Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Adiyisɛm 19:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Yeinom akyiri no, metee biribi a ɛte sɛ nkurɔfoɔ pii nne kɛseɛ ɔsoro sɛ: Haleluia! Nkwagyeɛ ne animuonyam ne tumi yɛ yɛn Nyankopɔn dea;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Yeinom akyiri no, metee biribi a ɛte sɛ nkurɔfoɔ pii nne kɛseɛ ɔsoro sɛ: Haleluia! Nkwagyeɛ ne animuonyam ne tumi yɛ yɛn Nyankopɔn dea;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Eyi akyi no, metee nne bi te sɛ nnipakuw a wɔwɔ ɔsoro teɛ mu se, “Haleluya! Nkwagye ne anuonyam ne tumi wɔ yɛn Nyankopɔn,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Yei akyi no, metee nne bi te sɛ nnipakuo a wɔwɔ ɔsoro reteam sɛ, “Haleluia! Nkwagyeɛ ne animuonyam ne tumi wɔ yɛn Onyankopɔn,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Eyinom akyi no, metee biribi a ɛte sɛ nkurɔfo pii nne kɛse ɔsoro sɛ: Haleluia! Nkwagye ne anuonyam ne nidi ne tumi yɛ yɛn Nyankopɔn de;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Adiyisɛm 19:1
23 Iomraidhean Croise  

Wo AWURADE na kɛseyɛ, mmaninyɛ, animuonyam, nkonimdie ne aseda wɔ woɔ, na deɛ ɛwɔ ɔsoro ne asase soɔ nyinaa wɔ wo. Wo, AWURADE, na ahennie wɔ woɔ, na wo na wokorɔn wɔ adeɛ nyinaa soɔ.


Ma nnebɔneyɛfoɔ nsa asase so, na mma abɔnefoɔ nntena hɔ bio. Me kra, hyira AWURADE. Monyi AWURADE ayɛ.


Monyi AWURADE ayɛ! Monna AWURADE ase, na ɔyɛ, na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.


Monyi AWURADE ayɛ! Mede m’akoma nyinaa bɛkamfo AWURADE, ateneneefoɔ dwabɔ ne asafo mu.


Na yɛn deɛ, yɛbɛhyira AWURADE afiri nnɛ akɔsi daa. Monyi AWURADE ayɛ!


Monyi AWURADE ayɛ! Me kra, yi AWURADE ayɛ.


Monyi AWURADE ayɛ! Monyi AWURADE ayɛ mfiri soro, monyi no ayɛ sorosoro.


Monyi AWURADE ayɛ! Monto dwom foforɔ mma AWURADE, monka n’ayeyie ahotefoɔ asafo mu.


Monyi AWURADE ayɛ! Monyi Onyankopɔn ayɛ wɔ ne kronkronbea, monyi no ayɛ ne tumi wie no mu.


Na AWURADE na nkwagyeɛ wɔ no; wo man so na ma wo nhyira mmra.


Na Onyankopɔn akasa prɛko, mprenu na mateɛ: Sɛ tumi yɛ Nyankopɔn dea,


Na ɔsoro ne asase ne deɛ ɛwom nyinaa bɛto Babel no ahurisie dwom, na asɛefoɔ bɛfiri atifi fam aba ne so, AWURADE asɛm nie.


Na me deɛ, mede aseda nne bɛbɔ wo afɔdeɛ, deɛ mahyɛ ho bɔ no, mɛtua; ɛfiri sɛ, nkwagyeɛ wɔ AWURADE!


Na mfa yɛn nkɔ sɔhwɛ mu, Na yi yɛn firi bɔne mu. [Na wo na ahennie ne ahoɔden ne animuonyam yɛ wo dea daa, Amen.]


Na ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so nson no hyɛnee ne totorobɛnto. Na ɛnne akɛseɛ gyegyegyegyee soro sɛ: Wiase ahennie ayɛ yɛn Awurade ne ne Kristo no dea, na ɔbɛdi hene daa daa.


Na metee nne kɛseɛ ɔsoro sɛ: Afei nkwagyeɛ ne tumi ne ahennie ayɛ yɛn Nyankopɔn dea, na tumi ayɛ ne Kristo no dea, ɛfiri sɛ wɔato yɛn nuanom anototofoɔ no atwene; ɔno na ɔtoto wɔn ano yɛn Nyankopɔn anim awia ne anadwo.


Na metee nne bi a ɛte sɛ nkurɔfokuo kɛseɛ nne, ne nsuo bebree nne, ne aprannaa a emu yɛ den nne sɛ: Haleluia, ɛfiri sɛ Awurade yɛn Nyankopɔn, ade nyinaa so tumfoɔ no, adi hene.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan