Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




5 Mose 8:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 Na hunu no w’akoma mu sɛ, sɛdeɛ onipa tea ne ba no, saa ara na AWURADE wo Nyankopɔn tea woɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 Na hunu no w’akoma mu sɛ, sɛdeɛ onipa tea ne ba no, saa ara na AWURADE wo Nyankopɔn tea woɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Munhu wɔ mo koma mu sɛ, sɛnea ɔbeatan teɛ ne ba no, saa ara nso na Awurade, mo Nyankopɔn, teɛ mo de siesie mo no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Enti, deɛ ɛsɛ sɛ mohunu ne sɛ, sɛdeɛ ɔbaatan tea ne ba no, saa ara nso na Awurade mo Onyankopɔn tea mo de boa mo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 Na hu wo koma mu sɛ, sɛnea onipa teɛ ne ba so no, saa ara na AWURADE wo Nyankopɔn teɛ wo so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




5 Mose 8:5
19 Iomraidhean Croise  

Me na mɛyɛ no agya, na ɔno nso ayɛ me ɔba. Na sɛ ɔfom a, mede nnipa abaa ne nnipa mma mpire bɛtea no.


ɛno deɛ mede abaa bɛba abɛtwe wɔn aso, wɔn mmarato ho, na mede ɔhaw ahodoɔ mabɛtwe wɔn aso, wɔn amumuyɛ ho.


Nhyira ne onipa a wo, AWURADE, wotwe n’aso, na wofiri wo mmara no mu kyerɛkyerɛ no,


Deɛ ɔkora n’abaa tane ne ba, na deɛ ɔdɔ no no, tene no ntɛm so.


Me ba, mpo AWURADE nkyerɛkyerɛ, na mma n’animka mmfono wo;


na deɛ AWURADE dɔ no na ɔka n’anim, sɛdeɛ agya yɛ ne ba a ɔdɔ no no.


Da pa mu, ma w’ani nnye, na da bɔne mu, dwene ho; Onyankopɔn ayɛ yei nso aka ɛno ho, deɛ ɛbɛyɛ na onipa anhunu n’akyiri biribiara.


Nantwie nim ne wura, na afunumu nim ne wura adididaka, na Israel deɛ, ɔnnim, me man nni nteaseɛ.


na atuatefoɔ fie ne wɔn. Na wo, onipa ba, yɛ otukorɔ adeɛ fa, na tu kɔ awia, wɔ wɔn anim, na tu firi wo tenabea kɔ baabi foforɔ, wɔn anim; ebia wɔbɛhunu; na asowuiɛ fie ne wɔn.


Na sɛ wahunu, na wasane afiri ne mmarato a ɔdiiɛ no nyinaa ho nti, nkwa na ɔbɛnya, ɔrenwu.


na sɛ wɔbu yɛn atɛn a, Awurade twe yɛn aso, na wɔammu yɛn ne wiase fɔ.


ne ɛserɛ so a wohunuu sɛ AWURADE wo Nyankopɔn kura wo sɛdeɛ onipa kura ne ba, akwan a mofaa soɔ no nyinaa so bɛsii sɛ moduruu ha yi.


Monhwɛ mo ho yie na mo werɛ amfiri AWURADE mo Nyankopɔn apam a ɔne mo pameeɛ no, na moanyɛ ohoni a ɛyɛ biribiara a AWURADE wo Nyankopɔn abara woɔ nsɛsoɔ amfa.


Ɔfiri soro ma wotee ne nne sɛ ɔretenetene woɔ, na asase so nso wama woahunu ne gya kɛseɛ no, na woate ne nsɛm afiri ogya mu.


Monhwɛ mo ho yie, na monhwɛ mo kra nso so yie, na mo werɛ amfiri nsɛm a mo ani ahunu no, na mo nkwa nna nyinaa mu amfiri mo akoma mu, na ma mo mma ne mo asefoɔ nhunu.


Enti di AWURADE wo Nyankopɔn mmara nsɛm so, sɛ wobɛnante n’akwan soɔ na woasuro no.


Dodoɔ a medɔ wɔn no, meyi wɔn atɛn, na metwe wɔn aso. Enti bɔ mmɔden na sakyera w’adwene!


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan