Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Adiyisɛm 10:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Na ɔde nne kɛseɛ teaa mu sɛdeɛ gyata bobɔ mu. Na ɔteaa mu no, aprannaa nson no de wɔn nne kasae.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Na ɔde nne kɛseɛ teaa mu sɛdeɛ gyata bobɔ mu. Na ɔteaa mu no, aprannaa nson no de wɔn nne kasae.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Ɔde nne kɛse teɛɛ mu sɛnea gyata bobɔ mu. Ɔteɛɛ mu no, aprannaa ason kasae.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Ɔde nne kɛseɛ teaam sɛdeɛ gyata bobom. Ɔteaam no, aprannaa nson kasaeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Na ɔde nne kɛse teɛɛm sɛnea gyata bom. Na ɔteɛɛm no, aprannaa ason no de wɔn nne kasae.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Adiyisɛm 10:3
16 Iomraidhean Croise  

AWURADE nne wɔ nsuo so, animuonyam Nyankopɔn ma aprannaa bom, AWURADE wɔ nsuo bebree so.


Ɔhene abufuo te sɛ gyata mmobom, na n’anisɔ te sɛ wira so bosuo.


Na sɛ AWURADE aka akyerɛ me nie: Sɛdeɛ gyata bobom na gyataburuwa su ne hanam soɔ, na wɔfrɛ mmoahwɛfoɔ pii ara ba ne so a, wɔn nne mma no mmɔ binim, na wɔn hooyɛ nti ɔmmrɛ ne ho ase no, saa ara na asafo AWURADE bɛduru sɛ ɔrebɛdi ako wɔ Sion bepɔ ne ne kokoɔ soɔ.


AWURADE bɛfiri adi sɛ dɔmmarima, ɔbɛhwanyan n’abufuo mu sɛ ɔkofoni; ɔbɛhuro, ɔbɛbɔ ose; ɔbɛdi n’atamfo so mmaninsɛm.


Wɔn mmobomu te sɛ gyata deɛ, na wɔbobom sɛ agyataburuwa, wɔpɔ so kyere wɔn hanam, wɔde kɔ a ɔgyefoɔ biara nni hɔ.


Enti hyɛ nsɛm yi nyinaa ho nkɔm kyerɛ wɔn, na se wɔn sɛ: AWURADE firi sorosoro bobom, na ɔma ne nne so firi ne tenabea kronkron hɔ; bɔ na ɔbobɔ mu gu ne nkurɔfoɔ soɔ, ɔteɛ mu sɛ bobe abawɔfoɔ, de tia asase no sofoɔ nyinaa.


Na ɔtee Kerubim no ntaban mu gyegyeɛ no kɔsii ɛho fam abannwa no so, sɛ Onyankopɔn Tumfoɔ a ɔrekasa no nne.


Wɔbɛdi AWURADE a ɔbɛbobom sɛ gyata akyi, ampa ara ɔbɛbobom, na mma de ahopopoɔ afiri po akyiri aba.


Na AWURADE firi Sion bobom na ɔfiri Yerusalem ma ne nne so, na ɔsoro ne asase wosowoso; nanso AWURADE yɛ dwanekɔbea ma ne man, ne aban a ɛyɛ den ma Israel mma.


Na ɔse: AWURADE firi Sion bobom, na ɔfiri Yerusalem ma ne nne so; na nnwanhwɛfoɔ adidibea no atwintwam, na Karmel atifi akusa.


Gyata abobom, hwan na ɔrensuro? AWURADE Nyankopɔn akasa, hwan na ɔrenhyɛ nkɔm?


Na metee nne bi firi soro te sɛ nsuo bebree nne, ne aprannaa kɛseɛ nne. Na ɛnne a meteeɛ no te sɛ sankubɔfoɔ a wɔrebɔ wɔn asankuo.


Na mehunuu nsɛnkyerɛnneɛ foforɔ bi a ɛso na ɛyɛ nwanwa ɔsoro: Abɔfoɔ baason a wɔkurakura ɔhaw mmusuo nson a ɛtwa toɔ a ɛno na ɛtwa Onyankopɔn abufuo no to.


Na ateasefoɔ baanan no mu baako maa abɔfoɔ baason no sika nkuruwa nson a wɔde Nyankopɔn a ɔte ase daa daa no abufuo no ahyɛ mu mama.


Na anyinam ne ɛnne ahodoɔ ne aprannaa firi ahennwa no mu firii adi, na ogya nkanea nson a ɛyɛ Nyankopɔn ahonhom nson no redɛre ahennwa no anim.


Na ɔbɔfoɔ no faa ohwam kuruwa no de afɔrebukyia no so gya bi hyɛɛ mu ma, na ɔto guu asase so. Na aprannaa, ne nne ahodoɔ ne anyinam ne asasewosoɔ bae.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan