Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Adiyisɛm 18:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Na ɔde nne a emu yɛ den teaa mu sɛ: Wahwe ase, Babel kɛseɛ no ahwe ase, na adane ahonhommɔne tenaberɛ ne ahonhom fi nyinaa atɛeɛ ne nnomaa a wɔyɛ fi na wɔkyiri wɔn nyinaa atɛeɛ!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Na ɔde nne a emu yɛ den teaa mu sɛ: Wahwe ase, Babel kɛseɛ no ahwe ase, na adane ahonhommɔne tenaberɛ ne ahonhom fi nyinaa atɛeɛ ne nnomaa a wɔyɛ fi na wɔkyiri wɔn nyinaa atɛeɛ!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Ɔteɛɛ mu denneennen se, “ ‘Wahwe ase! Babilonia Kokuroko ahwe ase!’ Adan ahonhommɔne tenabea ne ahonhom fi nyinaa ahintawee. Nnomaafi a wokyi wɔn nyinaa te ne mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Ɔteaam dendeenden sɛ, “ ‘Wahwe ase! Babilonia kɛseɛ ahwe ase!’ Adane ahonhommɔne tenaberɛ ne ahonhom efi nyinaa atɛeɛ. Nnomaa a wɔyɛ efi a wɔkyiri wɔn nyinaa te ne mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Na ɔde nne a emu yɛ den teɛɛm sɛ: Wahwe ase, Babel kɛse no ahwe ase, na adan ahonhommɔne tenabea ne ahonhom fi nyinaa atɛwee ne nnomaa a wɔyɛ fi na wokyi wɔn nyinaa atɛwee.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Adiyisɛm 18:2
26 Iomraidhean Croise  

Na mede no bɛyɛ mpɛsɛ agyapadeɛ ne nsuo atareɛ, na mede ɔsɛeɛ praeɛ mapra no, asafo AWURADE asɛm nie.


Enti hyɛ nsɛm yi nyinaa ho nkɔm kyerɛ wɔn, na se wɔn sɛ: AWURADE firi sorosoro bobom, na ɔma ne nne so firi ne tenabea kronkron hɔ; bɔ na ɔbobɔ mu gu ne nkurɔfoɔ soɔ, ɔteɛ mu sɛ bobe abawɔfoɔ, de tia asase no sofoɔ nyinaa.


na Babel ayɛ akuakuo ne ɛserɛ so kraman tenabea, ahodwirideɛ ne fɛdie, na obiara rentena hɔ.


Mpofirim na Babel ahwe aseɛ na wɔabubu no. Montwa ne ho agyaadwo, momfa ne yea ano aduro mmra, ebia wɔsa a, ɛbɛyɛ yie.


Na AWURADE firi Sion bobom na ɔfiri Yerusalem ma ne nne so, na ɔsoro ne asase wosowoso; nanso AWURADE yɛ dwanekɔbea ma ne man, ne aban a ɛyɛ den ma Israel mma.


na mmoakuo abutubutu mu, mmoadoma nyinaa; nantwinoma ne apɛsɛ nso bɛtena n’adum no so; wɔte nnomaa su mpomma mu, ewira dodoɔ gugu aponnwa ase, na wama ne ntweneduro no ho ada hɔ.


na ne nan te sɛ yaawa fɛfɛ a adɔ fononoo mu, na ne nne te sɛ nsuo bebree nne,


Na ɔde nne kɛseɛ teaa mu sɛdeɛ gyata bobɔ mu. Na ɔteaa mu no, aprannaa nson no de wɔn nne kasae.


Na wɔn afunu bɛdeda kuro kɛseɛ no abɔntene so, kuro a honhom mu wɔfrɛ no Sodom ne Misraim, deɛ wɔbɔɔ wɔn Awurade nso asɛnnua mu no.


Na ɔbɔfoɔ foforɔ firi asɔredan no mu de nne kɛseɛ teaa mu kyerɛɛ deɛ ɔte mununkum no soɔ no sɛ: To wo kantankrankyi twitwa, ɛfiri sɛ twaberɛ adu, na asase so nnoɔma ahoa.


Na ɔbɔfoɔ foforɔ a ɔtɔ so mmienu dii akyire kaa sɛ: Babel kɛseɛ no ahwe ase, ahwe ase, ɛfiri sɛ wama amanaman nyinaa anom n’adwamammɔ abufuo nsa no bi.


Na mehunuu ahonhom fi mmiɛnsa a wɔte sɛ mponkyerɛne, sɛ wɔfiri ɔtweaseɛ no anomu ne aboa no anomu ne adiyifoɔ atorofoɔ no anomu.


Na kuro kɛseɛ no mu paee afaafa mmiɛnsa, na amanaman nkuro hwehwee ase, na wɔkaee Babel kɛseɛ no, Nyankopɔn anim, sɛ wɔbɛma no n’abufuo a emu yɛ den no nsa kuruwa.


Na ɔbaa a wohunuu no no ne kuro kɛseɛ a ɛdi asase so ahemfo so hene no.


Na wɔatwerɛ din bi ne moma so sɛ: Ahuntasɛm. Babel kɛseɛ no, asase so nnwamamfoɔ ne akyiwadeɛ na.


N’aninyanneɛ no suro nti wɔbɛgyinagyina akyiri aka sɛ: Due, due, kuro kɛseɛ Babel, kuro a ɛyɛ den, ɛfiri sɛ dɔnhwereɛ baako mu na w’atemmuo aba.


Na ɔbɔfoɔ hoɔdenfoɔ bi maa ɔboɔ bi a ɛte sɛ owiyammoɔ kɛseɛ so to twenee ɛpo mu kaa sɛ: Sɛdeɛ wɔbɛto kuro kɛseɛ Babel atwene hwii ne no, na wɔrenhunu bio koraa.


Na mehunuu ɔbɔfoɔ hoɔdenfoɔ bi a ɔde nne kɛseɛ teaa mu sɛ: Hwan na ɔfata sɛ ɔbue nwoma no mu na ɔte ne nsɔano no?


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan