia!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Mpanyimfo aduonu anan ne ateasefo baanan no butubutuu Onyankopɔn a ɔte nʼahengua so no anim som no. Na wɔteɛɛ mu se, “Amen, Haleluya!”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Mpanimfoɔ aduonu ɛnan ne ateasefoɔ baanan no butubutuu Onyankopɔn a ɔte nʼahennwa so no anim somm no. Na wɔteaam sɛ, “Amen, Haleluia!”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Na mpanyimfo aduonu anan ne ateasefo baanan no kotow sɔree Nyankopɔn a ɔte ahengua no so no se: Amen, Haleluia!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Adiyisɛm 19:4
20 Iomraidhean Croise  

Nhyira nka AWURADE, Israel Nyankopɔn, firi daa kɔsi daa. Na ɔman no nyinaa gyee so sɛ Amen, de yii AWURADE ayɛ.


Meporeporee me kokom nso na mekaa sɛ: Sei ara na Onyankopɔn bɛporepore onipa biara a ɔmma asɛm yi ntim no afiri ne fie ne n’adwuma mu, na sei ara na wɔbɛporepore no na wayɛ onipahunu. Na badwa no nyinaa kaa sɛ: Amen. Na wɔyii AWURADE ayɛ. Na ɔman no dii asɛm yi so.


Na Esra hyiraa AWURADE, Onyankopɔn kɛseɛ no. Na ɔman no nyinaa gyee so sɛ: Amen, Amen! Na wɔmemaa wɔn nsa so; na wɔkoto sɔree AWURADE de wɔn anim butubutuu fam.


Ma nnebɔneyɛfoɔ nsa asase so, na mma abɔnefoɔ nntena hɔ bio. Me kra, hyira AWURADE. Monyi AWURADE ayɛ.


Nhyira ne AWURADE, Israel Nyankopɔn firi tete akyirikyiri kɔsi daakye akyirikyiri, na ma ɔman mu no nyinaa nse sɛ: Amen. Monyi AWURADE ayɛ!


Nhyira ne AWURADE, Israel Nyankopɔn, ɛfiri teteete de rekɔ daa. Amen ne Amen.


na nhyira ne n’animuonyam din daa, na n’animuonyam nhyɛ asase nyinaa ma. Amen ne Amen.


Nhyira nka AWURADE daa. Amen ne Amen.


na Odiyifoɔ Yeremia kaa sɛ: Amen, AWURADE ma no nyɛ saa! AWURADE mma wo nsɛm a worehyɛ nkɔm sɛ wɔde AWURADE fie nnoɔma ne atukɔfoɔ nyinaa bɛfiri Babel asane aba ɛha yi no mmra mu.


na monkyerɛkyerɛ wɔn sɛ wɔnni deɛ mahyɛ mo nyinaa so. Na hwɛ, me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa de kɔsi wiase awieeɛ.


Na mfa yɛn nkɔ sɔhwɛ mu, Na yi yɛn firi bɔne mu. [Na wo na ahennie ne ahoɔden ne animuonyam yɛ wo dea daa, Amen.]


Na sɛ wode honhom hyira a, ɛbɛyɛ dɛn na deɛ ɔnte aseɛ no agye w’aseda no so sɛ Amen, ɛberɛ a ɔnnim deɛ woreka?


Na ateasefoɔ baanan no mu baako maa abɔfoɔ baason no sika nkuruwa nson a wɔde Nyankopɔn a ɔte ase daa daa no abufuo no ahyɛ mu mama.


Yeinom akyiri no, metee biribi a ɛte sɛ nkurɔfoɔ pii nne kɛseɛ ɔsoro sɛ: Haleluia! Nkwagyeɛ ne animuonyam ne tumi yɛ yɛn Nyankopɔn dea;


Na wɔkaa bio sɛ: Haleluia! Na ne wisie foro soro daa daa.


Na metee nne bi a ɛte sɛ nkurɔfokuo kɛseɛ nne, ne nsuo bebree nne, ne aprannaa a emu yɛ den nne sɛ: Haleluia, ɛfiri sɛ Awurade yɛn Nyankopɔn, ade nyinaa so tumfoɔ no, adi hene.


Na ateasefoɔ baanan no kaa sɛ: Amen. Na mpanimfoɔ no hwehwee ase, na wɔkoto sɔree.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan