Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




5 Mose 5:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 Me deɛ, na megyina AWURADE ne mo ntam saa berɛ no, sɛ merekyerɛ mo AWURADE asɛm, ɛfiri sɛ mosuroo ogya no anim na moamforo bepɔ no. Na ɔkaa sɛ:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 Me deɛ, na megyina AWURADE ne mo ntam saa berɛ no, sɛ merekyerɛ mo AWURADE asɛm, ɛfiri sɛ mosuroo ogya no anim na moamforo bepɔ no. Na ɔkaa sɛ:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Migyinaa mo ne Awurade ntam, na mekaa Awurade asɛm kyerɛɛ mo efisɛ na musuro ogya no nti, moamforo bepɔw no. Nsɛm a ɔkae no ni:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Megyinaa mo ne Awurade ntam, ɛfiri sɛ, na mosuro ogya no enti, moamforo bepɔ no. Ɔkasa kyerɛɛ me na me nso mekaa nsɛm a ɔkaeɛ no kyerɛɛ mo. Nsɛm a ɔkaeɛ no nie:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 Me de, na migyina AWURADE ne mo ntam saa bere no, sɛ merekyerɛ mo AWURADE asɛm, efisɛ musuroo ogya no anim na moamforo bepɔw no. Na ose:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




5 Mose 5:5
15 Iomraidhean Croise  

Na mmarima no danee wɔn ani firii hɔ kɔɔ Sodom; na Abraham deɛ, na ɔda so gyina AWURADE anim ara.


Ɔyiyii sorɔnsorɔmmea no, na ɔbubuu adum no, na ɔtwitwaa Asera nnua no guiɛ, na ɔbubuu kɔbere mfrafraeɛ ɔwɔ a Mose yɛeɛ no; ɛfiri sɛ saa berɛ no, na Israelfoɔ hye aduhwam ma no, na wɔfrɛ no Nehustan.


Na ɔse anka ɔbɛsɛe wɔn, nanso Mose a ɔyii no no kɔgyinaa n’anim sii abuo no ano, sɛ ɔbɛyi n’abufuo, na wansɛe wɔn.


Na da a ɛtɔ so mmiɛnsa no anɔpa no, aprannaa ne anyinam ne mununkum duruduro ne totorobɛnto nne a ɛyɛ den yie baa bepɔ no so. Na ɔman a wɔwɔ nsraban no mu nyinaa ho popoe.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Siane kɔbɔ ɔman no kɔkɔ, na wɔantra hyeban no amma AWURADE nkyɛn ammɛhwɛ, na wɔn mu pii antotɔ.


Na Mose siane baa ɔman no nkyɛn bɛka kyerɛɛ wɔn.


Na wɔn hene bɛfiri wɔn ara wɔn mu, na wɔn sodifoɔ nso afiri wɔn mu, na mɛma no atwe apini, na ɔbɛbɛn me, na hwan ne deɛ ɔbɛsi ne bo sɛ ɔbɛbɛn me? AWURADE asɛm nie.


Na ɔgyinaa awufoɔ ne anikanfoɔ no ntam, na wɔsii ɔyaredɔm no ano.


Na afei, mmara no ne deɛn? Mmara atotoatoto nti na wɔde kaa ho, kɔsi sɛ aseni a wɔhyɛɛ bɔ maa no no bɛba; na wɔnam abɔfoɔ so na ɛhyehyɛeɛ wɔ ntamgyinafoɔ bi nsa mu.


Wo na twe pini hɔ na tie deɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn bɛka nyinaa, na bɛka yɛn deɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn bɛka akyerɛ woɔ nyinaa, na yɛbɛtie na yɛayɛ.


Na Kristo anhyɛne kronkronbea a wɔde nsa yɛeɛ, a ɛyɛ kronkronbea pa ara no ho nsɛnkyerɛnneɛ no mu, na mmom ɔhyɛnee ɔsoro ankasa sɛ afei ɔrekɔyi ne ho adi Nyankopɔn anim ama yɛn.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan