Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Adiyisɛm 11:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 Na sɛ obi pɛ sɛ ɔha wɔn a, ogya firi wɔn anomu bɛmene wɔn atamfoɔ, na sɛ obi pɛ sɛ ɔha wɔn a, ɛtwa sɛ wɔku no saa ara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 Na sɛ obi pɛ sɛ ɔha wɔn a, ogya firi wɔn anomu bɛmene wɔn atamfoɔ, na sɛ obi pɛ sɛ ɔha wɔn a, ɛtwa sɛ wɔku no saa ara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Ogya a efi wɔn anom bekunkum atamfo biara a wɔpɛ sɛ wɔhaw wɔn no. Ɛno nti wobekum obiara a ɔpɛ sɛ ɔhaw wɔn no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Egya firi wɔn anom bɛkunkum atamfoɔ biara a wɔpɛ sɛ wɔha wɔn no. Ɛno enti, obiara a ɔpɛ sɛ ɔha wɔn no, wɔbɛkum no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 Na sɛ obi pɛ sɛ ɔhaw wɔn a, ogya fi wɔn anom bɛmene wɔn atamfo: Na sɛ obi pɛ sɛ ɔhaw wɔn a, etwa sɛ wokum no saa ara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Adiyisɛm 11:5
13 Iomraidhean Croise  

Wisie tu firii ne hwenem, na ogya a ɛhye adeɛ firii n’anomu, nnyansramma dɛre firii ne mu.


na tenenee na ɔde bɛbu atɛn ama mmɔborɔni, na ɔde asɛntenenee adi ama asase so amanehunufoɔ; na ɔde n’anomu abaa bɛbɔ asase, na ɔde n’anomu honhom akum ɔbɔnefoɔ;


Hwɛ, ɛnnɛ da yi mede wo asi amanaman ne ahennie ahodoɔ so, na woatutu na woabubu, na woasɛe na woabutu, na woasi na woatɛ nso.


Enti sɛ AWURADE, asafo Nyankopɔn no seɛ nie: Ɛsiane sɛ moka saa asɛm yi nti, hwɛ, merema me nsɛm ayɛ ogya w’anomu, na ɔman yi adane nnyina, na ogya ahye wɔn.


Na adeɛ a mehunuiɛ no su te sɛ adeɛ a mehunuiɛ berɛ a ɔba bɛsɛee kuro no; na ɛyɛ anisoadehunu a ɛte sɛ adeɛ a mehunuu no Asuo Kebar ho no; na mede m’anim butuu fam.


Enti menam adiyifoɔ no so mabubu wɔn, na mede m’anomu nsɛm makum wɔn, na m’atemmuo ayi adi sɛ hann.


Nanso me nsɛm ne m’ahyɛdeɛ a mehyɛɛ me nkoa adiyifoɔ no no, anto mo agyanom anaa? Na wɔsanee na wɔkaa sɛ: Sɛdeɛ asafo AWURADE dwene sɛ ɔbɛyɛ yɛn sɛdeɛ yɛn akwan ne yɛn nneyɛɛ teɛ no, saa na ɔne yɛn adi no.


Na sɛ asafo AWURADE seɛ nie: N’animuonyam nti na wasoma me amanaman a wɔfom mo no nkyɛn; na deɛ ɔka mo no, waka AWURADE ani kosua.


Na ɔyɛ nsɛnkyerɛnneɛ akɛseɛ, na ɔma ogya mpo firi soro ba asase so, nnipa anim.


Na sɛdeɛ mehunuu apɔnkɔ ne wɔn a wɔtete wɔn soɔ no, anisoadehunu no mu nie: Wɔwɔ ogya ne afasebire ne sɔfe nkataboɔ, na apɔnkɔ no ti tete sɛ gyata ti, na ogya ne wisie ne sɔfe fifiri wɔn anomu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan