Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Adiyisɛm 18:6 - New Revised Asante Twi Bible

6 Montua no ka, sɛdeɛ ɔtuaa mo ka, na momfa mmɔ ho mmienu mma no, sɛdeɛ ne nnwuma teɛ. Kuruwa a ɔfraeɛ no, momfra mmu mmɔ ho mmienu mma no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

6 Montua no ka, sɛdeɛ ɔtuaa mo ka, na momfa mmɔ ho mmienu mma no, sɛdeɛ ne nnwuma teɛ. Kuruwa a ɔfraeɛ no, momfra mmu mmɔ ho mmienu mma no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Sɛnea ɔyɛɛ mo no, monyɛ no saa pɛpɛɛpɛ; nea ɔyɛɛ mo biara no, muntua ne so ka mprenu. Nsa a ɔde maa mo no, monhyɛ no nea ano yɛ den mmɔho abien.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Sɛdeɛ ɔyɛɛ mo no, monyɛ no saa pɛpɛɛpɛ; deɛ ɔyɛɛ mo biara no, montua ne so ka mprenu. Nsa a ɔde maa mo no, monhyɛ no deɛ ano yɛ den mmɔho mmienu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

6 Muntua no ka, sɛnea otuaa mo ka, na momfa mmɔ ho abien mma no, sɛnea ne nnwuma te. Kuruwa a ɔfrae no, momfra mmu mmɔ ho abien mma no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Adiyisɛm 18:6
21 Iomraidhean Croise  

Babel babaa a wɔayɛ wo pasaa, nhyira ne deɛ ɔtua wo ka, sɛdeɛ wode yɛɛ yɛn no.


Yɛ wɔn sɛdeɛ wɔn nneyɛɛ ne wɔn abrabɔ bɔne teɛ, susu wɔn nsa ano nnwuma so ma wɔn, tua wɔn deɛ wɔayɛ so ka.


Monka abodwosɛm nkyerɛ Yerusalem, na mommɔ no kaseɛ sɛ n’akodie asa, sɛ wɔde ne mfomsoɔ akyɛ, sɛ ne bɔne nyinaa ho wanya AWURADE nsam mmɔho.


Mo aniwuo no ananmu mobɛnya mmɔho, na ahohora ananmu mobɛdi mo kyɛfa ho ahurisie; ɛno nti mobɛnya mmɔho, mo asase so, daa anigyeɛ bɛyɛ mo dea.


Na mɛtua wɔn amumuyɛ ne wɔn bɔne so ka mmɔho, sɛ wɔagu m’asase ho fi, wɔde wɔn atantanneɛ ne wɔn akyiwadeɛ afunu ahyɛ m’agyapadeɛ no ma.


Ma m’ataafoɔ ani nwuwu, na me deɛ, mma m’ani nnwu; wɔn deɛ, ma wɔn akoma ntu, na me deɛ, mma m’akoma nntu; fa da bɔne no bra wɔn so, fa obubuo mmɔho bubu wɔn.


Mommɔ ne so ose nhyia. Ɔde ne ho ama, ne nnyinasoɔ ahwehwe ase, n’afasuo adwiri, na AWURADE aweretɔ ne no. Montɔ mo were ne so, monyɛ no sɛdeɛ ɔyɛeɛ no.


Momfrɛ agyantofoɔ nkɔtoa Babel, wɔn a wɔkuntunu tadua mu nyinaa, monkyere ne ho nsraban nhyia. Mommma obiara mmfiri mu mmfi. Monsusu ne nneyɛɛ so nsi no ananmu, sɛdeɛ ɔyɛeɛ no nyinaa, monyɛ no saa ara, ɛfiri sɛ wayɛ AWURADE, Israel Kronkronni no so ahantansɛm.


Na mɛtua Babel ne Kaldeafoɔ nyinaa nnebɔne a wɔde ayɛ Sion no nyinaa so ka, mo ani so, AWURADE asɛm nie.


Babel nso, sɛdeɛ wɔmaa Israel atɔfoɔ hwehwee aseɛ no, saa ara na Babel nso asase nyinaa so atɔfoɔ bɛhwehwe aseɛ.


AWURADE, hyɛ wɔn ananmu, sɛdeɛ wɔn nsa ano nneyɛɛ teɛ.


Monsane mmra aban a ɛyɛ den no mu, mo nneduafoɔ a mowɔ anidasoɔ. Ɛnnɛ yi mpo mereka makyerɛ wo sɛ mmɔho na mede mahyɛ w’ananmu.


Aleksandro, kɔbere dwumfoɔ no, yɛɛ me bɔne pii. Awurade bɛtua no ka sɛdeɛ ne nnwuma teɛ.


Sɛ obi fa nnommum a, wɔbɛfa no dommum. Sɛ obi de nkrantɛ kum a, ɛtwa sɛ wɔde nkrantɛ ku no. Ɛha na ahotefoɔ boasetɔ ne gyidie wɔ.


ɔno ara na ɔbɛnom Nyankopɔn abufuo nsa a wɔahwie no gyenegyene agu n’abufuo kuruwa mu no bie, na wɔayɛ no ayayadeɛ, ogya ne sɔfe mu, abɔfoɔ kronkron ne Adwammaa no anim.


Na kuro kɛseɛ no mu paee afaafa mmiɛnsa, na amanaman nkuro hwehwee ase, na wɔkaee Babel kɛseɛ no, Nyankopɔn anim, sɛ wɔbɛma no n’abufuo a emu yɛ den no nsa kuruwa.


Ɔno na wiase ahemfo ne no abɔ adwaman, na n’adwamammɔ nsa no abobo wɔn a wɔtete asase soɔ no.


Na ɔbaa no hyɛ atadeɛ afasebire ne nkrawoɔ, na ɔde sika ne aboɔden aboɔ ne nhwene pa ahyehyɛ ne ho, na ɔkura sika kuruwa a akyiwadeɛ ne n’adwamammɔ fi ayɛ no ma.


Ɔsoro ne mo ahotefoɔ ne asomafoɔ ne adiyifoɔ, momma mo bo ntɔ mo yam wɔ ne ho, ɛfiri sɛ Onyankopɔn abu no atɛn ama mo.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan