Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Adiyisɛm 15:6 - New Revised Asante Twi Bible

6 Na abɔfoɔ baason a wɔkurakura ɔhaw mmusuo nson no firi asɔredan no mu firii adi, wɔhyehyɛ nwera fitafitaa a ɛhran, na wɔde sika abɔsoɔ abobɔ wɔn mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

6 Na abɔfoɔ baason a wɔkurakura ɔhaw mmusuo nson no firi asɔredan no mu firii adi, wɔhyehyɛ nwera fitafitaa a ɛhran, na wɔde sika abɔsoɔ abobɔ wɔn mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Abɔfo baason a wɔmaa wɔn tumi sɛ wɔmfa ɔhaw ason mmra no pue fii asɔredan no mu a wɔhyehyɛ ntade fitafitaa a wɔbobɔ sikakɔkɔɔ abɔso wɔ wɔn koko so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Abɔfoɔ baason a wɔmaa wɔn tumi sɛ wɔmfa ɔhaw nson mmra no pue firii asɔredan no mu, a wɔhyehyɛ ntadeɛ fitafitaa a wɔbobɔ sikakɔkɔɔ abɔsoɔ wɔ wɔn koko so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

6 Na abɔfo baason a wokurakura ɔhaw mmusu ason no fi asɔredan no mu fii adi, wɔhyehyɛ nwera fitafitaa a ɛharan, na wɔde sika abɔso abobɔ wɔn mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Adiyisɛm 15:6
9 Iomraidhean Croise  

Na memaa m’ani so mehwɛe, na hwɛ, ɔbarima bi a ɔfira nwera na Ufas sika bɔ n’asene nie;


Na ɛbaa sɛ yei yɛɛ wɔn tirim keserenee no, hwɛ, mmarima baanu bɛgyinaa wɔn nkyɛn a wɔhyɛ ntadeɛ a ɛhyerɛn.


na nkaneadua no mfimfini no, mehunuu obi a ɔte sɛ onipa ba a ɔhyɛ atadeɛ yuu, na ɔde sika abɔsoɔ abɔ ne koko so.


Na ɔbɔfoɔ foforɔ firi asɔredan no mu de nne kɛseɛ teaa mu kyerɛɛ deɛ ɔte mununkum no soɔ no sɛ: To wo kantankrankyi twitwa, ɛfiri sɛ twaberɛ adu, na asase so nnoɔma ahoa.


Na ɔbɔfoɔ foforɔ firi soro asɔredan no mu, na ɔno nso kura kantankrankyi nnamnnam.


Na mehunuu nsɛnkyerɛnneɛ foforɔ bi a ɛso na ɛyɛ nwanwa ɔsoro: Abɔfoɔ baason a wɔkurakura ɔhaw mmusuo nson a ɛtwa toɔ a ɛno na ɛtwa Onyankopɔn abufuo no to.


Na wɔde nwera pa a ɛhoa fitaa, a ɛho teɛ maa no sɛ ɔmfira. Na nwera pa no ne ahotefoɔ tenenee.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan