Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Adiyisɛm 11:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Yeinom ne ngodua mmienu ne akaneadua mmienu a ɛgyinagyina asase wura anim no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Yeinom ne ngodua mmienu ne akaneadua mmienu a ɛgyinagyina asase wura anim no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Saa nnansefo baanu no ne ngodua abien no ne akaneadua abien a esisi asase a ɛwɔ Awurade anim no so no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Saa adansefoɔ baanu no ne ngo dua mmienu no ne nkaneadua mmienu a ɛsi asase a ɛwɔ Awurade anim no so no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Eyinom ne ngodua abien ne akaneadua abien a egyinagyina asase wura anim no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Adiyisɛm 11:4
14 Iomraidhean Croise  

Na Tisbini Elia a ɔfiri Gilead atubrafoɔ mu ka kyerɛɛ Ahab sɛ: Sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn a megyina n’anim te aseɛ yi, obosuo anaa osuo rentɔ mfeɛ yi mu gye sɛ ɛnam m’asɛm so!


Na me deɛ, mete sɛ ngodua frɔmfrɔm, Nyankopɔn fie, mede me ho meto Nyankopɔn adom so daa daa.


Na mɛhyɛ Gosen asase a me man te soɔ no nso da no, na nwansena no amma hɔ, na wode ahunu sɛ mene AWURADE wɔ asase nyinaa so.


Na wo Yɛfoɔ ne wo kunu, asafo AWURADE ne ne din, na wo Gyefoɔ, Israel Kronkronni no, wɔfrɛ no asase nyinaa Nyankopɔn.


Anka AWURADE frɛ wo ngodua frɔmfrɔm fɛfɛ a ɛso aba pa; nanso afei ɔde ahum kɛseɛ huuyɛ asɔ ne ho gya, na abubu ne mman.


Sɔre, pore, Sion babaa, na mɛyɛ wo mmɛn dadeɛ, na mayɛ wo ntɔte kɔbere mfrafraeɛ, na wode adwerɛ aman pii dukuduku, na mɛhyira wɔn ahonyadeɛ so mama AWURADE, ne wɔn adedodoɔ so mama asase nyinaa wura no.


Obi nsɔ kanea mfa nhyɛ kokoam anaa kodoɔ ase, na ɔde si kaneadua so, na wɔn a wɔba mu no ahunu ne hran.


Enti monwɛn na monsrɛ daa, na moanya ahoɔden de adwane afiri nnoɔma a ɛrebɛba yi nyinaa mu, na moakɔgyina Onipa Ba no anim.


Na sɛ dua mman no bi abubu, na wo a woyɛ wuram ngo dua no, wɔde wo afra ahyɛ mu, na woanya ngo dua no nhini ne emu nsuo no bi a,


Saa berɛ no na AWURADE yii Lewifoɔ abusuakuo sɛ wɔnsoa AWURADE apam adaka no, na wɔnnyina n’anim nsom no, na wɔmfa ne din nhyira, a wɔayɛ de abɛduru nnɛ da yi.


Nsoromma nson a wohunu no me nifa soɔ no ahuntasɛm no, ne sika akaneadua nson no: Nsoromma nson no yɛ asafo nson no abɔfoɔ, na akaneadua nson a wohunuiɛ no yɛ asafo nson no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan