Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Adiyisɛm 13:7 - New Revised Asante Twi Bible

7 Na wɔmaa no kwan sɛ ɔntu ahotefoɔ so sa, na ɔnni wɔn so nkonim. Na wɔmaa no mmusuakuo ne nkurɔfoɔ ne kasa ahodoɔ ne aman nyinaa so tumi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

7 Na wɔmaa no kwan sɛ ɔntu ahotefoɔ so sa, na ɔnni wɔn so nkonim. Na wɔmaa no mmusuakuo ne nkurɔfoɔ ne kasa ahodoɔ ne aman nyinaa so tumi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Wɔmaa no kwan ma ɔne Onyankopɔn nkurɔfo koe sɛ obedi wɔn so. Na wɔmaa no aman ne mmusuakuw ne nkurɔfo ne ɔkasa nyinaa so tumi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Wɔmaa no ɛkwan ma ɔne Onyankopɔn nkurɔfoɔ koeɛ sɛ ɔbɛdi wɔn so. Na wɔmaa no aman ne mmusuakuo ne nkurɔfoɔ ne kasa nyinaa mu so tumi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 Na wɔmaa no kwan sɛ ontu ahotefo so sa na onni wɔn so nkonim. Na wɔmaa no mmusuakuw ne nkurɔfo ne kasa horow ne aman nyinaa so tumi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Adiyisɛm 13:7
20 Iomraidhean Croise  

Nanso yei nti na mema wogyina hɔ, sɛ mɛyi me tumi adi makyerɛ wo, na wɔaka me din ho asɛm asase nyinaa so.


Akuma hoahoa ne ho wɔ deɛ ɔde no twa adeɛ no so, anaasɛ ɛwan ma ne ho so wɔ deɛ ɔtwe no no so? Sɛ dabrɛ dua tumi him deɛ ɔma soɔ no, anaasɛ poma tumi ma deɛ ɔnyɛ dua no so!


Wonteeɛ sɛ mehyɛ metoo hɔ akyɛ, tete mmerɛ mu na mehyehyɛɛ no saa? Afei na mama no aba mu, sɛ ma afasuo mu nkuro no nnanedane akurofo akuakuo,


hwɛ, meresoma ma wɔakɔfa atifi fam mmusua nyinaa, AWURADE asɛm nie, ne m’akoa, Babelhene Nebukadnessar, na mede wɔn aba asase yi ne ɛsotefoɔ so ne amanaman yi a wɔatwa ne ho ahyia nyinaa so, na masɛe wɔn pasapasa, na mama wɔadane ahodwirideɛ ne fɛdie ne daa amamfo,


Ɛberɛ no mu na Mikael, ɔbɔfoɔ titire a ɔgyina hɔ ma wo man mma no bɛsɔre agyina. Na ɛbɛyɛ ahohiahia berɛ a ɛfirii sɛ ɔman baeɛ no bɛsi berɛ no soɔ ɛmmaa da, na ɛberɛ no mu na wɔbɛgye wo manfoɔ afiri mu, obiara a wɔbɛhunu sɛ wɔatwerɛ ne din nwoma no mu no.


mehwɛe na saa abɛn no ne ahotefoɔ dii ako, na ɛtumii wɔn,


Na ɔbɛkeka nsɛm atia deɛ ɔwɔ Ɔsorosoro no, na ɔbɛha ɔsorosoroni no akronkronfoɔ, na ɔbɛbɔ ne tirim sɛ ɔbɛdane mmerɛ ne mmara, na wɔde wɔn bɛhyɛ ne nsa, mfeɛ mmiɛnsa ne fa.


Na ɔbonsam ka kyerɛɛ no sɛ: Wo na mede tumi yi nyinaa ne emu animuonyam bɛma woɔ; na wɔde ahyɛ me nsa, na obiara a mepɛ no, mede mema no;


Yesu buaa sɛ: Sɛ wɔamfa amma wo amfiri soro a, anka wonni me so tumi biara; yei nti deɛ ɔyii me maa woɔ no na ne bɔne so.


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Ɛsɛ sɛ woka nkurɔfoɔ ne aman ne ɔkasa ne ahemfo bebree ho adiyisɛm bio.


Na amanaman no bo afu, na w’abufuo ne awufoɔ berɛ no aduru sɛ wobɛbu atɛn, na woama wo nkoa, adiyifoɔ ne ahotefoɔ ne wɔn a wɔsuro wo din, nketewa ne akɛseɛ no akatua, na woasɛe wɔn a wɔasɛe asase no.


Na sɛ wɔwie wɔn adansedie a, aboa a ɔfiri ebunu no mu no bɛtu wɔn so sa, na wadi wɔn so nkonim na wɔaku wɔn.


Na ɔtweaseɛ no bo fuu ɔbaa no, na ɔkɔtuu n’asefoɔ nkaeɛ a wɔdi Nyankopɔn ahyɛdeɛ soɔ na wɔkura Yesu Kristo adanseɛ no so sa.


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Nsuo a wohunuiɛ a odwamamfoɔ no te soɔ no yɛ nkuro ne nkurɔfoɔ akuakuo ne aman ne kasa ahodoɔ.


Na wɔtoo dwom foforɔ sɛ: Wofata sɛ wogye nwoma no na wobue ne nsɔano no, ɛfiri sɛ wɔaku wo, na wode wo mogya atɔ yɛn ama Onyankopɔn, afiri mmusua ne ɔkasa ne nkurɔfoɔ ne aman nyinaa mu,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan