Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




5 Mose 3:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Na yɛfaa ne nkuro nyinaa, berɛ no mu; kuro biara nni hɔ a yɛannye wɔn nsam; nkuro aduosia, Argob asase nyinaa, Og ahennie a ɛwɔ Basan.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Na yɛfaa ne nkuro nyinaa, berɛ no mu; kuro biara nni hɔ a yɛannye wɔn nsam; nkuro aduosia, Argob asase nyinaa, Og ahennie a ɛwɔ Basan.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Saa bere no, yɛfaa ne nkuropɔn nyinaa. Nkuropɔn aduosia no mu baako koraa nni hɔ a yɛannye amfi wɔn nsam. Argob mantam a ɛyɛ Og ahemman wɔ Basan nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Saa ɛberɛ no, yɛfaa wɔn nkuropɔn nyinaa. Nkuropɔn aduosia no mu baako koraa nni hɔ a yɛannye amfiri wɔn nsam. Argob mantam a ɛyɛ Og ahenkuro wɔ Basan nyinaa ka ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Na yɛfaa ne nkurow nyinaa bere no mu; kurow biara nni hɔ a yɛannye wɔn nsam; nkurow aduosia, Argob asase nyinaa, Og ahenni a ɛwɔ Basan.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




5 Mose 3:4
10 Iomraidhean Croise  

Geber ba wɔ Ramot-gilead, (ne deɛ ne Manase ba Yair atenaeɛ a ɛwɔ Gilead no, ne deɛ nso ne Argob asase a ɛwɔ Basan, nkuro akɛseɛ aduosia a ɛho wɔ afasuo ne kɔbere mfrafraeɛ adaban);


Na wɔkunkum no ne ne mma ne ne man nyinaa a obiara antumi anya kwan anwanne, na wɔfaa asase no dii so.


na Gilead nkaeɛ ne Basan nyinaa, Og man a ɛyɛ Argob asase nyinaa, mede maa Manase abusuakuo fa. (Saa Basan no nyinaa na wɔfrɛ no abrane akɛseɛ asase.


Manase ba Yair faa Argob asase no nyinaa a ɛne Basan kɔsii Gesurfoɔ ne Maakatfoɔ hyeɛ so, na ɔde ne din too asase no frɛɛ no Hawot-yair de bɛsi nnɛ da yi.)


Na AWURADE yɛn Nyankopɔn de Basan hene Og nso ne ne man nyinaa hyɛɛ yɛn nsa, na yɛkumm wɔn kɔsii sɛ wɔn mu fua mpo anka amma no.


Yeinom nyinaa yɛ nkuro a ɛho wɔ afasuo atenten, aponkɛseɛ, ne adaban; ɛsono nkuraa a ɛdɔɔso bebree no.


Na wɔfaa n’asase ne Basan hene Og asase, Amorifoɔ ahemfo baanu a wɔtenatenaa Yordan agya, apueeɛ fam no, asase,


ne Basan hene Og a ɔfiri abrane akɛseɛ a aka no mu a ɔtenaa Astarot ne Edrei no asase no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan