Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Adiyisɛm 10:6 - New Revised Asante Twi Bible

6 Na ɔkaa deɛ ɔte ase daa daa, a ɔbɔɔ ɔsoro ne deɛ ɛwɔ mu ne asase ne deɛ ɛwɔ mu, ne ɛpo ne deɛ ɛwɔ mu no ho ntam sɛ: Berɛ bi nni hɔ bio,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

6 Na ɔkaa deɛ ɔte ase daa daa, a ɔbɔɔ ɔsoro ne deɛ ɛwɔ mu ne asase ne deɛ ɛwɔ mu, ne ɛpo ne deɛ ɛwɔ mu no ho ntam sɛ: Berɛ bi nni hɔ bio,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 na ɔde Onyankopɔn a ɔte hɔ daa daa a ɔbɔɔ ɔsoro ne asase ne po ne nea ɛwɔ mu nyinaa no din kaa ntam. Ɔbɔfo no kae se, “Beresɛe biara nni hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 na ɔde Onyankopɔn a ɔte hɔ daa daa a ɔbɔɔ ɔsoro ne asase ne ɛpo ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa no edin kaa ntam. Ɔbɔfoɔ no kaa sɛ, “Ɛberɛ sɛeɛ biara nni hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

6 Na ɔkaa nea ɔte ase daa daa a ɔbɔɔ ɔsoro ne nea ɛwɔ mu ne asase ne nea ɛwɔ mu ne ɛpo ne nea ɛwɔ mu no ho ntam sɛ: Bere bi nni hɔ bio,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Adiyisɛm 10:6
14 Iomraidhean Croise  

Na Abram ka kyerɛɛ Sodom hene no sɛ: Mema me nsa so mekyerɛ AWURADE, ɔsorosoro Nyankopɔn a ɔyɛ ɔsoro ne asase wura no,


Na nnansia na AWURADE de yɛɛ ɔsoro ne asase, ɛpo ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa, na ɔhomee da a ɛtɔ so nson no; enti na AWURADE hyiraa homeda, na ɔyɛɛ no kronkron.


Na mede mo bɛkɔ asase a mekaa ntam sɛ mede bɛma Abraham, Isak, Yakob no so, na mede bɛma mo sɛ agyapadeɛ. Mene AWURADE.


Na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Ɛda a mefaa Israel na memaa me nsa so kyerɛɛ Yakob fie asefoɔ, na memaa wɔhunuu me Misraim asase soɔ na memaa me nsa so kyerɛɛ wɔn kaa sɛ: Mene AWURADE mo Nyankopɔn, no.


Na metee onipa a ɔfira nwera a ɔwɔ asubɔnten no soɔ no nka, na ɔmaa ne nifa ne ne benkum so kyerɛɛ ɔsoro, na ɔkaa deɛ ɔte ase daa no ho ntam sɛ ɛnkɔduru berɛ, mfeɛ mmiɛnsa ne fa, na sɛ wɔpansam ɔman kronkron no tumi wie a, wɔbɛwie yeinom nyinaa.


morennuru asase a memaa me nsa so mekyerɛɛ sɛ mede mo bɛtena soɔ no so, gye Yefune ba Kaleb ne Nun ba Yosua.


ne deɛ ɔte aseɛ no. Na mewui, na hwɛ, mete ase daa daa, na mekura Owuo ne asamando nsafoa.


Yei nti, ɔsoro ne mo a motete mu no, momma mo bo ntɔ mo yam. Asase ne ɛpo nnue, ɛfiri sɛ ɔbonsam asiane aba mo nkyɛn, na wafa abufuo kɛse, ɛfiri sɛ ɔnim sɛ ne berɛ a ɔwɔ yɛ tia.


Na deɛ ɔtɔ so nson no hwiee ne kuruwa no guu ahunum. Na ɛnne kɛseɛ bi firi asɔredan no mu, firi ahennwa no mu, sɛ: Wɔawie.


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Wɔawie! Mene Alfa ne Omega, mfitiaseɛ ne awieeɛ no. Me na mede nkwa asutire mu nsuo bɛkyɛ obiara a sukɔm de no kwa.


mpanimfoɔ aduonu nan no hwehwe ase, deɛ ɔte ahennwa no soɔ no anim, na wɔkoto deɛ ɔte ase daa daa no, na wɔyiyi wɔn abotire no gu ahennwa no anim ka sɛ:


Yɛn Awurade ne yɛn Nyankopɔn, wofata sɛ wogye animuonyam ne anidie ne tumi, ɛfiri sɛ wo na wobɔɔ nnoɔma nyinaa, na wo pɛ nti na wɔwɔ hɔ, na wɔbɔeɛ.


Na sɛ ateasefoɔ no de animuonyam ne anidie ne aseda ma deɛ ɔte ahennwa no soɔ, a ɔte ase daa daa no a,


Na wɔmaa wɔn mu biara atadeɛ fitaa, na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnhome berɛ tiaa bi bio, nkɔsi sɛ wɔn nwurakwaa ne wɔn nuanom a wɔbɛkum wɔn te sɛ wɔn no nso dodoɔ bɛso ano.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan