Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Adiyisɛm 13:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Na mehunuu sɛ ne tire no mu baako te sɛdeɛ wɔabɔ no bɔtorɔ, na wɔasa ne pira no, na aboa no ho yɛɛ wiasefoɔ nyinaa nwanwa maa wɔdii n’akyi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Na mehunuu sɛ ne tire no mu baako te sɛdeɛ wɔabɔ no bɔtorɔ, na wɔasa ne pira no, na aboa no ho yɛɛ wiasefoɔ nyinaa nwanwa maa wɔdii n’akyi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Mihuu sɛ na opirakuru kɛse bi aba ne ti baako ho a kuru no ayɛ sɛ nea awu. Aboa no ho yɛɛ wiasefo nyinaa nwonwa, enti wotu dii nʼakyi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Mehunuu sɛ wɔapira ne tiri no baako a ayɛ sɛ wɔrentumi nkum kuro no, nanso na kuro no awu. Aboa no ho yɛɛ ewiasefoɔ nyinaa nwanwa, enti wɔtu dii nʼakyi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Na mihuu sɛ ne ti no mu biako te sɛ wɔabɔ no bɔtorɔ, na wɔasa ne n'apirakuru no, na aboa no ho yɛɛ wiasefo nyinaa nwonwa ma wodii n’akyi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Adiyisɛm 13:3
15 Iomraidhean Croise  

Na mɛhyɛ Babel hene abasa mu den, na mede ne nkrantɛ ahyɛ ne nsa, na mabubu Farao abasa, na wapenepene ɔtofoɔ pene n’anim.


Nna no mu no, mmara bi firi Kaesare Augusto nkyɛn baa sɛ wɔnkan wiasefoɔ nyinaa, ntwerɛ wɔn din.


Ɛnna Farisifoɔ no kaa no wɔn mu sɛ: Mohunu sɛ montumi nyɛ ho hwee; hwɛ, wiase atu di n’akyi.


Na Simon no ara nso gye dii, na wɔbɔɔ no asu no, ɔde ne ho bataa Filipo ho; na ɔhunuu nsɛnkyerɛnneɛ ne ahoɔdenneɛ akɛseɛ a ɔyɛeɛ no, ne ho dwirii no.


Na ɔyɛ aboa a ɔdi kan no ahoɔdenneɛ nyinaa wɔ n’anim, na ɔma asase ne wɔn a wɔtete soɔ koto aboa a ɔdi kan a wɔasa ne wuopira no.


Na nsɛnkyerɛnneɛ a wɔde maa no sɛ ɔnyɛ no aboa no anim nti, ɔdaadaa wɔn a wɔtete asase soɔ no, ka kyerɛɛ asase sotefoɔ no sɛ, wɔnyɛ ohoni mma aboa a nkrantɛ apira no na ɔte ase bio no.


Baanum agu, ɔbaako wɔ hɔ, ɔfoforɔ no nnya mmae, na ɔba a, ɛtwa sɛ ɔtena hɔ kakraa bi.


Na aboa a da bi na ɔwɔ hɔ na afei deɛ ɔnni hɔ no, ɔno ara nso ne deɛ ɔtɔ so nwɔtwe, na ɔfiri nson no mu, na ɔkɔ ɔsɛeɛ mu.


Yeinom wɔ adwene korɔ, na wɔde wɔn tumi ne wɔn ahoɔden bɛma aboa no.


Na Onyankopɔn na ɔde ahyɛ wɔn akoma mu sɛ wɔmma ne tiri mu asɛm mmra mu, na wɔnyɛ adwene korɔ, na wɔmfa wɔn ahennie mma aboa no nkɔsi sɛ Nyankopɔn nsɛm no bɛwie duro.


Na mehunuu sɛ ahotefoɔ mogya ne Yesu adansefoɔ mogya aboro ɔbaa no, na mehunuu no no, ɛyɛɛ me nwanwa kɛse.


Aboa a wohunuu no no, da bi na ɔwɔ hɔ, na afei deɛ, ɔnni hɔ, na ɔbɛfiri bunu no mu aba, na wabɛsene akɔ ɔsɛeɛ mu. Na ɛbɛyɛ wɔn a wɔtete asase soɔ a wɔamfiri wiase ahyɛaseɛ antwerɛ wɔn din nkwa nwoma mu no nwanwa sɛ, wɔbɛhunu aboa no, sɛ da bi na ɔwɔ hɔ, na afei deɛ, ɔnni hɔ, nanso ɔwɔ hɔ ara.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan