Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Adiyisɛm 1:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Yesu Kristo adiyie a Onyankopɔn de maa no sɛ ɔnkyerɛ ne nkoa deɛ ɛtwa sɛ ɛba ntɛm, na ɔnam ne bɔfoɔ so de bɛkyerɛɛ n’akoa Yohane

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Yesu Kristo adiyie a Onyankopɔn de maa no sɛ ɔnkyerɛ ne nkoa deɛ ɛtwa sɛ ɛba ntɛm, na ɔnam ne bɔfoɔ so de bɛkyerɛɛ n’akoa Yohane

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Saa nhoma yi fa adiyisɛm a Onyankopɔn de maa Yesu Kristo sɛ ɔnkyerɛ nʼasomfo nea ɛrebɛba no ho. Kristo somaa ne bɔfo kɔɔ nʼakoa Yohane nkyɛn kɔdaa asɛm yi adi kyerɛɛ no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Nwoma yi fa adiyisɛm a Onyankopɔn de maa Yesu Kristo sɛ ɔnkyerɛ nʼasomfoɔ deɛ ɛrebɛba no ho. Kristo somaa ne ɔbɔfoɔ kɔɔ nʼakoa Yohane nkyɛn kɔdaa asɛm yi adi kyerɛɛ no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Yesu Kristo adiyi a Onyankopɔn de maa no sɛ ɔnkyerɛ ne nkoa nea etwa sɛ ɛba ntɛm, na ɔnam ne bɔfo so de bɛkyerɛɛ n’akoa Yohane

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Adiyisɛm 1:1
30 Iomraidhean Croise  

AWURADE yi ne tirim asɛm kyerɛ wɔn a wɔsuro no, na ɔma wɔhunu n’apam no mu.


na metee onipa nne, Ulai nsunoa a ɔfrɛɛ sɛ: Gabriel, ma oyi nte adehunu no ase.


na meda so merekasa me mpaebɔ mu no, Ɔbɔfoɔ Gabriel a mehunuu no anisoadehunu mu akane no tuu ntɛmntɛm bɛkaa me, anwummerɛ afɔrebɔ berɛ mu.


Wo nkotosrɛ mfitiaseɛ mu no, asɛm firi bae, na maba rebɛka akyerɛ wo, ɛfiri sɛ wɔdɔ wo sɛ; enti te asɛm no ase, na hunu adehunu no mu.


Ampa ara, AWURADE Nyankopɔn renyɛ biribi gye sɛ wayi n’agyina adi akyerɛ ne nkoa adiyifoɔ no ansa.


ɛfiri sɛ, me deɛ ɛnyɛ me na mehyɛɛ me ho mekasaeɛ, na Agya a ɔsomaa me no na ɔhyɛɛ me deɛ menka ne sɛdeɛ menkasa.


Memfrɛ mo nkoa bio, ɛfiri sɛ akoa nnim deɛ ne wura reyɛ; na mafrɛ mo nnamfo, ɛfiri sɛ nnoɔma a mate no m’Agya nkyɛn nyinaa maka makyerɛ mo.


ɛfiri sɛ nsɛm a wode ama me no, mede mama wɔn; na wɔn nso wɔagye, na wɔahunu ampa sɛ, mefiri wo nkyɛn na mebaeɛ, na wɔagye adi sɛ wo na wosomaa me.


na deɛ wahunu na wateɛ no, ɛno ho adanseɛ na ɔdie; nanso obi nnye n’adanseɛ no.


Mewɔ mo ho nsɛm pii a mɛka, na mabu atɛn; na deɛ ɔsomaa me no yɛ nokwafoɔ. Na deɛ metee no ne nkyɛn no, ɛno na meka mekyerɛ wiase.


Deɛ ɔtumi sɛ ɔhyɛ mo den, sɛdeɛ m’asɛmpa ne Yesu Kristo ho asɛnka teɛ, sɛdeɛ ahuntasɛm a akane teteete no wɔanka,


ɛfiri sɛ ɛnyɛ nnipa nkyɛn na megyee no, nso wɔamfa ankyerɛkyerɛ me, na mmom Yesu Kristo na ɔdaa no adi kyerɛɛ me.


sɛ ɔnam adiyie so maa mehunuu ahuntasɛm no, sɛdeɛ matwerɛ no tiawa mu dada no.


Paulo, Nyankopɔn akoa ne Yesu Kristo somafoɔ ma wɔn a Onyankopɔn ayi wɔn gyidie ne onyamesom pa ho nokorɛ no nimdeɛ,


Twerɛ deɛ wohunu, ne deɛ ɛwɔ hɔ, ne deɛ yei akyiri no ɛrebɛba:


Me, Yohane a meyɛ mo nua ne Yesu ahohia ne ahennie ne boasetɔ no mu yɔnkoɔ no, ɛsiane Nyankopɔn asɛm ne Yesu adanseɛ nti, mewɔ supɔ a wɔfrɛ no Patmo no so.


Na abɔfoɔ baason a wɔkurakura nkuruwa nson no mu baako bae ne me bɛkasaa sɛ: Bra na menkyerɛ wo odwamamfoɔ kɛseɛ a ɔte nsuo pii no soɔ no atemmuo.


Na mehwee ne nan ase mekotoo no. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Hwɛ, nyɛ saa, meyɛ w’awurakwaa ne wo nuanom a wɔkura Yesu adanseɛ no mu bi. Koto Onyankopɔn! Na Yesu adanseɛ ne adiyie honhom no.


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Twerɛ: Nhyira ne wɔn a wɔahyia wɔn adwammaa no ayeforɔ aseɛ. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Nyankopɔn nsɛm a ɛyɛ nokorɛ nie.


Na mehunuu kuro kronkron no, Yerusalem foforɔ, sɛ ɛfiri soro Nyankopɔn nkyɛn resiane, na wɔasiesie no sɛ ayeforɔ a wɔahyehyɛ no ama ne kunu.


Na abɔfoɔ baason a wɔkurakura nkuruwa nson no a ɔhaw mmusuo nson a ɛdi akyire no ahyehyɛ mu mama no mu baako baa me nkyɛn, ne me bɛkasaa sɛ: Bra na menkyerɛ wo ayeforɔ, Adwammaa no yere no.


Na ɔkyerɛɛ me nkwa nsuo asubɔnten a ani teɛ sɛ ahwehwɛ a ɛfiri Nyankopɔn ne Adwammaa no ahennwa no mu


Me, Yesu, na masoma me bɔfoɔ sɛ ɔmmɛdi mo nnoɔma yi ho adanseɛ asafo no mu. Mene Dawid nhini ne n’aseni, adekyeeɛ nsoromma a ɛhran no.


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Nsɛm yi wɔ mu, na ɛyɛ nokorɛ, na Awurade, adiyifoɔ ahonhom Nyankopɔn no, asoma ne bɔfoɔ sɛ ɔmmɛkyerɛ ne nkoa adeɛ a ɛtwa sɛ ɛba ntɛm.


Na me, Yohane, ne deɛ ɔhunuu nnoɔma yi na ɔteeɛ. Na meteeɛ na mehunuiɛ no, mehwee ase sɛ merekoto asɔre ɔbɔfoɔ a ɔkyerɛɛ me nnoɔma yi nan ase.


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Hwɛ, nyɛ saa, meyɛ wo ne wo nuanom adiyifoɔ, ne wɔn a wɔkura nwoma yi mu nsɛm mu no awurakwaa. Koto sɔre Onyankopɔn!


Yei akyiri no, mehwɛe, na hwɛ, wɔahini ɛpono ɔsoro, na ɛnne a metee kane sɛ totorobɛnto a ɛne me kasaeɛ no se: Foro bra ha na mɛkyerɛ wo deɛ ɛtwa sɛ yeinom akyiri no ɛba.


Na ɔba bɛgyee nwoma no firii deɛ ɔte ahennwa no soɔ no nifa mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan