Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Adiyisɛm 17:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Ɔno na wiase ahemfo ne no abɔ adwaman, na n’adwamammɔ nsa no abobo wɔn a wɔtete asase soɔ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Ɔno na wiase ahemfo ne no abɔ adwaman, na n’adwamammɔ nsa no abobo wɔn a wɔtete asase soɔ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Wiase ahene ne no bɔɔ aguaman, na asase so nnipa bobow wɔ nʼaguaman nsa no mu.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Ewiase ahene ne no bɔɔ adwaman, na asase so nnipa aboto wɔ nʼadwaman nsã no mu.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Ɔno na wiase ahemfo ne no abɔ aguaman, na n’aguamammɔ nsa no abobow wɔn a wɔtete asase so no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Adiyisɛm 17:2
14 Iomraidhean Croise  

Babel yɛ AWURADE nsam sika kuruwa a ɛma asase nyinaa borɔ; amanaman anom ne nsa no bi, enti na amanaman abobɔ dam.


Yei nyinaa firi Ninewe, odwamamfoɔ hoɔfɛfoɔ ntafowayifoɔ no adwamammɔ dodoɔ no, ɔno na ɔde n’adwamammɔ tɔn amanaman, na ɔde ne ntafowayie tɔn mmusuakuo.


na ɔsee no sɛ: Nnipa nyinaa de nsa pa na ɛbɛsisi hɔ kane, na sɛ wɔboboro a, ɛno ansa na wɔde deɛ ɛnyɛ ba; na wo deɛ, wode nsa pa no asie abɛduru sɛsɛɛ.


Na ɔbɔfoɔ foforɔ a ɔtɔ so mmienu dii akyire kaa sɛ: Babel kɛseɛ no ahwe ase, ahwe ase, ɛfiri sɛ wama amanaman nyinaa anom n’adwamammɔ abufuo nsa no bi.


Yeinom wɔ adwene korɔ, na wɔde wɔn tumi ne wɔn ahoɔden bɛma aboa no.


Na Onyankopɔn na ɔde ahyɛ wɔn akoma mu sɛ wɔmma ne tiri mu asɛm mmra mu, na wɔnyɛ adwene korɔ, na wɔmfa wɔn ahennie mma aboa no nkɔsi sɛ Nyankopɔn nsɛm no bɛwie duro.


Na wɔatwerɛ din bi ne moma so sɛ: Ahuntasɛm. Babel kɛseɛ no, asase so nnwamamfoɔ ne akyiwadeɛ na.


Aboa a wohunuu no no, da bi na ɔwɔ hɔ, na afei deɛ, ɔnni hɔ, na ɔbɛfiri bunu no mu aba, na wabɛsene akɔ ɔsɛeɛ mu. Na ɛbɛyɛ wɔn a wɔtete asase soɔ a wɔamfiri wiase ahyɛaseɛ antwerɛ wɔn din nkwa nwoma mu no nwanwa sɛ, wɔbɛhunu aboa no, sɛ da bi na ɔwɔ hɔ, na afei deɛ, ɔnni hɔ, nanso ɔwɔ hɔ ara.


na kanea hann renhyerɛn wo mu bio, na wɔrente ayeforɔkunu ne ayeforɔ nne wo mu bio, ɛfiri sɛ w’adwadifoɔ yɛɛ asase so nnipa akɛseɛ, na wɔde w’adutoɔ adaadaa amanaman nyinaa.


Ɛfiri sɛ amanaman nyinaa anom n’adwamammɔ abufuo nsa no bi, na asase so ahemfo ne no abɔ adwaman, na asase so adwadifoɔ nam ne taamudie ahoɔden so anya wɔn ho.


Na asase so ahemfo a wɔne no abɔ adwaman na wɔadi taamu no, sɛ wɔhunu ne hyeɛ wisie a, wɔbɛsu no, na wɔabobɔ ne ho abubuo.


Hwɛ, mede no bɛto mpa so, na mede wɔn a wɔne no sɛe awadeɛ no magu ahohia kɛseɛ mu, gye sɛ wɔasakyera wɔn adwene wɔ wɔn nnwuma mu.


Ɛsiane sɛ woadi me boasetɔ asɛm soɔ nti, me nso mɛkora wo, sɔhwɛ berɛ a ɛbɛba wiase nyinaa soɔ, sɛ wɔbɛsɔ wɔn a wɔte asase soɔ ahwɛ no, mu.


Na wɔansakyera wɔn adwene amfiri wɔn awudie ne wɔn adutoɔ ne wɔn adwamammɔ ne wɔn korɔno ho.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan