Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Adiyisɛm 15:7 - New Revised Asante Twi Bible

7 Na ateasefoɔ baanan no mu baako maa abɔfoɔ baason no sika nkuruwa nson a wɔde Nyankopɔn a ɔte ase daa daa no abufuo no ahyɛ mu mama.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

7 Na ateasefoɔ baanan no mu baako maa abɔfoɔ baason no sika nkuruwa nson a wɔde Nyankopɔn a ɔte ase daa daa no abufuo no ahyɛ mu mama.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Afei ateasefo baanan no mu baako maa abɔfo baason no sikakɔkɔɔ nkuruwa ason a Onyankopɔn a ɔte ase daa daa no abufuw ahyɛ no ma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Afei, ateasefoɔ baanan no mu baako maa abɔfoɔ baason no sikakɔkɔɔ nkuruwa nson a Onyankopɔn a ɔte ase daa daa no abufuo ahyɛ no ma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 Na ateasefo baanan no mu biako maa abɔfo baason no sika nkuruwa ason a wɔde Nyankopɔn a ɔte ase daa daa no abufuw ahyɛ no mama.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Adiyisɛm 15:7
13 Iomraidhean Croise  

Na kuruwa bi wɔ AWURADE nsam, na emu bobesa ani firi ahuro, mfrasa ayɛ mu ma, na ɔhwie bi; ampa ara, aseɛ puo mpo, asase so abɔnefoɔ nyinaa bɛfefe anom.


Na sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn aka akyerɛ me nie: Gye abufuhyeɛ nsa kuruwa yi me nsam, na ma amanaman a meresoma wo wɔn nkyɛn no nyinaa nnom,


Na nnipa a wɔwɔ mantam hɔ no ara ka gye a mogyee yɛn too mu, ne sɛdeɛ modane firii ahoni ho aba Nyankopɔn nkyɛn, sɛ mobɛsom Onyankopɔn teasefoɔ nokwafoɔ,


ne deɛ ɔte aseɛ no. Na mewui, na hwɛ, mete ase daa daa, na mekura Owuo ne asamando nsafoa.


Na ɔkaa deɛ ɔte ase daa daa, a ɔbɔɔ ɔsoro ne deɛ ɛwɔ mu ne asase ne deɛ ɛwɔ mu, ne ɛpo ne deɛ ɛwɔ mu no ho ntam sɛ: Berɛ bi nni hɔ bio,


ɔno ara na ɔbɛnom Nyankopɔn abufuo nsa a wɔahwie no gyenegyene agu n’abufuo kuruwa mu no bie, na wɔayɛ no ayayadeɛ, ogya ne sɔfe mu, abɔfoɔ kronkron ne Adwammaa no anim.


Na mehunuu nsɛnkyerɛnneɛ foforɔ bi a ɛso na ɛyɛ nwanwa ɔsoro: Abɔfoɔ baason a wɔkurakura ɔhaw mmusuo nson a ɛtwa toɔ a ɛno na ɛtwa Onyankopɔn abufuo no to.


Na deɛ ɔdi kan no kɔe, na ɔkɔhwiee ne kuruwa no guu asase so. Na nkudaa bɔne a ɛtutuo baa nnipa a wɔwɔ aboa no agyirahyɛdeɛ ne wɔn a wɔkotoo ne honi no so.


Na abɔfoɔ baason a wɔkurakura nkuruwa nson no mu baako bae ne me bɛkasaa sɛ: Bra na menkyerɛ wo odwamamfoɔ kɛseɛ a ɔte nsuo pii no soɔ no atemmuo.


Na abɔfoɔ baason a wɔkurakura nkuruwa nson no a ɔhaw mmusuo nson a ɛdi akyire no ahyehyɛ mu mama no mu baako baa me nkyɛn, ne me bɛkasaa sɛ: Bra na menkyerɛ wo ayeforɔ, Adwammaa no yere no.


mpanimfoɔ aduonu nan no hwehwe ase, deɛ ɔte ahennwa no soɔ no anim, na wɔkoto deɛ ɔte ase daa daa no, na wɔyiyi wɔn abotire no gu ahennwa no anim ka sɛ:


Na ɔgyee nwoma no no, ateasefoɔ baanan no ne mpanimfoɔ aduonu nan no hwehwee ase adwammaa no anim, wɔn nyinaa kurakura nsankuo ne sika mfamfa a ohwam a ɛyɛ ahotefoɔ mpaebɔ no ayɛ no mama.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan