Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Adiyisɛm 16:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Na metee nne kɛseɛ bi a ɛfiri asɔredan no mu reka kyerɛ abɔfoɔ baason no sɛ: Monkɔ nkɔhwie Nyankopɔn abufuo nkuruwa nson no ngu asase so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Na metee nne kɛseɛ bi a ɛfiri asɔredan no mu reka kyerɛ abɔfoɔ baason no sɛ: Monkɔ nkɔhwie Nyankopɔn abufuo nkuruwa nson no ngu asase so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Afei metee nne bi sɛ ɛrekasa fi asɔredan mu hɔ kyerɛ abɔfo no se, “Monkohwie Onyankopɔn abufuw ason a ɛwɔ nkuruwa ason no mu no ngu asase so.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Afei, metee nne bi sɛ ɛrekasa firi asɔredan mu hɔ kyerɛ abɔfoɔ no sɛ, “Mo nkɔ nkɔhwie Onyankopɔn abufuo nson a ɛwɔ nkuruwa nson mu no ngu asase so.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Na metee nne kɛse bi a efi asɔredan no mu ka kyerɛɛ abɔfo baason no sɛ: Monkɔ nkohwie Onyankopɔn abufuw nkuruwa ason no ngu asase so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Adiyisɛm 16:1
17 Iomraidhean Croise  

Hwie w’abufuo gu amanaman a wɔnni woɔ ne ahennie a wɔmmɔ wo din no so,


Ma w’abufuhyeɛ ngu amanaman a wɔnnim woɔ, ne nkurɔfoɔ a wɔmmɔ wo din no so, ɛfiri sɛ wɔatete Yakob mu, wɔatete ne mu amene no, na wɔayɛ ne tenabea no amamfo.


Na ɔka kyerɛɛ ɔbarima a ɔhyɛ nwera atadeɛ no sɛ: Kɔ nkyimiiɛ no ntam, Kerub no ase hɔ, na fa nnyansramma firi Kerubim no ntam hyehyɛ wo nsam ma ma, na fa pete kuro no so. Na ɔkɔɔ mu wɔ m’anim.


Enti mɛhwie m’abufuhyeɛ agu wɔn so, na madwerɛ wɔn anibereɛ gya no mu, na mede wɔn abrabɔ abua wɔn atifi, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.


Enti monhwɛ me kwan, AWURADE asɛm nie, nkɔsi da a mɛsɔre mabɛgye asadeɛ. Na ɛyɛ m’atemmudeɛ sɛ meboa amanaman ano na mehyia ahennie aman, na mahwie m’abohuro, m’abufuhyeɛ nyinaa, agu wɔn so; na me ninkuntwe gya no mu asase no nyinaa bɛhye.


Na wɔhinii Nyankopɔn asɔredan no ɔsoro, na wɔhunuu n’apam adaka no n’asɔredan no mu. Na anyinam, ne ɛnne, ne aprannaa, ne asasewosoɔ ne asukɔtweaaguo kɛseɛ bae.


Na ɔbɔfoɔ foforɔ firi asɔredan no mu de nne kɛseɛ teaa mu kyerɛɛ deɛ ɔte mununkum no soɔ no sɛ: To wo kantankrankyi twitwa, ɛfiri sɛ twaberɛ adu, na asase so nnoɔma ahoa.


Na ɔbɔfoɔ foforɔ a ɔwɔ ogya so tumi firii afɔrebukyia mu de nne kɛseɛ teaa mu kyerɛɛ deɛ ɔkura kantankrankyi nnamnnam no sɛ: To wo kantankrankyi nnamnnam no twitwa asase so bobe asiasia, ɛfiri sɛ n’aba no abere.


Na mehunuu nsɛnkyerɛnneɛ foforɔ bi a ɛso na ɛyɛ nwanwa ɔsoro: Abɔfoɔ baason a wɔkurakura ɔhaw mmusuo nson a ɛtwa toɔ a ɛno na ɛtwa Onyankopɔn abufuo no to.


Na deɛ ɔtɔ so nson no hwiee ne kuruwa no guu ahunum. Na ɛnne kɛseɛ bi firi asɔredan no mu, firi ahennwa no mu, sɛ: Wɔawie.


na AWURADE somaa wo akwankorɔ bi sɛ: Kɔ na kɔsɛe Amalekfoɔ nnebɔneyɛfoɔ no pasapasa, na ɛne wɔn nko kɔsi sɛ wobɛhye wɔn ase.


Na afei kɔ na kɔkum Amalek, na monsɛe deɛ wɔwɔ nyinaa pasapasa, na nhu wɔn mmɔbɔ, na kum mmarima ne mmaa, mmɔfra ne nkɔkoaa, anantwie ne nnwan, yoma ne mfunumu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan