Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Adiyisɛm 14:8 - New Revised Asante Twi Bible

8 Na ɔbɔfoɔ foforɔ a ɔtɔ so mmienu dii akyire kaa sɛ: Babel kɛseɛ no ahwe ase, ahwe ase, ɛfiri sɛ wama amanaman nyinaa anom n’adwamammɔ abufuo nsa no bi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

8 Na ɔbɔfoɔ foforɔ a ɔtɔ so mmienu dii akyire kaa sɛ: Babel kɛseɛ no ahwe ase, ahwe ase, ɛfiri sɛ wama amanaman nyinaa anom n’adwamammɔ abufuo nsa no bi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Ɔbɔfo a ɔto so abien dii nea odi kan no akyi kae se. “Wahwe ase! Babilonia kɛse ahwe ase! Efisɛ wama amanaman nyinaa anom nʼaguamammɔ nsa no bi.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so mmienu dii deɛ ɔdi ɛkan no akyi kaa sɛ. “Wahwe ase! Babilonia kɛseɛ ahwe ase! Ɛfiri sɛ, wama amanaman nyinaa anom nʼadwamammɔ nsã no bi.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

8 Na ɔbɔfo foforo a ɔto so abien dii akyiri kae sɛ: Babel kɛse no ahwe ase, ahwe ase, efisɛ wama amanaman nyinaa anom n’aguamammɔ abufuw nsa no bi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Adiyisɛm 14:8
17 Iomraidhean Croise  

na hwɛ, nteaseɛnam ne nnipa, apɔnkɔsotefoɔ baanu baanu na wɔreba yi. Na ɔgyee so sɛ: Ahweaseɛ oo! Babel ahwe ase! Na n’anyame ahoni nyinaa, wɔabubu agu fam.


Na kuro kɛseɛ no mu paee afaafa mmiɛnsa, na amanaman nkuro hwehwee ase, na wɔkaee Babel kɛseɛ no, Nyankopɔn anim, sɛ wɔbɛma no n’abufuo a emu yɛ den no nsa kuruwa.


Na wɔn afunu bɛdeda kuro kɛseɛ no abɔntene so, kuro a honhom mu wɔfrɛ no Sodom ne Misraim, deɛ wɔbɔɔ wɔn Awurade nso asɛnnua mu no.


ɛfiri sɛ n’atemmuo yɛ nokorɛ na ɛtene, sɛ ɔbuu odwamamfoɔ kɛseɛ a ɔde n’adwamammɔ asɛe asase no atɛn, na ɔtɔɔ ne nkoa mogya so werɛ wɔ ne nsamu.


Na ɔbaa a wohunuu no no ne kuro kɛseɛ a ɛdi asase so ahemfo so hene no.


Wo kuro nni asayɛ, wo pira no mu yɛ den; obiara a ɔte wo nka no bɔ ne nsam gu wo so, ɛfiri sɛ hwan koraa so na womfaa wo daa daa haw no nkɔeɛ?


ɔhene no kaa sɛ: Ɛnyɛ Babel kɛseɛ a makyekyere mayɛ ahennie gyinabea, me tumi denyɛ so na m’animuonyam agye no ni anaa?


aka sɛ: Saa ara na Babel bɛmem a ɛrensɔre bio, mmusuo a mede mereba soɔ no nyinaa nti, na wɔawie sa. Ɛha na Yeremia nsɛm no pem.


Babel ho atemmusɛm a Amos ba Yesaia hunuiɛ nie:


Asɛm a AWURADE nam Odiyifoɔ Yeremia so ka faa Babel ne Kaldeafoɔ asase ho nie:


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan