Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




5 Mose 4:12 - New Revised Asante Twi Bible

12 Na AWURADE firi ogya no mu kasa kyerɛɛ mo; sɛdeɛ nsɛm no teɛ no, mo ara motee, na ne tebea bi na moanhunu anka ɛnne no ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

12 Na AWURADE firi ogya no mu kasa kyerɛɛ mo; sɛdeɛ nsɛm no teɛ no, mo ara motee, na ne tebea bi na moanhunu anka ɛnne no ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Na Awurade kasa fii ogya no mu kyerɛɛ mo. Motee nsɛm no nanso, moanhu no, nne kɛkɛ na ɛbae.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Na Awurade kasa faa ogya no mu kyerɛɛ mo. Motee nsɛm no, nanso moanhunu no. Ɛnne kɛkɛ na ɛbaeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

12 Na AWURADE fi ogya no mu kasa kyerɛɛ mo; nsɛm no nne no, mo ara motee, na suban bi na moanhu anka nne no ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




5 Mose 4:12
24 Iomraidhean Croise  

Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Hwɛ, me deɛ, mereba wo nkyɛn mununkum tumm mu, na sɛ me ne wo kasa a, ɔman no ate, na wo nso wɔagye wo adi akɔsi daa. Na Mose kaa ɔman no nsɛm no kyerɛɛ AWURADE.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Sɛ ka kyerɛ Israelfoɔ nie: Mo ara moahunu sɛ mefiri ɔsoro na me ne mo akasa.


Na w’aso nso bɛte w’akyiri asɛm bi sɛ: Yei ne kwan, sɛ mofa nifa oo, mofa benkum oo, monnante so.


Na hwan ho na mode Onyankopɔn bɛtoɔ, na suban bɛn na mode bɛsusu no?


Obi nne team sɛ: Mommɔ AWURADE kwan, wɔ ɛserɛ so, montene anwea pradada so tempɔn mma yɛn Nyankopɔn.


Ɛnne bi se: Team! Na mebisaa sɛ: Menteam sɛn? Honam nyinaa yɛ wira, na ne papa nyinaa te sɛ wiram nhwiren.


Ano ne ano na me ne no de kasa ehunu mu, na ɛnyɛ mmebuo mu, na ɔhunu AWURADE suban. Na adɛn nti na moansuro sɛ mobɛkasa atia m’akoa Mose?


Na ɔgu so rekasa no, hwɛ, mununkum hyɛnhyɛn bi bɛkataa wɔn so, na hwɛ, ɛnne bi firi mununkum no mu kaa sɛ: Oyi ne me dɔba a ɔsɔ m’ani. Montie no!


Na hwɛ, ɛnne bi firi soro kaa sɛ: Oyi ne me Dɔba a ɔsɔ m’ani.


Na oyi ne deɛ Odiyifoɔ Yesaia kaa ne ho asɛm sɛ: Obi nne reteam wɔ ɛserɛ so sɛ: Monsiesie Awurade kwan! Momma n’atempɔn ntene!


Na AWURADE twerɛɛ apono no so sɛ kane ntwerɛeɛ no, nsɛm du no a ɔfiri ogya no mu ka kyerɛɛ mo wɔ bepɔ no so dwabɔ da no, na ɔde maa me.


Na motwe pini bɛgyinaa bepɔ no ase, berɛ a na ogya redɛre de wisie kumɔnn rekɔ soro tɔnn, bepɔ no so, mununkum ne esum kabii mu.


Na ɔkaa n’apam a ɔhyɛɛ mo sɛ monyɛ no kyerɛɛ mo, mmara nsɛm du no, na ɔtwerɛɛ wɔ aboɔpono mmienu so.


Enti monhwɛ mo kra so yie, ɛfiri sɛ moanhunu tebea biara da no a AWURADE firi ogya no mu kasa kyerɛɛ mo Horeb soɔ no.


sɛ ɔman bi ate Nyankopɔn nne sɛ ɛfiri ogya mu rekasa, sɛdeɛ woateɛ yi, na wɔanya nkwa anaa?


Ɔfiri soro ma wotee ne nne sɛ ɔretenetene woɔ, na asase so nso wama woahunu ne gya kɛseɛ no, na woate ne nsɛm afiri ogya mu.


Nsɛm yi na AWURADE firi ogya mununkum ne esum kabii no mu de nne kɛseɛ ka kyerɛɛ mo badwa nyinaa, bepɔ no soɔ, na wamfa bi anka ho; na ɔtwerɛɛ no aboɔpono mmienu so de maa me.


AWURADE firi ogya no mu bepɔ no ho ne mo dii nhwɛanim na ɔkasaeɛ.


na AWURADE maa me aboɔpono mmienu a wɔde Nyankopɔn nsateaa twerɛeɛ a nsɛm a AWURADE firii ogya mu wɔ bepɔ no so ne mo kaa no dwabɔ da no nyinaa wɔ soɔ.


Ɔno ara na ɔyɛ Onyankopɔn a wɔnhu no no nsɛso ne abɔdeɛ nyinaa farebae,


ne totorobɛnto gyegyeɛ ne nsɛm nne a wɔn a wɔteeɛ no srɛɛ sɛ wɔmmfa asɛm bi nnka wɔn ho bio no ho.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan