Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Adiyisɛm 1:12 - New Revised Asante Twi Bible

12 Na medanee m’ani sɛ merekɔhwɛ nne a ɛkasa kyerɛɛ me no. Na medanee me ho no, mehunuu sika nkaneadua nson,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

12 Na medanee m’ani sɛ merekɔhwɛ nne a ɛkasa kyerɛɛ me no. Na medanee me ho no, mehunuu sika nkaneadua nson,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Medan mʼani, pɛɛ sɛ mihu nea ɔrekasa kyerɛ me no. Ɛhɔ na mihuu sikakɔkɔɔ akaneadua ason.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Medanee mʼani pɛɛ sɛ mehunu deɛ ɔrekasa kyerɛ me no. Ɛhɔ na mehunuu sikakɔkɔɔ nkaneadua nson.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

12 Na medan m’ani sɛ mekɔhwɛ nne a ɛkasa kyerɛɛ me no. Na medan me ho no, mihuu sika akaneadua asɔn,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Adiyisɛm 1:12
11 Iomraidhean Croise  

Na yɛ ɛso nkanea nson, na wɔmfa ne nkanea no nsisi so, na ɛnnɛre wɔ anim nkyerɛ fa hɔ.


Na ɔde sika amapa yɛɛ ɛso nkanea nson no ne ɛho adaban ne ɛho nso nkukuwa.


AWURADE nne refrɛ kuro no, na wɔn a wɔsuro no no yɛ anyansafoɔ, montie ntea ne deɛ ɔhyɛeɛ no.


na ɔbisaa me sɛ: Ɛdeɛn na wohunu yi? Na mese: Mehunu kaneadua a ne nyinaa yɛ sika, na ne ngo toa tae atifi, na ne nkanea nson wowɔ soɔ, adorobɛn nson nson wɔ hɔ ma atifi nkanea no.


na nkaneadua no mfimfini no, mehunuu obi a ɔte sɛ onipa ba a ɔhyɛ atadeɛ yuu, na ɔde sika abɔsoɔ abɔ ne koko so.


Twerɛ deɛ wohunu, ne deɛ ɛwɔ hɔ, ne deɛ yei akyiri no ɛrebɛba:


Nsoromma nson a wohunu no me nifa soɔ no ahuntasɛm no, ne sika akaneadua nson no: Nsoromma nson no yɛ asafo nson no abɔfoɔ, na akaneadua nson a wohunuiɛ no yɛ asafo nson no.


Efeso asafo mu bɔfoɔ no, twerɛ kɔma no sɛ: Sɛɛ na deɛ ɔkura nsoromma nson ne nifa mu, deɛ ɔnam sika nkaneadua nson no mfimfini no seɛ:


Yei akyiri no, mehwɛe, na hwɛ, wɔahini ɛpono ɔsoro, na ɛnne a metee kane sɛ totorobɛnto a ɛne me kasaeɛ no se: Foro bra ha na mɛkyerɛ wo deɛ ɛtwa sɛ yeinom akyiri no ɛba.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan