Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Adiyisɛm 12:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Na ɔde ne dua twee ɔsoro nsoromma nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako, na ɔtoto guu asase so. Na ɔtweaseɛ no bɛgyinaa ɔbaa a ɔrebɛwoɔ no anim, na sɛ ɔwo a, wamene ne ba no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Na ɔde ne dua twee ɔsoro nsoromma nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako, na ɔtoto guu asase so. Na ɔtweaseɛ no bɛgyinaa ɔbaa a ɔrebɛwoɔ no anim, na sɛ ɔwo a, wamene ne ba no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Ɔde ne dua twee nsoromma a ɛwɔ ɔsoro no mu nkyɛmu abiɛsa mu baako tow wɔn guu fam. Ogyinaa ɔbea a ɔrewo no anim, sɛnea ɛbɛyɛ a ɔwo ɔba no to hɔ ara pɛ, ɔbɛfa abofra no awe.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Ɔde ne dua twee nsoromma a ɛwɔ ɔsoro no mu nkyɛmu mmiɛnsa mu baako too wɔn guu fam. Ɔgyinaa ɔbaa a ɔrewo no anim, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔwo ɔba no to hɔ ara pɛ, ɔbɛfa abɔfra no awe.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Na ɔde ne dua twee ɔsoro nsoromma nkyɛm abiɛsa mu biako, na ɔtotow guu asase so. Na ɔtweaseɛ no begyinaa ɔbea a ɔrebɛwo no anim, na sɛ ɔwo a, wamene ne ba no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Adiyisɛm 12:4
22 Iomraidhean Croise  

Sɛ mokɔgye Hebrifoɔ mmaa awoɔ, na awoeɛ hɔ mohunu sɛ ɔyɛ ɔbarima a, monku no; na sɛ ɔyɛ ɔbaa deɛ a, momma no ntena ase.


Ɛda no na AWURADE de n’afena denden a ɛso na ɛyɛ den no bɛtwe dɛnkyɛmmirampɔn a ɔyɛ ɔwɔ a ne ho yɛ herɛ, dɛnkyɛmmirampɔn a ɔyɛ ɔwɔ a ɔpompono no aso, na wakum ɛpo mu ɔtweaseɛ kɛseɛ no.


Mo deɛ, mo agya a mofiri ne mu ne ɔbonsam, na mo agya no akɔnnɔdeɛ na mopɛ sɛ moyɛ. Ɔno na ɔyɛ owudifoɔ firi mfitiaseɛ, na ɔnnyina nokorɛ so; ɛfiri sɛ nokorɛ nni ne mu. Sɛ ɔka atorosɛm a, ɛfiri ɔno ara ne mu na ɔka; ɛfiri sɛ ɔyɛ ɔtorofoɔ ne atorɔ agya.


Mo ani nna hɔ, monwɛn, ɛfiri sɛ mo tamfo bonsam no nam sɛ gyata a ɔbobom hwehwɛ deɛ ɔbɛnya no amene.


Na ɔko baa ɔsoro. Mikael ne n’abɔfoɔ tuu ɔtweaseɛ no so sa ne no koe. Na ɔtweaseɛ no ne n’abɔfoɔ koe.


Na wɔtuu ɔtweaseɛ kɛseɛ no, ɔwɔ dada no a wɔfrɛ no Ɔbonsam ne Satan, deɛ ɔdaadaa amanaman nyinaa no, firii hɔ too no twenee asase so, na wɔtoo n’abɔfoɔ kaa ne ho gui.


Na aboa a mehunuu no no te sɛ ɔsebɔ, na ne nan te sɛ osisire nan, na n’ano te sɛ gyata ano. Na ɔtweaseɛ no de n’ahoɔden ne n’ahennwa ne ne tumi kɛseɛ maa no.


Na wɔkotoo ɔtweaseɛ no sɛ ɔde tumi ama aboa no, na wɔkotoo aboa no kaa sɛ: Hwan na ɔte sɛ aboa no? Na hwan na ɔbɛtumi ne no ako?


Na mehunuu ahonhom fi mmiɛnsa a wɔte sɛ mponkyerɛne, sɛ wɔfiri ɔtweaseɛ no anomu ne aboa no anomu ne adiyifoɔ atorofoɔ no anomu.


Na ɔbaa a wohunuu no no ne kuro kɛseɛ a ɛdi asase so ahemfo so hene no.


Na ɔkyeree ɔtweaseɛ, ɔwɔ dada a ɔno ne Ɔbonsam ne Satan no, kyekyeree no mfirinhyia apem,


Na ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so mmiɛnsa no hyɛnee ne totorobɛnto. Na nsoromma kɛseɛ bi a ɛredɛre sɛ ogyatɛnee firi soro hwee fam, na ɛbɛhwee nsubɔntene nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako ne nsuo aniwa so.


Na nsoromma no din de Ɔnwono, na nsuo no nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako yɛɛ nwono, na nnipa pii wuwui, nsuo no nwono a ayɛ no nti.


Na ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so nnan no hyɛnee ne totorobɛnto. Na wɔbɔɔ owia nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako, ne ɔsrane nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako, ne nsoromma nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako, na wɔn nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako no duduruu sum, na adekyeeɛ mu nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako anhyerɛn, na anadwo nso saa ara.


Na deɛ ɔdi kan no hyɛnee ne totorobɛnto. Na asukɔtweaa ne ogya a ɛne mogya adi afra bae, na wɔto guu asase so. Na asase nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako hyee, na nnua nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako nso hyee, na nwira mono nyinaa nso hyee.


Na ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so mmienu no hyɛnee ne totorobɛnto. Na wɔtoo adeɛ bi a ɛte sɛ bepɔ kɛseɛ a ogya rehyeɛ no twenee po mu, na ɛpo nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako danee mogya,


na abɔdeɛ a ɛwɔ nkwa wɔ po mu no mu nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako wuwui, na ahyɛn nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako nso sɛee.


Na wɔwowɔ dua te sɛ anyanyankyerɛ, na nwowɔeɛ wowɔ wɔn dua mu, na wɔn dua mu na wɔn tumi a wɔde ha nnipa abosome nnum no wɔ.


Na apɔnkɔ no ahoɔden wɔ wɔn ano ne wɔn dua mu. Na wɔn dua no tete sɛ awɔ, na ɛwowɔ tire, na ɛno na wɔde pira.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan