Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




5 Mose 9:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 ɛberɛ a meforoo bepɔ no sɛ merekɔgye aboɔpono, apam a AWURADE ne mo pameeɛ no apono no, medii bepɔ no so adaduanan awia ne anadwo, mannidi na mannom;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 ɛberɛ a meforoo bepɔ no sɛ merekɔgye aboɔpono, apam a AWURADE ne mo pameeɛ no apono no, medii bepɔ no so adaduanan awia ne anadwo, mannidi na mannom;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Mekɔɔ bepɔw no so sɛ merekogye abo kyerɛwpon a na wɔakyerɛw apam a na Awurade ne mo apam no agu so no, metenaa hɔ nnafua aduanan, mannidi na mannom.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Mekɔɔ bepɔ no so sɛ merekɔgye aboɔ twerɛpono a na wɔatwerɛ apam a na Awurade ne mo apam no agu so no, metenaa hɔ nnafua aduanan. Mannidi na mannom.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 ɛbere a meforoo bepɔw no sɛ mikogye abopon, apam a AWURADE ne mo pamee no apon no, midii bepɔw no so adaduanan awia ne anadwo, mannidi na mannom;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




5 Mose 9:9
17 Iomraidhean Croise  

Na ɔsɔre didii na ɔnomee, na ɔnantee aduane no ahoɔden mu adaduanan, awia ne anadwo de kɔduruu Nyankopɔn bepɔ Horeb ho.


Na ɔbuaa sɛ: Dabi, mmobɔ wɔn. Deɛ wode wo nkrantɛ ne wo tadua afa no dommum no na wobɔ no. Fa aduane ne nsuo sisi wɔn anim na wɔnni na wɔnnom, na wɔnkɔ wɔn wura nkyɛn.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Foro bra me nkyɛn bepɔ no so bɛtena ha, na mɛma wo aboɔpono ne mmara ne ahyɛdeɛ a matwerɛ, na woakyerɛkyerɛ wɔn.


Na Mose foro kɔɔ bepɔ no so, na mununkum bɛkataa bepɔ no so.


Na Mose kɔɔ mununkum no mu, na ɔforo kɔɔ bepɔ no so; na Mose dii bepɔ no so adaduanan awia ne anadwo.


Na ɔne Mose wiee kasa Sinai bepɔ soɔ no, ɔmaa no adanseɛ apono mmienu, aboɔpono a wɔde Nyankopɔn nsateaa atwerɛ soɔ.


Na ɔman no hunuu sɛ Mose akyɛreɛ na ɔnsiane mfiri bepɔ no so mma no, ɔman no boaa wɔn ano baa Aaron nkyɛn bɛsee no sɛ: Sɔre yɛ anyame ma yɛn, na wɔnni yɛn anim, ɛfiri sɛ Mose yi, ɔbarima a ɔkɔyii yɛn firii Misraim baeɛ no deɛ, yɛnnim deɛ ayɛ no.


Na ɔne AWURADE dii hɔ adaduanan awia ne anadwo, wannidi na wannom. Na ɔtwerɛɛ apam nsɛm no, nsɛm du no, apono no so.


Na ɔdii mmuada adaduanan awia ne anadwo no, akyire yi no, ɛkɔm dee no.


Saa adeɛ yi yɛ mfatoho, ɛfiri sɛ wɔn baanu no yɛ apam mmienu; ɔbaako firi Sinai bepɔ so a ɔrewo gu nkoayɛ mu, ɔno ne Hagar.


Na ɔbrɛɛ wo ase maa ɛkɔm dee wo, na ɔde mana a wonnim na wo nananom nso nnim maa wo diiɛ, na wama woahunu sɛ, ɛnyɛ aduane nko so na onipa nam bɛtena aseɛ, na adeɛ biara a ɛfiri AWURADE anomu so na onipa nam tena aseɛ.


Na adaduanan awia ne anadwo no wiee duro no, AWURADE de aboɔpono mmienu, apam apono no, maa me,


Ɛnna medanee me ho mefirii bepɔ no so mesianeeɛ, na bepɔ no redɛre ogya, na apam apono mmienu no kurakura me nsam;


Na mehwee AWURADE anim ase sɛ kane no, adaduanan awia ne anadwo, mannidi na mannom, mo bɔne a moyɛeɛ nyinaa, sɛ moyɛɛ deɛ ɛnyɛ wɔ AWURADE ani so de hyɛɛ no abufuo no nti.


Ɛwɔ sika aduhwamhyeɛ bukyia ne apam adaka a wɔde sika adura ho nyinaa, a sika pɔre a mana wɔ mu, ne Aaron poma a ɛfefɛeɛ ne apam aboɔpono no wɔ mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan