Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




5 Mose 32:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Ɔbotan no, n’adeyɛ yɛ pɛ, na n’akwan nyinaa yɛ tenenee; ɔyɛ nokorɛ Nyankopɔn na nkontompo nni ne mu; ɔteneneeni ne teefoɔ ne no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Ɔbotan no, n’adeyɛ yɛ pɛ, na n’akwan nyinaa yɛ tenenee; ɔyɛ nokorɛ Nyankopɔn na nkontompo nni ne mu; ɔteneneeni ne teefoɔ ne no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Ɔne Ɔbotan no, ne nnwuma so nni, na nʼakwan nyinaa ye. Onyankopɔn nokwafo a ɔnyɛ mfomso, Ɔtreneeni ne ɔnokwafo ne no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Ɔyɛ Ɔbotan; nʼadwuma yɛ pɛ; Biribiara a ɔyɛ nam ne kwan so, na ɛyɛ. Ɔyɛ Onyankopɔn nokwafoɔ a ɔnyɛ mfomsoɔ; Ɔteneneeni ne nokwafoɔ ne no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Ɔbotan no, n’adeyɛ yɛ pɛ, na n’akwan nyinaa yɛ trenee; ɔyɛ nokware Nyankopɔn na nkontompo nni no mu; ɔtreneeni ne teefo ne no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




5 Mose 32:4
66 Iomraidhean Croise  

de akyerɛ sɛ AWURADE tene, ɔne me botan, na deɛ ɛntene biara nni ne mu.


Momfa mo ho nto AWURADE so daa daa, ɛfiri sɛ AWURADE Nyankopɔn ne daa botan.


AWURADE ne me botan ne m’abankɛseɛ ne me gyefoɔ, me Nyankopɔn ne me botantim a medwane kɔtoa no, me kyɛm ne me nkwagyeɛ abɛn, m’abantenten.


Afei me, Nebukadnessar, mekamfo ɔsoro hene mema no so meyi no ayɛ, sɛ ne nneyɛɛ nyinaa yɛ nokorɛ, na n’akwan yɛ atɛntenenee, na wɔn a wɔnam ahantan soɔ no, ɔtumi brɛ wɔn ase.


Na AWURADE yɛ, n’adɔeɛ wɔ hɔ daa, na ne nokorɛdie kɔduru awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa so.


Akyɛdeɛ pa nyinaa ne akyɛdeɛ a ɛyɛ pɛ nyinaa firi soro, ɛfiri hann Agya no nkyɛn na ɛba. Ɔno na nsakyeraeɛ ne adaneadane sunsum nni ne mu.


Enti monyɛ pɛ, sɛdeɛ mo Agya a ɔwɔ soro yɛ pɛ no.


na wɔn nyinaa nom honhom fam anonneɛ korɔ, na wɔnom firii honhom fam botan a na ɛdi wɔn akyire no mu; na ɔbotan no ne Kristo.


Yei mpare wo sɛ wobɛdi saa asɛm yi sɛ wobɛkum ɔteneneeni ne ɔdebɔneyɛni afra, na ɔteneneeni ayɛ sɛ ɔdebɔneyɛni; yei mpare wo. Deɛ ɔbu asase nyinaa atɛn no remmu atɛntenenee anaa?


na yei ho mmom na ma deɛ ɔhyehyɛ ne ho no nhyehyɛ ne ho, sɛ ɔnim de, na wahu me, sɛ mene AWURADE a ɔyɛ adɔeɛ, na ɔbu atɛntenenee, yɛ adetenenee, asase soɔ, na yei na ɛsɔ m’ani, AWURADE asɛm nie.


Na sɛ tene a yɛntene yi na ɛyi Nyankopɔn tenenee no kyerɛ a, yɛbɛse deɛn? Onyankopɔn ntene sɛ ɔde abufuo ba yɛn so anaa? (Meka no nnipa mu.)


Nanso yɛnim sɛ Nyankopɔn atemmuo fa ne kwan so pɛpɛɛpɛ, ba wɔn a wɔyɛ saa nnoɔma no so.


Yesu see no sɛ: Mene kwan no, nokorɛ no ne nkwa no; obi mma Agya no nkyɛn, gye sɛ ɔnam me so.


Na Asɛm no bɛyɛɛ honam, na ɔbɛsoeɛɛ yɛn mu, na yɛhunuu n’animuonyam sɛ Agya no Ba a ɔwoo no korɔ animuonyam, na adom ne nokorɛ ayɛ no ma.


AWURADE, me Nyankopɔn ne wo, mɛma wo so na makamfo wo din sɛ woayɛ anwanwadeɛ; tete nteredee agyinatuo atim ayɛ nokorɛ.


Ɛfiri sɛ ɛwɔ atwerɛ no mu sɛ: Hwɛ, mede tweaso tiboɔ a wɔayie no na ne boɔ yɛ den mato Sion, na deɛ ɔgye no die no ani renwu.


Na Agya no nso mmu obiara atɛn, na ɔde atemmuo nyinaa ahyɛ Ɔba no nsa,


Wo a w’aniwa yɛ kronkron a wontumi nhwɛ bɔne na wontumi nhwɛ ɔhaw, adɛn nti na wohwɛ nkɔnkɔnsafoɔ, na ɔbɔnefoɔ mene ɔteneneeni a ɔtene sene no a, woyɛ komm?


Enti sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, mede ɔboɔ bi retim Sion, ɔboɔ a wɔasɔ no ahwɛ, tweaso tiboɔ a ne boɔ yɛ den a ɛtim hɔ timpa, deɛ ɔgye die no rennwane.


Mununkum ne sum atwa ne ho ahyia, tenenee ne atemmuo ne n’ahennwa nnyinasoɔ.


Enti mo a mowɔ tire, montie me, ɛmpare Onyankopɔn sɛ ɔbɛdi asɛmmɔne, na Otumfoɔ bɛdi amumuyɛsɛm,


Ɔbotan a ɔwoo woɔ no, woannwene ne ho, na wo werɛ afiri Onyankopɔn a ɔkyem woo woɔ no.


Na Yesurum dɔree sradeɛ, na ɔtotoo anankotie; woadɔre sradeɛ ayɛ kɛse, wo mu ayɛ duru; na wagyaa Onyankopɔn a ɔyɛɛ no no, na ɔbuu ne nkwagyeɛ botan no akumaa.


Ɔbaako ne mmarahyɛfoɔ ne ɔtemmufoɔ, ɔno ne deɛ ɔbɛtumi agyeɛ na wasɛeɛ. Na hwan ne wo a wobu obi atɛn?


Na w’akoma den ne akoma pirim nti, woreboaboa abufuo ano de atwɛn abufuo ne Nyankopɔn atɛntenenee no adiyie da no.


Na wɔnim Nyankopɔn ahyɛdeɛ yie sɛ owuo na ɛsɛ wɔn a wɔyɛ saa nnoɔma yi deɛ, nanso ɛnyɛ yɛ nko ara na wɔyɛ, na mmom wɔpene wɔn a wɔyɛ saa adeɛ no bi no so.


Na mmara no deɛ, wɔnam Mose so na ɛmaeɛ; na adom ne nokorɛ no deɛ, ɛnam Yesu Kristo so na ɛbaeɛ.


Na AWURADE ne nokorɛ Nyankopɔn no, ɔne Onyankopɔn teasefoɔ ne daa Hene; n’abufuo nti asase woso, na amanaman ntumi n’abufuhyeɛ.


na wɔn mu biara bɛyɛ sɛ mframa ano huntabea ne osuo ano dwanekɔbea, sɛ nkyɛkyerɛ so nsuwansuwa, sɛ asase a akyen so botan kɛseɛ nwunu.


Na enti AWURADE twɛn ansa na wadom mo, na ɛno nti na ɔma ne ho soɔ, ansa na wahu mo mmɔbɔ, na atemmuo Nyankopɔn ne AWURADE, nhyira ne wɔn a wɔtwɛn no nyinaa.


Menim sɛ adeɛ biara a Onyankopɔn yɛ no, ɛno na ɛbɛtena hɔ daa; wɔrentumi mfa bi nka ho, na wɔrentumi nyi bi mfiri mu. Na Onyankopɔn ayɛ no saa sɛdeɛ nnipa bɛsuro n’anim.


Ɔno na ɔyɛɛ ɔsoro ne asase, ɛpo ne deɛ ɛwom nyinaa, ɔno na ɔkora nokorɛ daa.


AWURADE bɛwie di ama me, AWURADE, w’adɔeɛ wɔ hɔ daa, wo nsa ano adwuma no, worennya no hɔ.


Ɔhene tumfoɔ a wodɔ atemmuo, wo na wobu atɛntenenee, Yakob mu atemmuo ne tenenee, wo na wobuo.


Wakae n’adɔeɛ ne ne nokorɛ ama Israel fie, asase ano nyinaa ahunu yɛn Nyankopɔn nkwagyeɛ.


Wo nsam na mede me honhom mehyɛ, AWURADE, nokorɛ Nyankopɔn, woagye me.


AWURADE mmara yɛ pɛ, ɛdwodwo ɔkra. AWURADE adanseɛ atim, ɛma awiɛmfoɔ hunu nyansa.


AWURADE te ase, na nhyira ne me botantim no. Na me nkwagyeɛ Nyankopɔn no, wɔmma no so.


AWURADE ayi ne ho adi, wabu atɛn, ɔde ɔbɔnefoɔ nsam nneyɛɛ atoatoa no.


Na nkantom sɛ wose: Wonhu no deɛ nanso asɛm no da n’anim, na wotwɛn no ara!


Israel Nyankopɔn akasa, me na Israel botan no kasa kyerɛɛ me. Deɛ ɔdi nnipa soɔ a ɔtene, deɛ ɔdi so Nyankopɔn suro mu.


AWURADE te ase, na nhyira nka me botantim no. Na me nkwagyeɛ botan Nyankopɔn no, wɔmma no so.


Obiara nyɛ Kronkron sɛ AWURADE, na obiara nni w’akyi, na Ɔbotan bi nni hɔ sɛ yɛn Nyankopɔn.


ɔbu atɛn ma awisiaa ne okunafoɔ, na ɔdɔ ɔhɔhoɔ ma no aduane ne nkataho.


Enti hunu sɛ AWURADE wo Nyankopɔn no, ɔno ne Onyankopɔn, — Onyankopɔn nokwafoɔ a ɔkora apam ne adɔeɛ ma wɔn a wɔdɔ no na wɔdi ne mmara nsɛm so kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ apem soɔ,


Na AWURADE bɛtwaa mu n’anim, na ɔpaee sɛ: YHWH, YHWH, (AWURADE, AWURADE), Nyankopɔn mmɔborɔhunufoɔ ne ɔdomfoɔ, deɛ n’abodwoɔ kyɛre na n’adɔeɛyɛ ne ne nokorɛ dɔɔso pii,


Na Onyankopɔn hunuu deɛ ɔyɛeɛ nyinaa, na hwɛ, ɛyɛ pa ara. Na adeɛ sae, na adeɛ kyee, da a ɛtɔ so nsia ne no.


Na afei AWURADE ho suro ntena mo so. Monhwɛ yie na monyɛ, ɛfiri sɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn no, nkontompo ne animhwɛ ne kɛtɛ-asehyɛ nni ne fam.


Onyankopɔn bɛkyea atemmuo anaasɛ Otumfoɔ bɛkyea tenenee?


Hwan na ɔhyɛɛ no sɛdeɛ ɔnyɛ n’adeɛ mfa, na hwan na ɔbɛka sɛ: Woadi asɛmmɔne?


na wɔkaee sɛ Onyankopɔn ne wɔn botan, na ɔsorosoro Nyankopɔn ne wɔn gyefoɔ.


Ma w’adwuma nna adi mma wo nkoa, na w’animuonyam nna adi, wɔn mma so.


Ɛfiri sɛ wo werɛ afiri wo nkwagyeɛ Nyankopɔn, na w’ahoɔden Botan no, wonkae no; enti wodua nnua fɛfɛ na wotɛ ananafoɔ tɛ nnua;


AWURADE, me Nyankopɔn ne me Kronkronni, ɛnyɛ wo na wofiri tete nteredee? AWURADE, wo ne ɔbotantim; yɛrenwu na mmom wo ara na woahyɛ Kaldeafoɔ sɛ wɔmmu yɛn atɛn na yɛn asotwe nti na wode wɔn asi hɔ.


AWURADE a ɔwɔ ne mu no yɛ ɔteneneeni, ɔrenyɛ abusudeɛ; daa n’atemmuo da adi pefee, ɔnnyae da, nanso okontonkyini deɛ, ɔnnim aniwuo.


Na wohunuu n’akoma sɛ ɛyɛ nokorɛ wɔ w’anim, na wo ne no pamm sɛ wɔde Kanaanfoɔ, Hetifoɔ, Amorifoɔ, Perisifoɔ, Yebusifoɔ ne Girgasifoɔ asase bɛma n’asefoɔ. Na woama wo nsɛm no atim, ɛfiri sɛ woyɛ ɔteneneeni.


Na AWURADE asɛm tene, na ne nnwuma nyinaa wɔ nokorɛ mu.


AWURADE tene, n’akwan nyinaa mu, na ɔyɛ adɔeɛ ne nnwuma nyinaa mu.


Na nna no akyiri no, me, Nebukadnessar, memaa m’ani so mehwɛɛ ɔsoro, na m’adwene sane ba maa me, na mehyiraa Ɔsorosoroni no, na mekamfoo deɛ ɔte ase daa no meyii no ayɛ, sɛ ne tumi yɛ daa tumi na n’ahennie wɔ awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa soɔ;


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan