Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Adiyisɛm 13:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Na mehunuu aboa bi a ɔwɔ mmɛn du, ɛne tire nson sɛ ɔfiri po mu sɔreeɛ, na ahemmotire du bobɔ ne mmɛn, na abusudin wowɔ ne tiri ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Na mehunuu aboa bi a ɔwɔ mmɛn du, ɛne tire nson sɛ ɔfiri po mu sɔreeɛ, na ahemmotire du bobɔ ne mmɛn, na abusudin wowɔ ne tiri ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Afei mihuu sɛ aboa bi apue fi po no mu reba. Na ɔwɔ mmɛn du ne ti ason a na ahenkyɛw hyehyɛ mmɛn no biara so na din a egu Onyankopɔn ho fi bobɔ ti no ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Afei, mehunuu sɛ aboa bi apue ɛpo no mu reba. Na ɔwɔ mmɛn edu ne tire nson a na ahenkyɛ hyehyɛ mmɛn no biara so na edin a ɛgu Onyankopɔn ho fi bobɔ etire no ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Na mihuu aboa bi a ɔwɔ mmɛn du, ne ti ason sɛ ofi po mu sɔree, na ahemmotiri du bobɔ ne mmɛn, na abusudin wowɔ ne ti ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Adiyisɛm 13:1
21 Iomraidhean Croise  

Monsuro me? AWURADE asɛm nie, anaasɛ mo akoma ntu m’anim? Me a mede anwea meto po ano hyeɛ, daa hyeɛ a ɛntumi ntra; na sɛ mpo n’asorɔkyeɛ bɔ a, ɛntumi no, na sɛ ɛhuru sɛ deɛn ara a, ɛntumi ntra.


Na ɔhene no bɛyɛ deɛ ɔpɛ, na ɔbɛma ne ho so adi onyame biara so akokurokosɛm, na ɔbɛka anwanwasɛm atia anyame mu Nyame no, na ɛbɛsi no yie akɔsi sɛ wɔbɛda abufuo no adi awie; na deɛ wɔahyɛ no pintinn no, wɔbɛyɛ.


Na sɛdeɛ wohunuu nan ne nansoaa a emu bi yɛ ɔnwomfoɔ dɔteɛ na emu bi yɛ dadeɛ no, ɛbɛyɛ ahennie a emu apaepaeɛ, nso dadeɛ denyɛ no bɛtena mu, sɛdeɛ wohunuu sɛ dɔteɛ afrafra dadeɛ no mu no.


Na sɛ wɔwie wɔn adansedie a, aboa a ɔfiri ebunu no mu no bɛtu wɔn so sa, na wadi wɔn so nkonim na wɔaku wɔn.


Na nsɛnkyerɛnneɛ foforɔ yii ne ho adi wɔ ɔsoro, na hwɛ, ɔtweaseɛ kakraka kɔkɔɔ a ɔwɔ tire nson ne mmɛn du, na ahemmotire nson bobɔ ne ti.


Na mehunuu aboa foforɔ bi a ɔfiri asase mu baeɛ, na ɔwɔ mmɛn mmienu sɛ adwammaa, na ɔkasa sɛ ɔtweaseɛ.


Na nsɛnkyerɛnneɛ a wɔde maa no sɛ ɔnyɛ no aboa no anim nti, ɔdaadaa wɔn a wɔtete asase soɔ no, ka kyerɛɛ asase sotefoɔ no sɛ, wɔnyɛ ohoni mma aboa a nkrantɛ apira no na ɔte ase bio no.


Na wɔmaa no kwan sɛ ɔmma aboa no honi no honhom, na aboa no honi no mpo akasa, na wama wɔakum dodoɔ a wɔnkoto aboa no honi no.


Na mehunuu biribi a ɛte sɛ ahwehwɛ po a egya fra mu. Na wɔn a wɔdii aboa no, ne ne honi, ne ne din akontahyɛdeɛ ho nkonim no gyinagyina ahwehwɛ po no ano kurakura Nyankopɔn nsankuo.


Na mehunuu ahonhom fi mmiɛnsa a wɔte sɛ mponkyerɛne, sɛ wɔfiri ɔtweaseɛ no anomu ne aboa no anomu ne adiyifoɔ atorofoɔ no anomu.


Na mmɛn du a wohunuiɛ no, ne aboa no, wɔn na wɔbɛtane odwamamfoɔ no, na wɔayɛ no pasaa, na wada adagya, na wɔadi ne nam, na wɔde ogya ahye no.


Na ɔde me faa honhom mu kɔɔ ɛserɛ so. Na mehunuu ɔbaa bi a ɔte aboa kɔkɔɔ a abususɛm din ahyɛ no ma, na ɔwɔ tiri nson ne mmɛn du so.


Na wɔatwerɛ din bi ne moma so sɛ: Ahuntasɛm. Babel kɛseɛ no, asase so nnwamamfoɔ ne akyiwadeɛ na.


Na mehunuu aboa no ne asase so ahemfo ne wɔn dɔm sɛ wɔaboaboa wɔn ano, na wɔne deɛ ɔte pɔnkɔ fitaa no soɔ no ne ne dɔm rebɛdi ako.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan