Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Adiyisɛm 14:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Na mehunui, na hwɛ, Adwammaa no gyina Sion bepɔ so, na mpem ɔha aduanan nnan a wɔatwerɛtwerɛ ne din ne n’Agya din wɔ wɔn moma soɔ no ka ne ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Na mehunui, na hwɛ, Adwammaa no gyina Sion bepɔ so, na mpem ɔha aduanan nnan a wɔatwerɛtwerɛ ne din ne n’Agya din wɔ wɔn moma soɔ no ka ne ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Afei mehwɛe, na mihuu sɛ Oguamma no gyina Sion bepɔw so. Na nnipa mpem ɔha aduanan anan ka ne ho a wɔakyerɛw ne din ne nʼAgya din wɔ wɔn moma so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Afei, mehwɛeɛ na mehunuu sɛ Odwammaa no gyina Sion bepɔ so. Na nnipa ɔpeha aduanan ɛnan ka ne ho a wɔatwerɛ ne din ne nʼAgya din wɔ wɔn moma so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Na mihui, na hwɛ, Oguammaa no gyina Sion bepɔw so, na mpem ɔha aduanan anan a wɔakyerɛkyerɛw ne din ne n’Agya din wɔ wɔn moma so no ka ne ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Adiyisɛm 14:1
30 Iomraidhean Croise  

Me AWURADE na masi me hene, me bepɔ kronkron Sion so.


Na Sion kaa sɛ: AWURADE agya me, na AWURADE werɛ afiri me.


Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: Yeremia, ɛdeɛn na wohunu yi? Na mese: Mehu sorɔno abaa bi.


Na mehwɛe, na hwɛ, ahum bi tu firi atifi fam bae, mununkum kɛseɛ ne ogya a ɛtoatoam, na ɔharan atwa ho ahyia. Na biribi te sɛ sika ne dwetɛ mfrafraeɛ a adɔ ahoa ani firi ogya no mfimfini baeɛ.


Na mehunui, na hwɛ, na ntrɛmu a ɛwɔ Kerubim no atifi no so biribi te sɛ hoaboɔ a wɔhwɛ a, ne suban ne ne tebea te sɛ ahennwa nsɛsoɔ.


Na mehunui, na hwɛ, na nkyimiiɛ nnan wowɔ Kerubim no nkyɛn mu, nkyimiiɛ baako wɔ Kerubim no mu biara nkyɛn mu, na nkyimiiɛ no ani te sɛ sikabereɛboɔ ani.


Mehwɛe, na hwɛ, nsa bi atene hwɛ me so, na hwɛ, na nwoma mmobɔeɛ wɔ mu.


Ɛnna ɔde me faa atifi fam ponkɛseɛ no kwan so de me baa asɔredan no anim, na mehwɛe, na hwɛ, na AWURADE animuonyam no ahyɛ AWURADE dan no ma, na mehwee fam de m’anim butui.


Na ɔde me baa abannwa so pono ano, na mehwɛe, na hwɛ, na tokuro baako wɔ ɔfasuo no mu.


na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Sene fa kuro no mu, Yerusalem mu na hyɛ nnipa a wɔsisi apini di akyiwadeɛ a wɔyɛ wɔ mu no ho abooboo no nyinaa moma so agyiraeɛ.


Na me, Daniel, mehwɛe, na hwɛ, na mmarima baanu foforɔ gyina hɔ, ɔbaako wɔ asubɔnten no nsunoa ha, na ɔbaako wɔ asubɔnten no nsunoa ha.


Na ɛbɛba sɛ obiara a ɔbɛbɔ AWURADE din no, wɔbɛgye no nkwa; na sɛdeɛ AWURADE aka no, bepɔ Sion so ne Yerusalem na nnipa a wɔafiri mu afire ne nnipa a AWURADE refrɛ wɔn afiri wɔn a aka no mu bɛtena.


Na ɔbisaa sɛ: Amos, ɛdeɛn na wohunu yi? Na mese: Nnuaba a abereɛ kɛntɛn. Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Awieeɛ no aduru ama me man Israel, merenkɔ so mensiane wɔn mu bio.


Na mɛma asiiɛfoɔ no ayɛ nkaeɛ, na wɔn a wɔapam wɔn kɔ akyirikyiri no ayɛ ɔman kɛseɛ; na AWURADE bɛdi wɔn so hene Sion bepɔ so afiri nnɛ de akɔsi daa.


na ɔbisaa me sɛ: Ɛdeɛn na wohunu yi? Na mese: Mehunu kaneadua a ne nyinaa yɛ sika, na ne ngo toa tae atifi, na ne nkanea nson wowɔ soɔ, adorobɛn nson nson wɔ hɔ ma atifi nkanea no.


Nso mese mo sɛ: Obiara a ɔbɛbɔ me din nnipa anim no, Onipa Ba no nso bɛbɔ ne din Nyankopɔn abɔfoɔ anim.


sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ: Hwɛ, mede ɔbotan bi resi Sion a ɛbɛyɛ suntiboɔ ama nnipa, ɛyɛ ɔbotan a ɛbɛma wɔn ahweaseɛ; na obiara a ɔbɛgye no adie no anim rengu ase.


Na mehunui, na hwɛ, omununkum fitaa, na obi a ɔte sɛ onipa ba te mununkum no so, na ɔbɔ sika abotire na ɔkura kantankrankyi nnamnnam bi.


Na wɔtoo dwom foforɔ bi, ahennwa ne ateasefoɔ baanan ne mpanimfoɔ no anim, na obiara antumi ansua dwom no, gye mpem ɔha aduanan nnan a wɔagye wɔn afiri asase soɔ no nko.


Na yeinom akyiri no mehwɛe, na wɔahini adanseɛ ntomadan asɔredan no ɔsoro.


na wɔbɛhunu n’anim, na ne din bɛba wɔn moma so.


Deɛ ɔdi nkonim no, mɛyɛ no fadum me Nyankopɔn asɔredan mu, na ɔremfiri adi bio, na mɛtwerɛ me Nyankopɔn din wɔ ne so, ne me Nyankopɔn kuro a ɛyɛ Yerusalem foforɔ, a ɛfiri soro ba fam firi me Nyankopɔn nkyɛn no din, ne me din foforɔ no.


Yei akyiri no, mehwɛe, na hwɛ, wɔahini ɛpono ɔsoro, na ɛnne a metee kane sɛ totorobɛnto a ɛne me kasaeɛ no se: Foro bra ha na mɛkyerɛ wo deɛ ɛtwa sɛ yeinom akyiri no ɛba.


Na mehunui na hwɛ, ɔpɔnkɔ nsonso bi nie, na deɛ ɔte ne soɔ no din de Owuo, na Asamando di n’akyi. Na wɔmaa wɔn asase abupɛn nnan mu baako so tumi sɛ wɔmfa afena ne ɛkɔm ne owuo ne asase so mmoa nkunkum wɔn.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan