Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Adiyisɛm 17:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 Ɛha na adwene a nyansa wɔ mu no wɔ. Tire nson no yɛ mmepɔ nson a ɔbaa no te soɔ, na ɛyɛ ahemfo baason.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 Ɛha na adwene a nyansa wɔ mu no wɔ. Tire nson no yɛ mmepɔ nson a ɔbaa no te soɔ, na ɛyɛ ahemfo baason.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 “Nyansa ne ntease ho hia wɔ ha. Eti ason no gyina hɔ ma mmepɔw ason, mmepɔw a ɔbea no tena so. Wɔyɛ ahene baason nso

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 “Nyansa ne nteaseɛ ho hia wɔ ha. Etire nson no gyina hɔ ma mmepɔ nson, mmepɔ a ɔbaa no tena so. Wɔyɛ ahene baason nso

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 Ɛha na adwene a nyansa wom no wɔ. Ti ason no yɛ mmepɔw ason a ɔbea no te so, na ɛyɛ ahemfo baasɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Adiyisɛm 17:9
10 Iomraidhean Croise  

Na wo, Daniel, toto nsɛm no mu na sɔ nwoma no ano kɔduru awieeɛ berɛ no so; nnipa bebree bɛdwane adi akɔneaba, na nimdeɛ adɔɔso.


Hwan ne onyansafoɔ a ɔbɛhunu yeinom mu, nhunumufoɔ a ɔbɛhunu ɛno? Na AWURADE akwan yɛ tee, na ateneneefoɔ bɛnante so, na mmaratofoɔ deɛ wɔbɛhwehwe so ase.


Na ɔbua see wɔn sɛ: Mo deɛ, wɔde ama mo sɛ monhunu ɔsoro ahennie mu ahuntasɛm no, na wɔn deɛ, wɔmfa mmaa wɔn.


Enti sɛ mohunu akyiwadeɛ a ɛbɔ man no a Odiyifoɔ Daniel kaeɛ no, sɛ ɛgyina kronkronbea hɔ no a, (deɛ ɔrekenkan no, ma no nte aseɛ!)


Na mehunuu aboa bi a ɔwɔ mmɛn du, ɛne tire nson sɛ ɔfiri po mu sɔreeɛ, na ahemmotire du bobɔ ne mmɛn, na abusudin wowɔ ne tiri ho.


Ɛha na wɔhwehwɛ nyansa. Deɛ ɔwɔ nteaseɛ mmu aboa no akonta no ntoano, na ɛyɛ onipa akonta ntoano, na n’akonta ntoano yɛ ahansia aduosia nsia.


Na ɔbaa a wohunuu no no ne kuro kɛseɛ a ɛdi asase so ahemfo so hene no.


Na ɔde me faa honhom mu kɔɔ ɛserɛ so. Na mehunuu ɔbaa bi a ɔte aboa kɔkɔɔ a abususɛm din ahyɛ no ma, na ɔwɔ tiri nson ne mmɛn du so.


Na ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ me sɛ: Adɛn nti na ayɛ wo nwanwa? Mɛka wo ɔbaa no ne aboa a ɔso no a ɔwɔ tire nson ne mmɛn du no ho ahuntasɛm no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan