Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




5 Mose 7:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 Na mmom sɛ monyɛ wɔn nie: Monnwiridwiri wɔn afɔrebukyia, na mommubu wɔn aboɔ adum, na montwitwa wɔn abosompɔ ngu, na momfa ogya nhye wɔn ahoni.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 Na mmom sɛ monyɛ wɔn nie: Monnwiridwiri wɔn afɔrebukyia, na mommubu wɔn aboɔ adum, na montwitwa wɔn abosompɔ ngu, na momfa ogya nhye wɔn ahoni.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Nea ɛsɛ sɛ moyɛ wɔn ne sɛ, mummubu wɔn afɔremuka na munnwiriw wɔn abosom adum no ngu. Muntwitwa wɔn abosompɔw ngu na monhyew wɔn ahoni.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Deɛ ɛsɛ sɛ moyɛ wɔn ne sɛ, mommubu wɔn afɔrebukyia na monnwiri wɔn abosom adum no ngu. Montwitwa wɔn abosompɔ ngu na monhye wɔn ahoni.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 Na mmom sɛ monyɛ wɔn ni: Munnwiridwiriw wɔn afɔremuka, na mummubu wɔn abo adum, na muntwitwa wɔn Asera nnua ngu, na momfa ogya nhyew wɔn ahoni.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




5 Mose 7:5
16 Iomraidhean Croise  

Na wɔkɔɔ Baal fie ban no mu, na wɔyii Baal fie adum no, na wɔhyeeɛ;


Na wɔgyigyaa wɔn anyame wɔ hɔ. Na Dawid ka maa wɔde ogya hyeeɛ.


na ɔyiyii ananafoɔ afɔrebukyia ne sorɔnsorɔmmea no, na ɔdwirii adum no, na ɔtwitwaa Asera nnua no gui.


Nsɔre wɔn anyame na nsom wɔn, na nyɛ wɔn nneyɛɛ nso, na butuo na butu wɔn, na bubuo na bubu wɔn adum.


Na ɔfaa nantwie ba a wɔyɛeɛ no de gya hyee, na ɔyam no muhumuhu de petee nsuo ani maa Israelfoɔ no nomee.


na mmom mommubu wɔn afɔrebukyia na monnwiri wɔn ɔboɔ adum, na montwitwa wɔn abosompɔ Asera ngu.


na ɔrenhwɛ afɔrebukyia a ɛyɛ ne nsa ano adwuma no, na Asera nnua ne owia adum a ne nsateaa ayɛ no, ɔremmu bio.


Monnyɛ anyamehuhuo mmfa, na mommfa ahoni anaa ɔbosom dum bi nnsi hɔ mmfa, na mommfa ɔboɔ a wɔadi ho adwini nnsi mo asase so nnkoto nnsɔre wɔ ho, ɛfiri sɛ mene AWURADE mo Nyankopɔn.


ɛnneɛ mompamo asase no sotefoɔ nyinaa mfiri mo anim, na monsɛe wɔn aboɔ ahoni nyinaa, na wɔn ahoni a wɔaguo no, monsɛe ne nyinaa, na monsɛe wɔn nsorɔnsorɔmmea nyinaa.


Ntɛ nnua biara mfa nyɛ abosompɔ wɔ AWURADE wo Nyankopɔn afɔrebukyia a worebɛsie no ho;


na mfa ɔboɔ dum nsi hɔ mfa; na AWURADE wo Nyankopɔn akyiwadeɛ ne no.


Wɔn anyame ahoni no, momfa ogya nhye; mma w’ani mmmere ɛho dwetɛ ne sika, na mfa bi, na ansum wo fidie, ɛfiri sɛ ɛyɛ AWURADE wo Nyankopɔn akyiwadeɛ.


Na mefaa mo bɔne a moyɛeɛ a ɛne nantwie ba no, na mede ogya mehyee, na mesi meyam no muhumuhu kɔsii sɛ ɛfee sɛ mfuturo, na metoo ne mfuturo no guu asuo a ɛfiri bepɔ no so sene no mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan