Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Adiyisɛm 16:11 - New Revised Asante Twi Bible

11 na wɔn yea ne wɔn nkudaa nti wɔkaa ɔsoro Nyankopɔn ho abususɛm, na wɔannu wɔn ho wɔ wɔn nnwuma mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

11 na wɔn yea ne wɔn nkudaa nti wɔkaa ɔsoro Nyankopɔn ho abususɛm, na wɔannu wɔn ho wɔ wɔn nnwuma mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 na esiane saa ɔyaw no ne akuru a etutuu wɔn no nti, wɔdomee ɔsoro Nyankopɔn. Nanso wɔantwe wɔn ho amfi wɔn bɔne ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 na ɛsiane saa yea no ne akuro a ɛtutuu wɔn no enti, wɔdomee ɔsoro Onyankopɔn. Nanso, wɔantwe wɔn ho amfiri wɔn bɔne ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

11 na wɔn yaw ne wɔn akisikuru nti wɔkaa ɔsoro Nyankopɔn ho abususɛm, na wɔannu wɔn ho wɔn nnwuma mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Adiyisɛm 16:11
20 Iomraidhean Croise  

Na n’ahohiahia berɛ mu no Ɔhene Ahas no ara kɔɔ so fomm AWURADE,


Sɛ Persiahene Kores seɛ nie: Asase so ahennie nyinaa na AWURADE, ɔsoro Nyankopɔn no de ahyɛ me nsa, na ɔno ara de ato me so sɛ mensi efie memma no Yerusalem a ɛwɔ Yuda. Mo mu biara a ɔwɔ ha a ɔbɛtumi no, AWURADE ne Nyankopɔn nni n’akyi, na ɔmforo nkɔ.


Sɛ Persiahene Kores seɛ nie: Asase so ahennie nyinaa na AWURADE ɔsoro Nyankopɔn de ahyɛ me nsa, na ɔno ara ahyɛ me sɛ mensi efie memma no Yerusalem a ɛwɔ Yuda.


na wɔmmɔ afɔdeɛ hwamhwam mma ɔsoro Nyankopɔn, na wɔnyi ɔhene ne ne mma nkwa so apaeɛ.


Artasasta, ahene mu hene no de kɔma Ɔsɔfoɔ Esra, ɔsoro Nyankopɔn mmara twerɛfoɔ a ɔdi mu, ne ade.


Na me, Ɔhene Artasasta, mahyɛ sikakorafoɔ a wɔwɔ asuogya no nyinaa sɛ adeɛ a Ɔsɔfoɔ Esra, ɔsoro Nyankopɔn mmara twerɛfoɔ no, bɛbisa mo no nyinaa wɔmmɔ mmɔden nyɛ,


Adeɛ biara a ɔsoro Nyankopɔn hyɛ no nyinaa, ma wɔnyɛ no pɛpɛɛpɛ mma ɔsoro Nyankopɔn fie no, na n’abufuo ansɔre antia ɔhene ne ne mma ahennie no.


Na metee nsɛm yi no, metenaa ase mesui, na medii abooboo nna bi, na medii abuada, na mebɔɔ mpaeɛ ɔsoro Nyankopɔn no anim,


Na ɔhene no ka kyerɛɛ me sɛ: Na ɛdeɛn na worehwehwɛ yi? Ɛnna mebɔɔ ɔsoro Nyankopɔn mpaeɛ,


Monna ɔsoro Nyankopɔn ase, na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.


Na ahemfo no nna no mu no ɔsoro Nyankopɔn bɛma ahennie a wɔrensɛe no da, na wɔrennya n’ahennie mma ɔman foforɔ bi so, na ɛbɛbubu ahennie ahodoɔ no nyinaa ama no asa, na ɛno deɛ, ɛbɛgyina daa.


Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Meyɛ Hebrini, na mesɔre AWURADE, ɔsoro Nyankopɔn a ɔyɛɛ ɛpo ne asase pɛsɛɛ no.


Na nnipa bɔne asisifoɔ bɛkɔ wɔn anim wɔ bɔne mu, wɔdaadaa na wɔdaadaa wɔn.


Na ɛdɔn no ara mu asase wosoo kɛse, na kuro no nkyekyɛmu du mu baako hwee ase, na asasewosoɔ no kumm nnipa mpemnson. Na wɔn a ɛkaeɛ no suroe, na wɔhyɛɛ ɔsoro Nyankopɔn animuonyam.


Na deɛ ɔdi kan no kɔe, na ɔkɔhwiee ne kuruwa no guu asase so. Na nkudaa bɔne a ɛtutuo baa nnipa a wɔwɔ aboa no agyirahyɛdeɛ ne wɔn a wɔkotoo ne honi no so.


Na asukɔtweaa akɛseɛ a ɛte sɛ dwetikɛseboɔ firi soro guguu nnipa so, na asukɔtweaa no haw nti nnipa kaa Nyankopɔn ho abususɛm ɛfiri sɛ na ɔhaw no so kɛse.


Na wɔde ahuhuro kɛseɛ hyehyee nnipa, na wɔkaa Onyankopɔn a ɔwɔ ɔhaw mmusuo yi so ahoɔden no din ho abususɛm, na wɔansakyera wɔn adwene anhyɛ no animuonyam.


Na mama no berɛ sɛ ɔmfa nsakyera n’adwene mfiri n’adwamammɔ mu, na wansakyera.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan