Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Adiyisɛm 18:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 Na asase so ahemfo a wɔne no abɔ adwaman na wɔadi taamu no, sɛ wɔhunu ne hyeɛ wisie a, wɔbɛsu no, na wɔabobɔ ne ho abubuo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 Na asase so ahemfo a wɔne no abɔ adwaman na wɔadi taamu no, sɛ wɔhunu ne hyeɛ wisie a, wɔbɛsu no, na wɔabobɔ ne ho abubuo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 “Sɛ asase so ahene a wɔne no bɔɔ aguaman, dii dɛ no hu hye a wɔrehyew no no wusiw a, wobesu atwa agyaadwo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 “Sɛ asase so ahene a wɔne no bɔɔ adwaman, dii dɛ no hunu hye a wɔrehye no no wisie a, wɔbɛsu atwa agyaadwoɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 Na asase so ahemfo a wɔne no abɔ aguaman na wɔadi taamu no, sɛ wohu ne hyew wusiw a, wobesu no, na wɔabobɔ ne ho abubuw.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Adiyisɛm 18:9
24 Iomraidhean Croise  

Na ɔdanee n’ani kyerɛɛ Sodom ne Gomora ne kanko no asase nyinaa, na ɔhwɛe, na hwɛ, asase no so wisie foroo sɛ fononoo mu wisie.


Ɔtenenee ani bɛgye sɛ wahunu aweretɔ, ɔbɛhohoro ne nan ase ɔbɔnefoɔ mogya mu.


Na Babel a ɛyɛ ahennie mu kunini, ne Kaldeafoɔ kɛseyɛ animuonyam no, ɛbɛyɛ sɛ Sodom ne Gomora butuo a Onyankopɔn butuu wɔn no.


Wɔfiri teteete na asiesie akyiwadeɛ hyeɛbea no, ɔhene no na wɔasiesie ama no, emu dɔ, ɛtrɛ, ne ntannaa wɔ ogya ne nnyentia pii, AWURADE home bɛsɔ ano sɛ sɔfe asubɔnten.


Sɛ Sodom ne Gomora ne ɛho nkuro a Onyankopɔn butuiɛ no, AWURADE asɛm nie, obiara biara rentena hɔ, na onipa ba biara renyɛ mu hɔhoɔ.


Ɛnne a ɛse: Wɔafa Babel! no gyegyeegye nti asase woso, wɔte agyaadwotwa amanaman mu.


Mpofirim na Babel ahwe aseɛ na wɔabubu no. Montwa ne ho agyaadwo, momfa ne yea ano aduro mmra, ebia wɔsa a, ɛbɛyɛ yie.


Nsuano aman nyinaa, wo nti wɔn ho dwiri wɔn, na awɔse gu wɔn ahemfo so, wɔn anim akusa.


Ɔteaa mu denden na ɔkaa sɛ: Mommu dua no ntwitwa ne mman. Mompore n’ahahan mpansam n’aba; mmoa nnwane mfiri aseɛ, na nnomaa mfiri ne mman so.


sɔfe ne nkyene, hyeɛ a asase no nyinaa ahyeɛ a wɔnnua so adeɛ na ɛnsoɔ, na wira biara mfifiri soɔ, sɛ Sodom ne Gomora, Adma ne Seboim butuo a AWURADE de n’abufuo ne n’abufuhyeɛ butuiɛ no a, wɔbɛka ho asɛm,


Na akunafoɔ a wɔnnyiniiɛ deɛ, mfa wɔn; na sɛ Kristo ho fono wɔn a, na wɔpɛ sɛ wɔwareɛ,


Na wɔn ayayadeɛ wisie bɛforo soro daa daa, na wɔn a wɔbɛkoto aboa no ne ne honi, ne obiara a ɔbɛgye ne din agyiraeɛ no, rennya ɔhome awia ne anadwo.


Ɔno na wiase ahemfo ne no abɔ adwaman, na n’adwamammɔ nsa no abobo wɔn a wɔtete asase soɔ no.


na wɔhunuu ne hyeɛ wisie no, wɔteaa mu sɛ: Kuro bɛn na ɛte sɛ kuro kɛseɛ yi?


Ɔsoro ne mo ahotefoɔ ne asomafoɔ ne adiyifoɔ, momma mo bo ntɔ mo yam wɔ ne ho, ɛfiri sɛ Onyankopɔn abu no atɛn ama mo.


Ɛfiri sɛ amanaman nyinaa anom n’adwamammɔ abufuo nsa no bi, na asase so ahemfo ne no abɔ adwaman, na asase so adwadifoɔ nam ne taamudie ahoɔden so anya wɔn ho.


Dodoɔ a ɔhyɛɛ ne ho animuonyam na ɔdii taamu no, momma n’ayayadeɛ ne n’awerɛhoɔ nnɔɔso saa. Ɛfiri sɛ ɔkaa no n’akoma mu sɛ: Mete hɔ sɛ ɔhemmaa, na menyɛ okunafoɔ, na merenni awerɛhoɔ da.


Na wɔkaa bio sɛ: Haleluia! Na ne wisie foro soro daa daa.


Hwɛ, mede no bɛto mpa so, na mede wɔn a wɔne no sɛe awadeɛ no magu ahohia kɛseɛ mu, gye sɛ wɔasakyera wɔn adwene wɔ wɔn nnwuma mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan