Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Adiyisɛm 17:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Na abɔfoɔ baason a wɔkurakura nkuruwa nson no mu baako bae ne me bɛkasaa sɛ: Bra na menkyerɛ wo odwamamfoɔ kɛseɛ a ɔte nsuo pii no soɔ no atemmuo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Na abɔfoɔ baason a wɔkurakura nkuruwa nson no mu baako bae ne me bɛkasaa sɛ: Bra na menkyerɛ wo odwamamfoɔ kɛseɛ a ɔte nsuo pii no soɔ no atemmuo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Abɔfo baason no mu ɔbaako a okura nkuruwa ason no baa me nkyɛn bɛkae se, “Bra na menkyerɛ wo ɔkwan a wɔbɛfa so atwe oguamanfo kɛse a ɔte nsu pii so no aso.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Abɔfoɔ baason no mu baako a ɔkura nkuruwa nson no baa me nkyɛn bɛkaa sɛ, “Bra na menkyerɛ wo kwan a wɔbɛfa so atwe odwamanfoɔ kɛseɛ a ɔte nsuo pii so no aso.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Na abɔfo baason a wokurakura nkuruwa ason no mu biako bae ne me bɛkasae sɛ: Bra na menkyerɛ wo aguamammɔfo kɛse a ɔte nsu pii no so no atemmu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Adiyisɛm 17:1
20 Iomraidhean Croise  

Sɛdeɛ kuro nokwafoɔ adane odwamamfoɔ yi, na anka atemmuo ayɛ no ma! Na tenenee nso te mu, na afei deɛ, awudifoɔ nko ara!


Na mo deɛ, montwe mmra ha, ɔbaabayifoɔ mma, ɔwaresɛefoɔ ne odwamamfoɔ asefoɔ.


Na mefiri teteete na mebubuu wo kɔnnua tetee wo nkyehoma mu, na wokaa sɛ: Merensom! Ɛfiri sɛ nkokoɔ a ɛkorɔn nyinaa so ne nnua frɔmfrɔm nyinaa ase na woda bɔ adwaman.


O, wo a wote nsuo bebree soɔ a w’akoradeɛ dɔɔso no, w’awieeɛ aba, deɛ wɔasusuo a wɔbɛtwa no wo soɔ no aduru so.


Nsuo maa no yɛɛ kɛse, ebunu maa no korɔnn. Ne nsutene sene twaa ne mfuo ho hyiae, na ɛde ne nsuka kɔɔ wiram nnua nyinaa ho.


Ɛnna wɔsesee wɔn ho sɛ: Ɔne yɛn rekasa kwan mu na ɔbuee atwerɛ nsɛm no mu kyerɛɛ yɛn no, yɛn akoma mu anyɛ yɛn dɛdɛɛdɛ anaa?


Na hwɛ, mmarima baanu a ɛyɛ Mose ne Elia ne no bɛkasae;


Yesu Kristo adiyie a Onyankopɔn de maa no sɛ ɔnkyerɛ ne nkoa deɛ ɛtwa sɛ ɛba ntɛm, na ɔnam ne bɔfoɔ so de bɛkyerɛɛ n’akoa Yohane


Na mehunuu nsɛnkyerɛnneɛ foforɔ bi a ɛso na ɛyɛ nwanwa ɔsoro: Abɔfoɔ baason a wɔkurakura ɔhaw mmusuo nson a ɛtwa toɔ a ɛno na ɛtwa Onyankopɔn abufuo no to.


Na kuro kɛseɛ no mu paee afaafa mmiɛnsa, na amanaman nkuro hwehwee ase, na wɔkaee Babel kɛseɛ no, Nyankopɔn anim, sɛ wɔbɛma no n’abufuo a emu yɛ den no nsa kuruwa.


Na yeinom akyiri no, mehunuu ɔbɔfoɔ foforɔ sɛ ɔfiri soro resiane ba, na ɔwɔ tumi kɛseɛ, na n’animuonyam nti asase hrann.


ɛfiri sɛ n’atemmuo yɛ nokorɛ na ɛtene, sɛ ɔbuu odwamamfoɔ kɛseɛ a ɔde n’adwamammɔ asɛe asase no atɛn, na ɔtɔɔ ne nkoa mogya so werɛ wɔ ne nsamu.


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Twerɛ: Nhyira ne wɔn a wɔahyia wɔn adwammaa no ayeforɔ aseɛ. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Nyankopɔn nsɛm a ɛyɛ nokorɛ nie.


Na deɛ ɔne me rekasa no kura sika susudua sɛ ɔde rebɛsusu kuro no ne n’apono ne ne fasuo no.


Na abɔfoɔ baason a wɔkurakura nkuruwa nson no a ɔhaw mmusuo nson a ɛdi akyire no ahyehyɛ mu mama no mu baako baa me nkyɛn, ne me bɛkasaa sɛ: Bra na menkyerɛ wo ayeforɔ, Adwammaa no yere no.


Yei akyiri no, mehwɛe, na hwɛ, wɔahini ɛpono ɔsoro, na ɛnne a metee kane sɛ totorobɛnto a ɛne me kasaeɛ no se: Foro bra ha na mɛkyerɛ wo deɛ ɛtwa sɛ yeinom akyiri no ɛba.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan