Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




5 Mose 7:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 na ɔtua wɔn a wɔtane no ka wɔ wɔn anim na ɔsɛe wɔn; ɔnyɛ nyaa mma deɛ ɔtane no, ɔbɛtua no ka wɔ n’anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

10 na ɔtua wɔn a wɔtane no ka wɔ wɔn anim na ɔsɛe wɔn; ɔnyɛ nyaa mma deɛ ɔtane no, ɔbɛtua no ka wɔ n’anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Nanso, ɔntwentwɛn na ɔtwe wɔn a wokyi no no aso, sɛe wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Nanso, ɔntwentwɛn na ɔsɛe. Ɔtwe wɔn a wɔmpɛ nʼasɛm aso, sɛe wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

10 na otua wɔn a wɔtan no ka bɔ wɔn anim na ɔsɛe wɔn; ɔnyɛ nyaa mma nea ɔtan no, obetua no ka abɔ n’anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




5 Mose 7:10
18 Iomraidhean Croise  

Na me, AWURADE wo Nyankopɔn, meyɛ Onyankopɔn ninkufoɔ a metua nananom amumuyɛ so ka mefa mma so kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ mmiɛnsa ne nnan a wɔtane me soɔ,


deɛ ɔkora adɔeɛyɛ ma mpempem, na ɔde amumuyɛ ne mmarato ne bɔne kyɛ, na bem na ɔmma ɔbɔnefoɔ nnie, ɔtua nananom amumuyɛ so ka fa mma ne mma mma so kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ mmiɛnsa ne nnan so.


Hwɛ, sɛ wɔtua ɔteneneeni ka asase so a, na nkantom ɔbɔnefoɔ ne omumuyɛfoɔ.


Sɛ wɔyɛeɛ no, saa ara na ɔbɛhyɛ wɔn ananmu de abufuhyeɛ ama n’ahohiahiafoɔ, ne akatua ama n’atamfo; nsuano aman nso, ɔde akatua bɛhyɛ wɔn ananmu.


woyɛ nnipa mpem mpem adɔeɛ, na wotua agyanom amumuyɛ so ka gu wɔn mma a wɔdi wɔn akyire kokom, wo Onyankopɔn kɛseɛ ne otumfoɔ a asafo AWURADE ne ne din no.


Onyankopɔn yɛ ninkufoɔ, AWURADE ne weretɔfoɔ. Ampa ara, AWURADE tɔ were, na abufuo tumi hyɛ no ma. AWURADE tɔ n’ahohiahiafoɔ so were, na n’abufuo wɔ hɔ ma n’atamfo.


Na sɛ adaka no retu a, Mose ka sɛ: AWURADE, sɔre na w’atamfo mmɔ mpete na wɔn a wɔkyiri woɔ nnwane w’anim.


AWURADE yɛ abufuo mu nyaa na n’adɔeɛ so. Ɔde amumuyɛ ne mmrato kyɛ, na bem na ɔmmu deɛ ɔdi fɔ; na ɔtua nananom amumuyɛ so ka de fa mma so kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ mmiɛnsa ne nnan so.


Adɔfo, monntotɔ mo ho were, na mmom monnyae mma Onyankopɔn abufuo! Na wɔatwerɛ sɛ: Me na aweretɔ wɔ me, me ara mɛtua ka, Awurade na ɔka saa.


Nkrantɛ bɛfa wɔn mma abɔntene so, na ehu aku wɔn mpia mu, aberanteɛ ne ababaa, akɔkoaa ne deɛ wafu ɛdwono nyinaa.


Me na aweretɔ ne akatua wɔ me, ɛberɛ a wɔn nan bɛwatiri no. Na wɔn dwɛreɛ da abɛn, na deɛ wɔahyɛ ama wɔn bɛba ntɛmntɛm.


Sɛ mese me nkrantɛ nyinamnyinam no na me nsa sɔ atemmuo mu a, mɛtɔ wɔn a wɔne me di asie were, na matua m’atamfoɔ ka.


Na me AWURADE wo Nyankopɔn meyɛ Onyankopɔn ninkufoɔ a metua nananom amumuyɛ so ka mefa mma soɔ kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ mmiɛnsa ne nnan a wɔtane me soɔ,


Enti di mmara nsɛm ne atemmudeɛ a merehyɛ wo nnɛ yi so, na yɛ.


Enti hunu sɛ AWURADE wo Nyankopɔn no, ɔno ne Onyankopɔn, — Onyankopɔn nokwafoɔ a ɔkora apam ne adɔeɛ ma wɔn a wɔdɔ no na wɔdi ne mmara nsɛm so kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ apem soɔ,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan