Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Adiyisɛm 1:16 - New Revised Asante Twi Bible

16 na ɔkura nsoromma nson wɔ ne nifa mu, na afena anofanu nnamnnam firi n’anomu, na n’anim te sɛ owia rehyerɛn n’ahoɔden mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

16 na ɔkura nsoromma nson wɔ ne nifa mu, na afena anofanu nnamnnam firi n’anomu, na n’anim te sɛ owia rehyerɛn n’ahoɔden mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Na okura nsoromma ason wɔ ne nsa nifa mu na afoa anofanu a ɛyɛ nnam fi nʼanom bae. Na nʼanim hyerɛn te sɛ owigyinae wia.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Na ɔkura nsoromma nson wɔ ne nsa nifa mu na sekan anofanu a ɛyɛ nnam firi nʼanom baeɛ. Na nʼanim hyerɛn te sɛ owigyinaeɛ awia.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

16 na okura nsoromma ason ne nifa mu, na afoa anofanu nnamnam fi n’ano; na n’anim te sɛ owia hyerɛn n’ahoɔden mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Adiyisɛm 1:16
26 Iomraidhean Croise  

berɛ a adekyeeɛ nsoromma boom too ahurisie dwom, na Ɔsoro dɔm nyinaa bɔɔ ose no?


Otumfoɔ, fa w’afena bɔ w’asene, fa w’animuonyam ne w’ahensɛm bɔ abɔsoɔ.


Hwan ne oyi a ɔpue sɛ adekyeeɛ, ne ho yɛ fɛ sɛ ɔsrane, ne ho te sɛ owia, na ne ho yɛ hu sɛ asraafoɔ a wɔkura frankaa yi?


na tenenee na ɔde bɛbu atɛn ama mmɔborɔni, na ɔde asɛntenenee adi ama asase so amanehunufoɔ; na ɔde n’anomu abaa bɛbɔ asase, na ɔde n’anomu honhom akum ɔbɔnefoɔ;


Na ɔsrane ani bɛwu, na owia anim bɛgu ase, ɛfiri sɛ asafo AWURADE bɛdi hene wɔ Sion bepɔ so ne Yerusalem, na wayi n’animuonyam wɔ ne mpanimfoɔ anim.


Na ɔyɛɛ m’ano sɛ afena nnamnnam, ne nsa ase nwunu mu na ɔde me sieeɛ, na ɔde me yɛɛ agyan a ano yɛ nnam, ɔde me siee ne kotokuo mu.


Na mmadwemma no bɛhyerɛn sɛdeɛ ewiem hyerɛn, na wɔn a wɔdane nnipa bebree kɔɔ tenenee mu no bɛyɛ sɛ nsoromma daa daapem.


na ɛyɛɛ kɛseɛ kɔpem ɔsoro asafo, na ɛtotoo asafo no bi ne nsoromma no bi guguu fam, na ɔtiatiaa wɔn so.


Na mo a mosuro me din no, tenenee owia bɛpue ama mo a ayaresa wɔ ne ntaban aseɛ, na mobɛfiri adi ahurihuri sɛ anantwiburuwa a wɔadidi adɔ,


Na ɔsakyeraa wɔ wɔn anim, na n’anim hyerɛnee sɛ owia, na ne ntadeɛ yɛɛ fitaa sɛ hann.


Na awigyina, ɔhene, ɛkwan so no, mehunuu hann bi a ɛkyɛne owia hran sɛ ɛfiri soro abɛtwa me ne wɔn a wɔne me nam no ho ahyia.


na momfa nkwagyeɛ dadeɛ kyɛ ne honhom nkrantɛ a ɛne Nyankopɔn asɛm,


Na Nyankopɔn asɛm wɔ nkwa, na ahoɔden wɔ mu, na ano yɛ nnam sene nkrantɛ anofanu biara, na ɛhwire mu kɔduru sɛ ɛpaepae ɔkra ne honhom, akwaa ne ekyim mu, na ɛyɛ akoma nsusuiɛ ne adwene temmufoɔ.


Nsoromma nson a wohunu no me nifa soɔ no ahuntasɛm no, ne sika akaneadua nson no: Nsoromma nson no yɛ asafo nson no abɔfoɔ, na akaneadua nson a wohunuiɛ no yɛ asafo nson no.


Na mehunuu ɔbɔfoɔ foforɔ hoɔdenfoɔ bi sɛ ɔfiri soro reba fam, na ɔfira mununkum, na nyankontɔn wɔ ne tiri so, na n’anim te sɛ owia, na ne nan te sɛ ogya fadum.


Na nsɛnkyerɛnneɛ kɛseɛ bi yii ne ho adi ɔsoro. Ɔbaa bi a ɔfira owia, na ɔsrane wɔ ne nan aseɛ, na nsoromma dummienu abotire bobɔ ne tire


Na afena nnamnnam bi firi n’anomu a ɔde bɛbobɔ amanaman, na ɔde dadeɛ poma bɛyɛne wɔn. Na ɔno na ɔtiatia Onyankopɔn, ade nyinaa so tumfoɔ no, abufuo a ɛyɛ den no nsa-kyi-amena no soɔ.


Na wɔde deɛ ɔte pɔnkɔ no soɔ afena a ɛfiri n’anomu no kunkumm wɔn a aka no, na nnomaa nyinaa dii wɔn nam mee.


Efeso asafo mu bɔfoɔ no, twerɛ kɔma no sɛ: Sɛɛ na deɛ ɔkura nsoromma nson ne nifa mu, deɛ ɔnam sika nkaneadua nson no mfimfini no seɛ:


Na Pergamo asafo mu bɔfoɔ no, twerɛ kɔma no sɛ: Sɛɛ na deɛ ɔkura afena anofanu nnamnnam no seɛ:


Enti sakyera w’adwene! Anyɛ saa a, mɛba wo so ntɛm, na mede m’anomu afena ne wɔn ako.


Na Sardi asafo mu bɔfoɔ no, twerɛ kɔma no sɛ: Sɛɛ na deɛ ɔwɔ Nyankopɔn ahonhom nson ne nsoromma nson no seɛ: Menim wo nnwuma, sɛ wowɔ din sɛ wote aseɛ, nanso woawuo.


Na Ehud yɛɛ sɛpɔ anofanu a ne tentene yɛ anammɔn baako ne fa, na ɔde bɔɔ n’akotadeɛ ase, ne dwonku nifa so.


Saa na ma w’atamfo nyinaa nsɛeɛ, AWURADE, na w’adɔfo nyɛ sɛ owia a ɛfiri n’ahoɔden mu. Na asase no so dwoo mfeɛ aduanan.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan