Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




5 Mose 4:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Mommfa hwee nnka asɛm a merehyɛ mo yi ho, nanso monnyi mu biribi, na moadi AWURADE mo Nyankopɔn mmara nsɛm a merehyɛ mo yi so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Mommfa hwee nnka asɛm a merehyɛ mo yi ho, nanso monnyi mu biribi, na moadi AWURADE mo Nyankopɔn mmara nsɛm a merehyɛ mo yi so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Mommfa bi nka ho, na munnyi biribiara nso mmfi ahyɛde a Awurade, mo Nyankopɔn, de ama me se memfa mma mo no mu, na mmom munni so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Mommfa bi nka ho, na monnyi biribiara nso mfiri mmara a Awurade mo Onyankopɔn de ama me sɛ memfa mma mo no mu, na mmom monni so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Mommfa hwee nnka asɛm a merehyɛ mo yi ho, nanso munnyi mu biribi, na moadi AWURADE mo Nyankopɔn mmara nsɛm a merehyɛ mo yi so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




5 Mose 4:2
21 Iomraidhean Croise  

sɛ wɔmfa wɔn ani nto Nyankopɔn so, na wɔn werɛ mmfiri Nyankopɔn nneyɛɛ, na wɔnni ne mmara nsɛm so.


Mfa biribi nka ne nsɛm ho, na wanka w’anim, na wɔanhu wo sɛ ɔtorofoɔ.


Asɛm no awieeɛ, deɛ yɛateɛ nyinaa ne sɛ: Suro Onyankopɔn, na di ne mmara nsɛm so. Na yei ne nnipa nyinaa asɛdeɛ.


Sɛ AWURADE seɛ nie: Kɔgyina AWURADE fie abannwa mu, na Yuda nkuro a wɔba AWURADE fie asɔre no nyinaa, ka nsɛm a mehyɛ wo sɛ ka kyerɛ wɔn no nyinaa gu wɔn so; nyi mu asɛm biara;


Na nokorɛ mese mo sɛ, ɔsoro ne asase nnya ntwaa mu yi, atwerɛdeɛ ketewa baako anaa nsensaneeɛ baako mpo remfiri mmara no mu ntwa mu, gye sɛ ne nyinaa aba mu ansa.


Moate sɛ wɔkaa sɛ: Dɔ wo yɔnko na tane wo tamfo.


Anuanom, mede deɛ yɛhu no daa no reyɛ mfatoho: Onipa samanseɛ a wɔde nsa ahyɛ aseɛ mpo, obiara ntumi nsesa no, na ɔmmfa bi nka ho.


Na afe a ɛtɔ so aduanan no, bosome a ɛtɔ so dubaako, bosome no ara da a ɛdi kan no, Mose kasa kyerɛɛ Israelfoɔ no, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ no sɛ ɔnka nkyerɛ wɔn no nyinaa;


Asɛm a merehyɛ mo nyinaa, monhwɛ nni so; mfa bi nka ho na nyi bi nso mfiri mu.


Sɛ odiyifoɔ anaa ɔdaeɛsofoɔ bi sɔre wo mu, na ɔma wo nsɛnkyerɛnneɛ anaa anwanwadeɛ bi,


Mmara na Mose hyɛɛ yɛn, Yakob badwa agyapadeɛ;


Na me nso AWURADE hyɛɛ me berɛ no mu sɛ menkyerɛ mo ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ a monyɛ, asase a moretwam akɔfa no so.


Na di n’ahyɛdeɛ ne ne mmara nsɛm a merehyɛ wo nnɛ yi so, na awie wo ne wo mma a wɔdi w’akyire yie, na woakye wɔ asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema woɔ no so daa nyinaa.


Hwɛ, merekyerɛ mo ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ, sɛdeɛ AWURADE me Nyankopɔn hyɛɛ me no sɛ monyɛ saa, wɔ asase a morekɔ soɔ akɔfa no so.


O, sɛ anka wɔbɛnya akoma a ɛte seyie na wɔde asuro me adi me mmara nsɛm so nna nyinaa, na asi wɔn ne wɔn mma yie daa ɛ!


Enti monhwɛ na monyɛ sɛdeɛ AWURADE mo Nyankopɔn ahyɛ mo no; mommmane nifa anaa benkum;


Wo ho ara na ɛnyɛ den na yɛ nnam pa, na hwɛ di mmara a mehyɛɛ m’akoa Mose no nyinaa so; mfiri ho nkɔ nifa anaa benkum, na deɛ wobɛkorɔ nyinaa woadi yie.


Deɛ Mose hyɛeɛ no nyinaa mu asɛm biara nni hɔ a Yosua ankenkan no Israel dwabɔ nyinaa ne mmaa ne mmɔfra ne ɔhɔhoɔ a ɔnam wɔn mu no anim.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan