Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Adiyisɛm 11:11 - New Revised Asante Twi Bible

11 Na nnansa ne fa akyiri no, nkwa honhom firii Nyankopɔn mu bɛhyɛnee wɔn mu, na wɔgyinagyinaa wɔn nan so, na ehu kɛseɛ kaa wɔn a wɔhunuu wɔn no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

11 Na nnansa ne fa akyiri no, nkwa honhom firii Nyankopɔn mu bɛhyɛnee wɔn mu, na wɔgyinagyinaa wɔn nan so, na ehu kɛseɛ kaa wɔn a wɔhunuu wɔn no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Nnansa akyi no, honhom a efi Onyankopɔn bewura wɔn mu na wɔasɔre. Na ehu kɛse bɛka obiara a obehu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Nanso, nnansa akyi no, Honhom a ɔfiri Onyankopɔn hɔ bɛwura wɔn mu na wɔasɔre. Na ehu kɛseɛ bɛka obiara a ɔbɛhunu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

11 Na nnansa ne fa akyi no, nkwa honhom fii Nyankopɔn mu bɛhyɛn wɔn mu, na wogyinagyinaa hɔ, na ehu kɛse kaa wɔn a wohuu wɔn no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Adiyisɛm 11:11
11 Iomraidhean Croise  

Na AWURADE Nyankopɔn de fam dɔteɛ nwonoo onipa, na ɔhuu nkwa home guu ne hwene mu, na onipa yɛɛ ɔkra teasefoɔ.


Na kuro yi bɛdane me ahosan din, ayeyie ne animuonyam, asase so amanaman a wɔbɛte yie a mereyɛ wɔn no nyinaa nti, na wɔn akoma bɛtu, na wɔn ho apopo papa nyinaa ne asomdwoeɛdeɛ nyinaa a mɛyɛ mama no no ho.


Akyire yi no Israel mma bɛsane abɛhwehwɛ AWURADE wɔn Nyankopɔn ne wɔn hene Dawid, na wɔn ho bɛpopo de aba AWURADE ne n’adɔeɛ ho, nna a ɛdi akyire no mu.


Na ehu kɛseɛ kaa asafo mu no nyinaa ne wɔn a wɔtee yeinom nyinaa.


Na Anania tee nsɛm yi no, ɔhwee ase wui. Na ehu kɛseɛ baa wɔn a wɔtee yeinom nyinaa so.


Na sɛ deɛ ɔnyanee Yesu firii awufoɔ mu no Honhom te mo mu a, deɛ ɔnyanee Kristo Yesu firii awufoɔ mu no bɛma mo nipadua a ɛwuo yi nso nkwa, ɛnam ne honhom a ɛte mo mu no so.


Na Kristo Yesu mu nkwa honhom mmara no agye me afiri bɔne ne owuo mmara no mu.


kɔka kyerɛɛ mmarima no sɛ: Menim sɛ AWURADE de asase yi ama mo, na mo ho hu atɔ yɛn so, na asase yi sotefoɔ nyinaa akoma tu mo anim.


Na ɛdɔn no ara mu asase wosoo kɛse, na kuro no nkyekyɛmu du mu baako hwee ase, na asasewosoɔ no kumm nnipa mpemnson. Na wɔn a ɛkaeɛ no suroe, na wɔhyɛɛ ɔsoro Nyankopɔn animuonyam.


Na nkurɔfoɔ ne mmusuakuo ne kasa ahodoɔ ne aman mu binom bɛhwɛ wɔn afunu nnansa ne fa, na wɔremma wɔmfa wɔn afunu no ntoto ɛda mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan