Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Adiyisɛm 18:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Na metee nne foforɔ firii soro sɛ: Me man, momfiri ne mu, na moanyɛ ne nneyɛɛ bɔne no bi, na moannya ne haw no bi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Na metee nne foforɔ firii soro sɛ: Me man, momfiri ne mu, na moanyɛ ne nneyɛɛ bɔne no bi, na moannya ne haw no bi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Afei metee sɛ nne foforo bi a efi ɔsoro reka se, “Mumfi, me nkurɔfo, na moamfa mo ho amfra bɔne a ɔyɛ no mu, na mo ne no ankyɛ nʼasotwe!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Afei, metee nne foforɔ bi a ɛfiri ɔsoro ka sɛ, “Momfiri, me nkurɔfoɔ, na moamfa mo ho amfra bɔne a ɔyɛ no mu, na mo ne no ankyɛre nʼasotweɛ!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Na metee nne foforo fii soro sɛ: Me man, mumfi no mu, na moanyɛ ne nneyɛe bɔne no bi, na moannya ne haw no bi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Adiyisɛm 18:4
16 Iomraidhean Croise  

Na Lot firii adi ne ne nsenom a wɔrebɛware ne mmammaa no kɔkasaa sɛ: Monsɔre mfiri ha, na AWURADE rebɛsɛe kuro yi. Nanso ɔyɛɛ ne nsenom ani so sɛ obi a ɔredi fɛw.


Sɛ wohunu owifoɔ a, wopɛ n’asɛm, na wo ne awaresɛefoɔ bɔ.


Momfiri Babel, momfa ahurisidie nne nnwane mfiri Kaldeafoɔ mu. Monka, momma wɔnte yei, momma no mfiri nkɔduru asase ano. Monka sɛ: AWURADE agye n’akoa Yakob.


Montwe mo ho, montwe mo ho mfiri hɔ nkɔ, monnka adeɛ a ɛho nteɛ; momfiri adi mfiri ne mu, monte mo ho, mo a mosoa AWURADE nnwinneɛ no.


Monnwane mfiri Babel, na momfiri Kaldeafoɔ asase so nkɔ, na monyɛ sɛ mpapo a wɔdi nnwan anim.


Me man, momfiri adi mfiri ne mu, na monnyegye mo kra mfiri AWURADE abufuo mu gya no ano.


Mo a moafiri mu afiri afena ano no, monnante nkɔ, monnnyina! Momfiri akyirikyiri nkae AWURADE, Yerusalem nso mmra mo akoma mu.


Monnwane mfiri Babel mu, na mommema mo kra mfiri mu mfi, na monnnwerɛ wɔ n’amumuyɛ mu, na AWURADE aweretɔ berɛ nie, ɔretua no ne nneyɛɛ so ka.


Anka yɛresa Babel yadeɛ, nanso ansa. Monnya no mma yɛnkɔ yɛn nsase so, na n’atemmuo akɔduru ɔsoro, na wɔama so de akɔduru wiem tɔnn.


na moka sɛ: Sɛ yɛwɔ yɛn agyanom berɛ so a, anka yɛne wɔn remmom nhwie adiyifoɔ no mogya ngu.


Enti momfiri wɔn mu, na monte mo ho mfiri wɔn mu, Awurade na ɔseɛ, na monnka deɛ ɛyɛ fi; na me nso magye mo,


Mfa wo nsa ngu obi so ntɛm, nanso mfa wo ho mfra ebinom bɔne mu. Sie wo ho kronn.


Na deɛ ɔkyea no no yɛ ne nnwuma bɔne no fafafoɔ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan