Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Adiyisɛm 11:12 - New Revised Asante Twi Bible

12 Na wɔtee nne kɛseɛ bi firi soro a ɛka kyerɛɛ wɔn sɛ: Momforo mmra ha! Na wɔforo faa mununkum no mu, na wɔn atamfoɔ no hunuu wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

12 Na wɔtee nne kɛseɛ bi firi soro a ɛka kyerɛɛ wɔn sɛ: Momforo mmra ha! Na wɔforo faa mununkum no mu, na wɔn atamfoɔ no hunuu wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Afei nne a ano yɛ den fi ɔsoro bɛka se, “Mommra ɔsoro ha.” Na bere a wɔn atamfo rehwɛ wɔn no, wɔfaa omununkum mu kɔɔ ɔsoro.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Afei, nne a ano yɛ den firi ɔsoro bɛka sɛ, “Mommra ɔsoro ha.” Na ɛberɛ a wɔn atamfoɔ rehwɛ wɔn no, wɔnam omununkum mu kɔɔ ɔsoro.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

12 Na wɔtee nne kɛse bi fi soro a ɛka kyerɛɛ wɔn sɛ: Momforo mmra ha! Na wɔforo faa omununkum no mu, na wɔn atamfo no huu wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Adiyisɛm 11:12
21 Iomraidhean Croise  

Na ɛbaa sɛ, AWURADE rebɛfa Elia ahum mu akɔ ɔsoro no, na Elia ne Elisa firi Gilgal rekɔ.


Na ɛbaa sɛ, wɔnam rekorɔ na wɔrekasa no, hwɛ, ogya teaseɛnam ne ogya apɔnkɔ ba bɛpaee wɔn baanu no ntam, na Elia faa ahum mu foro kɔɔ ɔsoro.


Na adiyifoɔ mma a wɔwɔ Yeriko no twe baa Elisa nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Wonim sɛ ɛnnɛ AWURADE bɛfa wo wura afiri wo nkyɛn? Na ɔse: Aane, me nso menim; monyɛ komm!


Na adiyifoɔ mma no mu aduonum kɔ kɔgyinagyinaa wɔn ntentensoɔ akyirikyiri, na wɔn baanu no gyinaa Yordan ano.


Ɔbɔnefoɔ bɛhunu ama no ayɛ no ahi, ɔbɛtwɛre ne se na wahodwo, abɔnefoɔ adeɛ a wɔpɛ bɛyera.


O AWURADE, hwan na ɔbɛsoɛ wo ntomadan mu? Hwan na ɔbɛtena wo bepɔ kronkron soɔ?


Hwan na ɔbɛforo AWURADE bepɔ no, na hwan na ɔbɛgyina ne tenabea kronkron hɔ?


Yɛ me ho nsɛnkyerɛnneɛ ma no nsi me yie, na m’atamfoɔ nhunu, na wɔn ani nwu, sɛ wo, AWURADE, woaboa me akyekyere me werɛ.


na ɔhwinhwan wɔn nteaseɛnam nan maa ne nanteɛ mu yɛɛ du. Na Misraimfoɔ no se: Momma yɛnnwane wɔ Israel anim, ɛfiri sɛ AWURADE reko tia Misraim ama wɔn.


Na wo deɛ, wokaa no w’akomam sɛ: Ɔsoro na mɛforo makorɔ, Nyankopɔn nsoromma no atifi na mɛma m’ahennwa so asie, na matena ahyiaeɛ bepɔ no so, atifi fam asasetifi ano nohoa tɔnn;


na wɔn a wɔtwɛn AWURADE no deɛ, wɔbɛnya ahoɔden foforɔ, wɔde ntaban bɛforo sɛ akɔdeɛ, wɔbɛtu mmirika, na wɔmmrɛ, wɔbɛnante, na wɔnntɔ piti.


Hwannom ne yeinom a wɔtu sɛ mununkum, ne mmuburo a wɔba wɔn buo mu yi?


Ɛnna mobɛsane ahunu nsonoeɛ a ɛda ɔteneneeni ne ɔbɔnefoɔ ntam, ne deɛ ɔsom Onyankopɔn ne deɛ ɔnsom no no ntam.


Na ɔmaa n’ani soɔ wɔ Asamando no, na ɔwɔ aninyanneɛ mu, na ɔhunuu Abraham akyirikyiri ne Lasaro sɛ ɔtwere ne kokom.


Na ɔkaa yeinom wieeɛ na wɔrehwɛ no no, wɔmaa no so, na mununkum gyee no firii wɔn anim.


ansa na wɔaba abɛfa yɛn a yɛtete aseɛ na yɛaka yi ne wɔn nyinaa amununkum mu sɛ yɛnkɔhyia Awurade ewiem, na saa na yɛne Awurade bɛtena daa.


Na ɔwoo ɔbabanin a ɔde dadeɛ poma bɛdi amanaman nyinaa so. Na wɔfaa ne ba no de no kɔɔ Nyankopɔn ne n’ahennwa no nkyɛn.


Deɛ ɔdi nkonim no, mɛma ɔne me atena m’ahennwa so, sɛdeɛ me nso madi nkonim na me ne m’Agya te n’ahennwa soɔ no.


Yei akyiri no, mehwɛe, na hwɛ, wɔahini ɛpono ɔsoro, na ɛnne a metee kane sɛ totorobɛnto a ɛne me kasaeɛ no se: Foro bra ha na mɛkyerɛ wo deɛ ɛtwa sɛ yeinom akyiri no ɛba.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan