Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Adiyisɛm 17:12 - New Revised Asante Twi Bible

12 Na mmɛn du a wohunuiɛ no ne ahemfo du a wɔnnyaa ahennie, nanso wɔne aboa no bɛnya tumi sɛ ahemfo dɔnhwere baako.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

12 Na mmɛn du a wohunuiɛ no ne ahemfo du a wɔnnyaa ahennie, nanso wɔne aboa no bɛnya tumi sɛ ahemfo dɔnhwere baako.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 “Mmɛn du a wuhui no yɛ ahene du a womfii wɔn ahenni ase a wɔbɛma wɔn tumi na wɔne aboa no adi hene dɔnhwerew no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 “Mmɛn edu a wohunuiɛ no yɛ ahene edu a wɔmfirii wɔn ahennie ase a wɔbɛma wɔn tumi na wɔne aboa no adi ɔhene dɔnhwereɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

12 Na mmɛn du a wuhui no ne ahemfo du a wonnyaa ahenni, nanso wɔne aboa no benya tumi sɛ ahemfo dɔnhwerew biako.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Adiyisɛm 17:12
12 Iomraidhean Croise  

ne ne tiri so mmɛn du ne foforɔ a ɛpueeɛ no a mmiɛnsa tutuu wɔ n’anim, abɛn no a ɛwɔ aniwa ne ano a ɛkeka nsɛnkɛseɛ, na wɔhwɛ a, ɔso sene ne mfɛfoɔ no deɛ;


Na mmɛn du no, ahennie no ara mu na ahemfo du bɛsɔreɛ, na wɔn akyiri no, ɔfoforɔ bi bɛsɔre, na ɛbɛsono ɔno ne akanefoɔ no, na ɔbɛbrɛ ahemfo baasa ase.


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Ɛsɛ sɛ woka nkurɔfoɔ ne aman ne ɔkasa ne ahemfo bebree ho adiyisɛm bio.


Na nsɛnkyerɛnneɛ foforɔ yii ne ho adi wɔ ɔsoro, na hwɛ, ɔtweaseɛ kakraka kɔkɔɔ a ɔwɔ tire nson ne mmɛn du, na ahemmotire nson bobɔ ne ti.


Na mehunuu aboa bi a ɔwɔ mmɛn du, ɛne tire nson sɛ ɔfiri po mu sɔreeɛ, na ahemmotire du bobɔ ne mmɛn, na abusudin wowɔ ne tiri ho.


Na mmɛn du a wohunuiɛ no, ne aboa no, wɔn na wɔbɛtane odwamamfoɔ no, na wɔayɛ no pasaa, na wada adagya, na wɔadi ne nam, na wɔde ogya ahye no.


N’aninyanneɛ no suro nti wɔbɛgyinagyina akyiri aka sɛ: Due, due, kuro kɛseɛ Babel, kuro a ɛyɛ den, ɛfiri sɛ dɔnhwereɛ baako mu na w’atemmuo aba.


Ɛfiri sɛ dɔnhwereɛ baako pɛ mu na saa ahonya no ayɛ pasaa yi. Na hyɛn akwankyerɛfoɔ nyinaa ne wɔn a wɔnam hyɛn mu kɔ baabi nyinaa, ne hyɛn mufoɔ ne dodoɔ a wɔyɛ ɛpo so adwuma gyinagyina akyiri,


Na wɔde dɔteɛ guu wɔn atifi, na wɔde osu ne gyam teaa mu sɛ: Due, due, kuro kɛseɛ yi a n’aboɔdenneɛ nti wɔn a wɔwɔ hyɛn wɔ ɛpo soɔ nyinaa anyinya wɔn ho wɔ mu, ɛfiri sɛ dɔnhwereɛ baako pɛ mu na wɔayɛ no pasaa.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan