Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




5 Mose 8:12 - New Revised Asante Twi Bible

12 na sɛ wodidi mee na wosisi adan pa tena mu,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

12 na sɛ wodidi mee na wosisi adan pa tena mu,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Anyɛ saa na sɛ mudidi na momee na musisi mo afi afɛfɛ, na mokɔtenatena mu

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Anyɛ saa a, sɛ modidi na momee na mosisi mo afie fɛfɛ, na mokɔtena mu

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

12 Na sɛ wudidi mee na wusisi adan pa tena mu,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




5 Mose 8:12
13 Iomraidhean Croise  

na mammee mampa wo manka sɛ: Hwan ne AWURADE? Nanso manni hia manwia adeɛ mamfom me Nyankopɔn din.


Meyeyɛɛ nnwuma akɛseɛ, mesisii adan, meyɛɛ bobe turo ahodoɔ fae,


Wɔse: Berɛ a wɔde sisi adan mpinkyɛnee. Kuro yi ne ɛsɛn no, na yɛne nam no.


Enti ɛnam sɛ motiatia mmɔborɔni soɔ na mogye ne hɔ ayuo nti, mode aboɔ a wɔatwa atoto aban, nanso morentena mu, moatɛ bobe nturo a ɛyɛ fɛ, nanso morennom mu nsa.


Mo deɛ, ɛberɛ aduru ama mo sɛ motete mo adan a wɔaduradura mu mu, wɔ berɛ a efie yi deɛ, ayɛ dantuo yi?


Sɛ nso ɛyɛɛ Lot nna mu ne no, wɔdidii, na wɔnomee, wɔtɔe, wɔtɔnee, wɔduae, na wɔtotoo adan.


Ɛsiane sɛ woamfa anigyeɛ ne akoma pa ansom AWURADE wo Nyankopɔn w’ahonya mu nti,


Na mede wɔn duru asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene wɔ soɔ a mekaa ho ntam mekyerɛɛ wɔn nananom no so a, wɔbɛdidi amee na wɔayɛ akɛseɛ, na wɔamane akɔ anyame foforɔ nkyɛn akɔsom wɔn, na wɔapo me na wɔato m’apam.


Na Yesurum dɔree sradeɛ, na ɔtotoo anankotie; woadɔre sradeɛ ayɛ kɛse, wo mu ayɛ duru; na wagyaa Onyankopɔn a ɔyɛɛ no no, na ɔbuu ne nkwagyeɛ botan no akumaa.


Na sɛ AWURADE wo Nyankopɔn nya de wo duru asase a ɔkaa wo nananom Abraham, Isak ne Yakob ntam sɛ ɔde bɛma woɔ no so, nkuro akɛseɛ a ɛyɛ fɛ a ɛnyɛ wo na wokyekyereeɛ,


na w’anantwie ne wo nnwan dɔre, na wo dwetɛ ne wo sika dɔɔso ma wo, na adeɛ a wowɔ nyinaa dɔɔso a,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan