Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Adiyisɛm 18:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Ɛfiri sɛ amanaman nyinaa anom n’adwamammɔ abufuo nsa no bi, na asase so ahemfo ne no abɔ adwaman, na asase so adwadifoɔ nam ne taamudie ahoɔden so anya wɔn ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Ɛfiri sɛ amanaman nyinaa anom n’adwamammɔ abufuo nsa no bi, na asase so ahemfo ne no abɔ adwaman, na asase so adwadifoɔ nam ne taamudie ahoɔden so anya wɔn ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Ɔde ne nsa a ɛyɛ nʼaguamammɔ a ano yɛ den no maa nnipa nyinaa nomee. Asase so ahene ne no bɔɔ aguaman, na asase so adwumayɛfo nam nʼahonya mmoroso so nyaa wɔn ho.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Ɔde ne nsã a ɛyɛ nʼadwamammɔ a ano yɛ den no maa nnipa nyinaa nomeeɛ. Asase so ahene ne no bɔɔ adwaman, na asase so adwadifoɔ nam nʼahonya mmorosoɔ so nyaa wɔn ho.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Efisɛ amanaman nyinaa anom n’aguamammɔ abufuw nsa no bi, na asase so ahene ne no abɔ aguaman, na asase so aguadifo nam ne taamudi ahoɔden so anya wɔn ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Adiyisɛm 18:3
17 Iomraidhean Croise  

Saa na wɔn a woabrɛ wɔn ho no bɛyɛ ama woɔ; wɔn a wo ne wɔn ananteɛ firi wo mmɔfraase no, wɔbɛyera akɔ wɔn fam; obiara nni hɔ a ɔbɛgye wo nkwa.


Babelhene Nebukadnessar atete me, wayam me, ɔde me asi hɔ sɛ adeɛ a hwee nni mu. Wamene me sɛ asuo mu bɔpɔn bi, wayɛ me nnɔkɔnnɔkɔwadeɛ de me ahyɛ ne yafunu ma, wapu me agu sɛ nsuo.


Babel yɛ AWURADE nsam sika kuruwa a ɛma asase nyinaa borɔ; amanaman anom ne nsa no bi, enti na amanaman abobɔ dam.


Wɔn a wɔdii adɔkɔdɔkɔdeɛ no ayɛ pasaa mmorɔno so; wɔn a wɔyɛne wɔn ɔtankɔkɔɔ soɔ no yɛ sumina atuu.


Yei nyinaa firi Ninewe, odwamamfoɔ hoɔfɛfoɔ ntafowayifoɔ no adwamammɔ dodoɔ no, ɔno na ɔde n’adwamammɔ tɔn amanaman, na ɔde ne ntafowayie tɔn mmusuakuo.


Anaasɛ ɛdeɛn na mofiri kɔhwɛeɛ? Onipa a ɔhyɛ ntadeɛ bɔkɔɔ? Hwɛ, wɔn a wɔhyɛ ntade pa na wɔn asetena mu yɛ wɔn dɛ wɔ ahemfie.


Na akunafoɔ a wɔnnyiniiɛ deɛ, mfa wɔn; na sɛ Kristo ho fono wɔn a, na wɔpɛ sɛ wɔwareɛ,


Na ɔbɔfoɔ foforɔ a ɔtɔ so mmienu dii akyire kaa sɛ: Babel kɛseɛ no ahwe ase, ahwe ase, ɛfiri sɛ wama amanaman nyinaa anom n’adwamammɔ abufuo nsa no bi.


Ɔno na wiase ahemfo ne no abɔ adwaman, na n’adwamammɔ nsa no abobo wɔn a wɔtete asase soɔ no.


Na wɔde dɔteɛ guu wɔn atifi, na wɔde osu ne gyam teaa mu sɛ: Due, due, kuro kɛseɛ yi a n’aboɔdenneɛ nti wɔn a wɔwɔ hyɛn wɔ ɛpo soɔ nyinaa anyinya wɔn ho wɔ mu, ɛfiri sɛ dɔnhwereɛ baako pɛ mu na wɔayɛ no pasaa.


na kanea hann renhyerɛn wo mu bio, na wɔrente ayeforɔkunu ne ayeforɔ nne wo mu bio, ɛfiri sɛ w’adwadifoɔ yɛɛ asase so nnipa akɛseɛ, na wɔde w’adutoɔ adaadaa amanaman nyinaa.


Dodoɔ a ɔhyɛɛ ne ho animuonyam na ɔdii taamu no, momma n’ayayadeɛ ne n’awerɛhoɔ nnɔɔso saa. Ɛfiri sɛ ɔkaa no n’akoma mu sɛ: Mete hɔ sɛ ɔhemmaa, na menyɛ okunafoɔ, na merenni awerɛhoɔ da.


Na asase so ahemfo a wɔne no abɔ adwaman na wɔadi taamu no, sɛ wɔhunu ne hyeɛ wisie a, wɔbɛsu no, na wɔabobɔ ne ho abubuo.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan