Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Adiyisɛm 1:13 - New Revised Asante Twi Bible

13 na nkaneadua no mfimfini no, mehunuu obi a ɔte sɛ onipa ba a ɔhyɛ atadeɛ yuu, na ɔde sika abɔsoɔ abɔ ne koko so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

13 na nkaneadua no mfimfini no, mehunuu obi a ɔte sɛ onipa ba a ɔhyɛ atadeɛ yuu, na ɔde sika abɔsoɔ abɔ ne koko so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 Na akaneadua no mfimfini na onipa bi a ɔte sɛ Onipa Ba a ɔhyɛ batakari yuu a esi nʼanan ase a sika abɔso kyekyere ne koko no gyina.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 Na nkaneadua no mfimfini na onipa bi a ɔte sɛ Onipa Ba a ɔhyɛ atadeɛ yuu a ɛsi ne nan ase a sika abɔsoɔ kyekyere ne koko no gyina.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

13 na akaneadua no mfinimfini no, mihuu obi a ɔte sɛ onipa ba a ɔhyɛ atade yuu, na ɔde sika abɔso abɔ ne koko so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Adiyisɛm 1:13
15 Iomraidhean Croise  

na asɔfotadeɛ no nkyekyeremu a ɛwɔ soɔ no, ɛfiri emu ara te sɛ n’adwini no ara, sika ne bibire ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan ne asaawa fitaa a wɔafira, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no.


na tenenee bɛyɛ n’asene mu abɔsoɔ, na nokorɛdie ayɛ n’akwaa mu aboomu.


Na hwɛ, obi a ɔte sɛ nnipa mma nsɛsoɔ kaa m’anofafa, na mebuee m’ano mekasa ka kyerɛɛ deɛ ɔgyinaa m’anim no sɛ: Owura, anisoadehunu no mu maboto ahima, na ahoɔden biara nni me mu;


Mehunuu anadwo anisoadehunu no mu ara, na hwɛ, obi a ɔte sɛ onipa ba nam ɔsoro mununkum mu reba, na ɔduruu deɛ ɔwɔ hɔ firi mmerɛ santen no nkyɛn, na wɔmaa no pinkyɛɛ n’anim.


Mehwɛe ara kɔsii sɛ wɔsisii ahennwa, na deɛ ɔwɔ hɔ firi mmerɛ santen bɛtenaa ase, n’atadeɛ hoa sɛ nwera, na ne tirinwi hoa sɛ odwanten nwi fitafita; n’adwa yɛ ogyaframa ara nko, ne ntwahonan ogya a ɛrefranam.


na ɔde atadeɛ yuu no hyɛɛ no, na ɔde aboomu no bɔɔ n’asene, na ɔde batakari no hyɛɛ no, na ɔde asɔfotadeɛ no hyɛɛ no, na ɔde asɔfotadeɛ no nkyekyeremu no bɔɔ no abɔsoɔ;


Na yɛnni ɔsɔfo panin a ɔnnim yɛn mmerɛyɛ na ɔnni tema mma yɛn, na mmom deɛ wɔasɔ no ahwɛ adeɛ nyinaa mu sɛ yɛn ara, nso wannyɛ bɔne.


Na mehunui, na hwɛ, omununkum fitaa, na obi a ɔte sɛ onipa ba te mununkum no so, na ɔbɔ sika abotire na ɔkura kantankrankyi nnamnnam bi.


Na abɔfoɔ baason a wɔkurakura ɔhaw mmusuo nson no firi asɔredan no mu firii adi, wɔhyehyɛ nwera fitafitaa a ɛhran, na wɔde sika abɔsoɔ abobɔ wɔn mu.


Efeso asafo mu bɔfoɔ no, twerɛ kɔma no sɛ: Sɛɛ na deɛ ɔkura nsoromma nson ne nifa mu, deɛ ɔnam sika nkaneadua nson no mfimfini no seɛ:


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan