Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Adiyisɛm 10:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Na aprannaa nson no kasaeɛ no, anka mereyɛ matwerɛ. Na metee sɛ ɛnne bi firi soro reka kyerɛ me sɛ: Sɔ deɛ aprannaa nson no aka no ano, na ntwerɛ!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Na aprannaa nson no kasaeɛ no, anka mereyɛ matwerɛ. Na metee sɛ ɛnne bi firi soro reka kyerɛ me sɛ: Sɔ deɛ aprannaa nson no aka no ano, na ntwerɛ!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Wɔkasae no, na mepɛ sɛ mekyerɛw. Nanso metee nne bi fii ɔsoro a ɛkae se, “Ma nsɛm a aprannaa ason no kaa no nka wo tirim. Nkyerɛw!”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Wɔkasaeɛ pɛ, na mepɛ sɛ metwerɛ. Nanso, metee nne bi firii ɔsoro a ɛkaa sɛ, “Ma nsɛm a aprannaa nson no kaeɛ no nka wo tirim. Ntwerɛ!”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Na aprannaa ason no kasae no, anka meyɛ makyerɛw. Na metee sɛ ɛnne bi fi soro ka kyerɛɛ me sɛ: Sɔ nea aprannaa ason no aka no ano, na nkyerɛw!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Adiyisɛm 10:4
13 Iomraidhean Croise  

Na yei nyinaa ho adehunu abɛyɛ mo sɛ nwoma a wɔasɔ anomu nsɛm, wɔde ma deɛ ɔnim nwoma sɛ: Kenkan yei ɛ! a ɔka sɛ: Mentumi, na wɔasɔ ano!


Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Fa twerɛpono kɛseɛ, na fa ɔdasani twerɛdua twerɛ so sɛ: Maher-salal-has-bas.


Kyekyere adanseɛ no, sɔ nkyerɛkyerɛ no ano m’asuafoɔ mu.


Na wo, Daniel, toto nsɛm no mu na sɔ nwoma no ano kɔduru awieeɛ berɛ no so; nnipa bebree bɛdwane adi akɔneaba, na nimdeɛ adɔɔso.


Na ɔse: Daniel, kɔ ɛ, na wɔatoto nsɛm no mu asɔ ano de rekɔsi awieeɛ berɛ no so.


Na anwummerɛ ne anɔpa adehunu a wɔkaeɛ no yɛ nokorɛ. Enti sɔ anisoadehunu no ano, na ɛfa mmerɛ pii ho.


Nnoɔma a ahunta yɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn dea, na deɛ wɔayi no adie no yɛ yɛn ne yɛn mma dea kɔsi daa, sɛ yɛnni mmara yi mu nsɛm nyinaa so.


sɛ: Twerɛ deɛ wohunu hyɛ nwoma mu, na fa kɔma asafo ahodoɔ nson no, fa kɔ Efeso, Smirna, Pergamo, Tiatira, Sardi, Filadelfia ne Laodikea.


Twerɛ deɛ wohunu, ne deɛ ɛwɔ hɔ, ne deɛ yei akyiri no ɛrebɛba:


Na ɛnne a mete firii soro no ne me kasaa bio sɛ: Kɔ kɔgye nwoma ketewa a wɔabue mu no ɔbɔfoɔ a ɔgyina asase ne po soɔ no nsam.


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Nsɔ nwoma yi mu adiyisɛm ano, na ɛberɛ no abɛn.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan