Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




5 Mose 4:6 - New Revised Asante Twi Bible

6 Enti monni so na monyɛ, ɛfiri sɛ ɛno ne mo nyansa ne mo nhunumu, aman a wɔbɛte ahyɛdeɛ yi nyinaa anim, na wɔbɛka sɛ: Ampa, ɔman anyansafoɔ ne nhunumufoɔ ne ɔman kɛseɛ yi!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

6 Enti monni so na monyɛ, ɛfiri sɛ ɛno ne mo nyansa ne mo nhunumu, aman a wɔbɛte ahyɛdeɛ yi nyinaa anim, na wɔbɛka sɛ: Ampa, ɔman anyansafoɔ ne nhunumufoɔ ne ɔman kɛseɛ yi!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Sɛ mudi so a, ɛbɛda mo nyansa ne ntease a mowɔ no adi akyerɛ aman a wɔbɛte saa ahyɛde yi nyinaa no na wɔaka se, “Ampa, nnipa yi yɛ ɔman kɛse a wonim nyansa na wɔwɔ ntease.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Sɛ modi so a, ɛbɛma mo agye nim wɔ adwene ne nyansa mu. Na sɛ aman a wɔatwa mo ho ahyia no te saa mmara yi a, wɔbɛteam sɛ, “Ɔman bɛn na wɔwɔ nyansa ne adwene sɛ Israel!”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

6 Enti munni so na monyɛ, efisɛ ɛno ne mo nyansa ne mo nhumu, aman a wɔbɛte ahyɛde yi nyinaa anim, na wɔbɛka sɛ: Ampa, ɔman anyansafo ne nhumufo ne ɔman kɛse yi!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




5 Mose 4:6
27 Iomraidhean Croise  

Na amanaman nyinaa mu bi baa sɛ wɔrebɛtie Salomo nyansa, wɔfirii asase so ahemfo a wɔtee ne nyansa no nyinaa nkyɛn bae.


Na ɔka kyerɛɛ onipa sɛ: Hwɛ, AWURADE ho suro, ɛno ne nyansa, na bɔne ho dwanneɛ ne nhunumu.


Nyansa mfitiaseɛ ne AWURADE suro, ɛyɛ nhunumu pa ma wɔn a wɔdi soɔ nyinaa, n’ayeyie gyina hɔ daa.


AWURADE mmara yɛ pɛ, ɛdwodwo ɔkra. AWURADE adanseɛ atim, ɛma awiɛmfoɔ hunu nyansa.


AWURADE ahyɛdeɛ tene, ɛma akoma tɔ yam. AWURADE mmarahyɛ ho te, na ɛte ani.


sɛ wɔmfa nkyerɛ ntetekwaa aniteɛ, aberanteɛ nso nimdeɛ ne adwempa:


Na onyansafoɔ ntie, na ne nimdeɛ nnɔɔso, na onimdefoɔ mfa nnya atɛmpa:


AWURADE suro ne nimdeɛ mfitiaseɛ; agyimifoɔ bu nyansa ne nkyerɛkyerɛ animtia.


Tenenee nneyɛɛ ma ɔman so, na bɔne deɛ ɛyɛ ɔman biara animguaseɛ.


Onitefoɔ nyansa ne sɛ ɔhunu ne kwan mu, na nkwaseafoɔ agyimisɛm yɛ nnaadaa.


AWURADE ani sɔɔ ne tenenee nti, sɛ ɔbɛma mmara no ayɛ kɛseɛ na anya animuonyam.


Anyansafoɔ ani bɛwu, wɔbɛbɔ binim na wɔakye wɔn. Hwɛ, AWURADE asɛm na wɔapoɔ yi, na nyansa bɛn na wɔwɔ?


Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Yei ne Yerusalem, mede no asi amanaman ntam, na nsase atwa ne ho ahyia.


Na nyansa ne nhunumu asɛm biara a ɔhene bisaa wɔn no, ɔhunuu wɔn sɛ wɔkyɛne nkonyaayifoɔ ne pɛadeahunufoɔ a wɔwɔ n’ahennie mu no nyinaa mprɛdu.


Beltesasar, nkonyaayifoɔ panin, sɛ menim sɛ anyame kronkron honhom wɔ wo mu na ahuntasɛm biara nyɛ wo den nti, ka me daeɛ mu adehunu a mehunuiɛ ne ne nkyerɛaseɛ kyerɛ me.


Matwerɛ me mmara dodoɔ no mama wɔn, wɔbuu no sɛ amannɔne adeɛ.


Na amanaman nyinaa bɛbu mo ahotɔfoɔ, na mobɛyɛ anika asase, asafo AWURADE na ɔseɛ.


Enti monhwɛ apam yi mu nsɛm nni so, na deɛ moyɛ nyinaa awie mo yie.


ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Momfa mo akoma nto nsɛm a meredi mo ho adanseɛ nnɛ yi so, na mode ahyɛ mo mma, sɛ wɔnhwɛ mmara yi mu nsɛm nyinaa nni so.


Na ɛnyɛ mo asɛnhunu, na mmom ɛne mo nkwa, na asɛm yi so na monam bɛma mo nna aware asase a moretwa Yordan akɔdi soɔ no so.


na wofiri wo mmɔfraase nim atwerɛ kronkron no a ɛbɛtumi ama woahunu nyansa afa Kristo Yesu mu gyidie soɔ akɔ nkwagyeɛ mu.


Mo mu hwan na ɔyɛ nyansafoɔ ne nimdefoɔ? Ma no mfa ɔbra pa nkyerɛ ne nnwuma wɔ ɔdwoɔ a nyansa wɔ mu mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan