Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Adiyisɛm 13:12 - New Revised Asante Twi Bible

12 Na ɔyɛ aboa a ɔdi kan no ahoɔdenneɛ nyinaa wɔ n’anim, na ɔma asase ne wɔn a wɔtete soɔ koto aboa a ɔdi kan a wɔasa ne wuopira no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

12 Na ɔyɛ aboa a ɔdi kan no ahoɔdenneɛ nyinaa wɔ n’anim, na ɔma asase ne wɔn a wɔtete soɔ koto aboa a ɔdi kan a wɔasa ne wuopira no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Osii aboa a odi kan no anan mu de ne tumi kɛse no dii dwuma, na ɔhyɛɛ asase ne so nnipa sɛ wɔnsom nea nʼapirakuru no awu no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Ɔsii aboa a ɔdi ɛkan no ananmu de ne tumi kɛseɛ no dii dwuma, na ɔhyɛɛ asase ne ɛso nnipa sɛ wɔnsom deɛ nʼapirakuro no awu no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

12 Na ɔyɛ aboa a odi kan no ahoɔdenne nyinaa wɔ n’anim, na ɔma asase ne wɔn a wɔtete so kotow aboa a odi kan a wɔasa ne wupira no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Adiyisɛm 13:12
12 Iomraidhean Croise  

Deɛ ɔsɔre na ɔma ne ho so tia deɛ wɔfrɛ no Onyankopɔn anaa wɔsom nyinaa, ma ɔno ara kɔtena Nyankopɔn asɔredan mu de ne ho kyerɛ sɛ ɔno ne Onyankopɔn.


Na aboa a mehunuu no no te sɛ ɔsebɔ, na ne nan te sɛ osisire nan, na n’ano te sɛ gyata ano. Na ɔtweaseɛ no de n’ahoɔden ne n’ahennwa ne ne tumi kɛseɛ maa no.


Na wɔn a wɔte asase soɔ nyinaa bɛkoto no, wɔn a wɔamfiri wiase asehyɛ antwerɛ wɔn din Adwammaa a wɔkumm no no nkwa nwoma mu no.


Na wɔn ayayadeɛ wisie bɛforo soro daa daa, na wɔn a wɔbɛkoto aboa no ne ne honi, ne obiara a ɔbɛgye ne din agyiraeɛ no, rennya ɔhome awia ne anadwo.


Na ɔbɔfoɔ foforɔ a ɔtɔ so mmiɛnsa dii wɔn akyiri de nne kɛseɛ teaa mu sɛ: Sɛ obi koto aboa no ne ne honi no, na ɔgye agyiraeɛ de si ne moma anaa ne nsa so a,


Na deɛ ɔdi kan no kɔe, na ɔkɔhwiee ne kuruwa no guu asase so. Na nkudaa bɔne a ɛtutuo baa nnipa a wɔwɔ aboa no agyirahyɛdeɛ ne wɔn a wɔkotoo ne honi no so.


Aboa a wohunuu no no, da bi na ɔwɔ hɔ, na afei deɛ, ɔnni hɔ, na ɔbɛfiri bunu no mu aba, na wabɛsene akɔ ɔsɛeɛ mu. Na ɛbɛyɛ wɔn a wɔtete asase soɔ a wɔamfiri wiase ahyɛaseɛ antwerɛ wɔn din nkwa nwoma mu no nwanwa sɛ, wɔbɛhunu aboa no, sɛ da bi na ɔwɔ hɔ, na afei deɛ, ɔnni hɔ, nanso ɔwɔ hɔ ara.


Na wɔkyeree aboa no ne odiyifoɔ torofoɔ no nso a ɔyɛɛ n’anim nsɛnkyerɛnneɛ, de daadaa wɔn a wɔgyee aboa no agyiraeɛ ne wɔn a wɔkotoo ne honi no kaa ne ho. Wɔtoo wɔn baanu yi animono guu ogya tadeɛ a sɔfe dɛre mu no mu.


Na mehunuu nhennwa bi, na wɔn a wɔtete soɔ no, wɔde atemmuo maa wɔn. Na mehunuu wɔn a Yesu adanseɛ ne Nyankopɔn asɛm nti wɔtwitwaa wɔn tire no akra, ne wɔn a wɔankoto aboa no anaa ne honi na wɔannye agyiraeɛ no wɔ wɔn moma ne wɔn nsa soɔ no. Na wɔnyaa nkwa bio, na wɔne Kristo dii ahene mfirinhyia apem.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan